Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Ɛyɛ nokware sɛ Yesu bere so no, na nkurɔfo hyɛn atɛntɛbɛn wɔ ayi ase?

Bible ka sɛ nkurɔfo ani gye a, na wotumi hyɛn atɛntɛbɛn. (1 Ahene 1:40; Yesaia 5:12; 30:29) Ɛsan ka sɛ bere bi wɔhyɛnee ntɛntɛbɛn wɔ ayi ase. Saa ayi no ase no, ntɛntɛbɛn nkutoo na wɔkae sɛ wɔhyɛnee. Mateo Asɛmpa no ka sɛ Yudani sodifo bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmmɛsa ne babea a na ɔreyɛ awu yare. Nanso bere a Yesu duu sodifo no fie no, “ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye,” efisɛ na abofra no anya awu.—Mateo 9:18, 23, Akuapem Twi Bible.

So nea Mateo ka faa amanne yi ho no yɛ nokware? Bible asekyerɛfo William Barclay ka sɛ: “Ná atɛntɛbɛn a wɔhyɛn bere a obi awu ne bere a asɛm kɛse bi asi no yɛ amanne a ɛkɔ so paa wɔ tete aman dodow no ara mu. Ɛkɔɔ so wɔ aman bi te sɛ Roma, Hela, Foinike, Asiria ne Palestina nyinaa mu.” Talmud no ka sɛ Yesu bere so no, sɛ Yudani barima a ahia no paa mpo yere wu a, na ɔbɔ paa ma atɛntɛbɛnhyɛnfo baanu ne ɔbea a onim su begyam ne yere a wawu no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no kyerɛwee sɛ bere a wɔde amanneɛbɔ kɔɔ Yerusalem sɛ Romafo adi Galilea kurow Jotapata so nkonim akunkum ɛhɔfo wɔ afe 67 Y.B. no, “ayiasefo no pii bɔɔ paa maa nkurɔfo hyɛn atɛntɛbɛn bere a wɔretwa adwo no.”

Abɔnefo a wokum wɔne Yesu boom no, bɔne bɛn na wɔyɛe?

Bible frɛ saa abɔnefo yi “adwowtwafo.” (Mateo 27:38; Marko 15:27) Bible asekyerɛ nhoma bi ka sɛ ɛsono asɛmfua a Kyerɛwnsɛm no de gyina hɔ ma ɔbɔnefo biara. Hela asɛmfua kleptes kyerɛ ɔkorɔmfo a ɔtetɛw wiawia nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu no. Yuda Iskariot a na owiawia sika a ɛwɔ asuafo no sika adaka mu no, wɔde saa asɛmfua no na ɛkaa ne ho asɛm. (Yohane 12:6) Asɛmfua lestes nso kyerɛ obi a oyi n’anim tow hyɛ nnipa so bɔ korɔn, na ebetumi nso akyerɛ otuatewfo, obi a ɔko tia aban anaa ɔdan ɔman ani. Wɔn a wokum wɔne Yesu boom no ka abɔnefo a wɔfrɛ wɔn lestes no ho. Bible kyerɛ sɛ wɔn mu biako mpo kae sɛ: “Nea yɛyɛe so akatua na yɛn nsa aka yi.” (Luka 23:41) Eyi ma yehu sɛ ebia ɛnyɛ korɔn nko ara ne bɔne a wɔyɛe.

Wɔfrɛɛ Baraba lestes te sɛ saa adwowtwafo baanu no. (Yohane 18:40) Sɛnea Luka 23:19 ma ɛda adi no, na saa Baraba yi nyɛ ɔkorɔmfo kɛkɛ. Ɛhɔ ka sɛ na “wɔde no ato afiase esiane amammɔesɛm bi a esii kurow no mu ne awudi nti.”

Ɛwom sɛ adwowtwa nti na wokum abɔnefo baanu a na wɔka Yesu ho no de, nanso ebetumi aba sɛ na wɔde wɔn ho hyehyɛ amammɔesɛm mu na wokum nnipa mpo. Sɛnea ɛte biara no, Roma Amrado Pontio Pilato hui sɛ wɔfata sɛ wɔbɔ wɔn asɛndua mu kum wɔn.