Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

“Ɔbataa Yehowa Ho”

“Ɔbataa Yehowa Ho”

OBI aka akyerɛ wo pɛn sɛ bata biribi ho anaa? * Ebia awofo ne akyerɛkyerɛfo bɛka akyerɛ wɔn mmofra sɛ wɔmmata wɔn adesua ho anaa wɔmma wɔn ani nku ho. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adesua sɛ ɛho hia. Yɛpɛ sɛ yɛhwɛ obi a Bible ka ne ho asɛm sɛ “ɔbataa Yehowa,” nokware Nyankopɔn no ho. Ne din de Hesekia. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu.

Hesekia ani annye wɔ ne mmofraberem. Ne papa Ahas a na ɔyɛ Yuda hene no twee ne ho fii Yehowa som ho. Ahas dii ɔman no anim ma wɔsom atoro anyame bere a Hesekia yɛ abofra no. Anyɛ yiye koraa no, Ahas kum ne babarima biako—Hesekia ankasa nuabarima—de no bɔɔ afɔre maa onyame bi a na ɔno Ahas som no!

Ahas annyae nneɛma bɔne no yɛ, nanso Hesekia de, ɔkɔɔ so tiee Yehowa. Wususuw sɛ na ɛyɛ den ma Hesekia sɛ ɔbɛyɛ osetie anaa?— Ná ɛbɛyɛ den. Nanso Hesekia abam ammu! Momma yɛnhwɛ nea ɛma otumi bataa Yehowa ho, na yɛnhwɛ sɛ yɛn nso yebetumi ayɛ saa anaa.

Hesekia suaa afoforo a na wɔabata Yehowa ho no ho ade. Dawid yɛ wɔn a wɔbataa Yehowa ho no mu biako. Dawid tenaa ase mfe ɔhaha pii ansa na wɔrewo Hesekia, nanso na Hesekia betumi asua ne ho ade wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Dawid kyerɛwee sɛ: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.”

Wuhu nea ɛboaa Dawid ma otiee Yehowa no?— Ɛyɛ ne gyidi! Ná Dawid wɔ awerɛhyem sɛ, sɛ otie Yehowa a, ɔbɛboa no. Ná Dawid nim paa sɛ Yehowa bɛboa no! Dawid ho a Hesekia dwinnwen no boaa no paa ma otiee Yehowa bataa ne ho. Wo nso, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wutie Yehowa na wobata ne ho a, ɔbɛboa wo.

Nanso sɛ wo papa anaa wo maame nyɛ Yehowa somfo nso ɛ?— Onyankopɔn aka sɛ mmofra ntie wɔn awofo. Enti ɛsɛ sɛ wutie w’awofo. Nanso, sɛ w’awofo ka kyerɛ wo sɛ yɛ biribi a Onyankopɔn aka sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ a, wubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn nea enti a worentumi nyɛ. Ɛnsɛ sɛ wudi atoro, wobɔ korɔn, anaa wutie obiara a ɔka sɛ yɛ biribi a Onyankopɔn aka sɛ enye no. Sɛ wutie Onyankopɔn a, eye paa!

Yɛwɔ nhwɛso abien a yebetumi ahwɛ asua. Ɛnyɛ Dawid nko ara na Hesekia hwɛɛ no suaa no na mmom osuaa bi fii ɔno ara ne nana Yotam hɔ. Hesekia tumi suaa ne ho ade sɛnea ɛnnɛ yetumi sua wɔ yɛn Bible mu no. Wubetumi akyerɛ nnipa foforo a wɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asua?

Ɛyɛ nokware sɛ yebetumi asua Bible ahu mfomso a Hesekia, Dawid, Yotam ne nnipa foforo a wɔnyɛ pɛ dii. Nanso na saa nnipa yi dɔ Yehowa, wogyee wɔn mfomso toom na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ade pa. Kae sɛ Onyankopɔn Ba no, Yesu nkutoo na ɔyɛ pɛ. Ɔno paa na ɛsɛ sɛ yesua ne ho ade na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi ne nhwɛso akyi.

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.