Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aztecfo A Wɔwɔ Hɔ Nnɛ Abɛyɛ Nokware Kristofo

Aztecfo A Wɔwɔ Hɔ Nnɛ Abɛyɛ Nokware Kristofo

Aztecfo A Wɔwɔ Hɔ Nnɛ Abɛyɛ Nokware Kristofo

“Asɔredan no bubu yɛɛ mfutuma ne nsõ, wɔsɛee ahoni no, na ogya hyew nhoma kronkron no nso, nanso tete anyame no amfi Indiafo no komam.”—Las antiguas culturas mexicanas (Tete Mexicofo Amammerɛ).

BƐYƐ mfe 700 ni no, na Aztecfo a ɛnnɛ wɔwɔ Mexico no yɛ abusua ketewaa bi a wotu fii baabi bɛtenaa hɔ; akyiri yi na wɔbɛyɛɛ ahemman kɛse te sɛ Inkafo ahemman a ɛwɔ Peru no. Ɛwom sɛ Spainfo ko faa Aztecfo ahenkurow Tenochtitlán afe 1521 mu de guu Aztec ahemman no de, nanso Aztecfo kasa Nahuatl no anyera. * Nnipa bɛyɛ ɔpepem biako ne fã a wɔyɛ Aztecfo da so ka kasa no wɔ amantam bɛyɛ 15 mu wɔ Mexico. Sɛnea nhwehwɛmufo Walter Krickeberg aka no, kasa no ka ho bi na tete Aztecfo gyidi da so wɔ hɔ nnɛ. Nneɛma a na wogye di no bi ne dɛn?

Amammerɛ Soronko no Bi Wɔ Hɔ Nnɛ

Ɛbɛyɛ sɛ Aztecfo amammerɛ a nkurɔfo nim no yiye paa ne nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre. Ná wɔwɔ gyidi bi sɛ, sɛ wɔamfa nnipa koma ne mogya amma owia a, owia no bewu. Spain sɔfo Diego Durán kyerɛ sɛ afe 1487 mu, bere a wɔrebue Tenochtitlán asɔredan kɛse no ano no, wɔde nnanan kunkum nnipa bɛboro 80,000 bɔɔ afɔre.

Ɛwom sɛ bere a Spainfo hui sɛ wɔyɛ saa no, wɔn ho dwiriw wɔn paa de, nanso wohui sɛ Spain Katolek Asɔre no gyidi pii te sɛ Aztecfo de no. Nhwɛso no bi ne sɛ, na Aztecfo wɔ adidi bi, na saa adidi no ase no, na wɔde aburow yɛ wɔn anyame nsɛso di. Ɛtɔ da a, na wɔwe nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre no nso nam wɔ adidi no ase. Ná Aztecfo no nso de mmeamudua di dwuma na wɔkɔ bɔneka, na na wɔbɔ mmofra asu. Ade biako a na ehyia paa a ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na Aztecfo som ɔbaabun Tonantzin a na ɔyɛ “Anyame Maame,” na na Aztecfo no taa de anigye frɛ no Yɛn Maame Kumaa.

Ná Aztecfo no som Tonantzin wɔ koko bi so, na wɔkyerɛ sɛ ɛhɔ ara nso na Katolekfo Guadalupe Baabun a ɔka Nahuatl kasa no yii ne ho adi kyerɛɛ Aztec Indiani bi wɔ afe 1531 mu. Ɛno na ɛmaa Aztecfo pii bɛyɛɛ Katolekfo ntɛmntɛm no. Wosii abosonnan maa saa ɔbaabun yi wɔ Tonantzin asɔredan no fapem so. Edu December da a ɛto so 12 a, Mexicofo nyamesomfo mpempem pii a wɔn mu pii ka Nahuatl kasa kɔhwɛ asɔredan no.

Nahuatlfo no de nna anaa adapɛn pii di afahyɛ ahorow ma wɔn ahotefo a wobu wɔn paa no wɔ nkurow a ɛwɔ mmepɔw mu no mu. Nhoma bi a wɔfrɛ no El universo de los aztecas (Aztecfo Wiase) ka sɛ na Aztecfo “bu afahyɛ a na wodi ansa na Cortés reba no sɛ ɛte sɛ Katolekfo Asɔre ahotefosom no.” Afei nso na Nahuatlfo no ani gye ahonhonsɛm ho. Sɛ wɔyare a, wɔkɔhwehwɛ ayaresa fi adunsifo hɔ ma wɔyɛ ahodwira amanne na wɔde mmoa bɔ afɔre. Bio nso, na nnipa no bebree nnim nhoma na wɔn mu dodow no ara ntumi nkenkan Spanish anaa Nahuatl kasa. Esiane sɛ na ahia wɔn paa na wɔn atetesɛm adidi wɔn mu nti na nkurɔfo bu wɔn animtiaa.

Wɔreka Bible mu Nokware Kyerɛ Aztecfo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ

Mfe pii ni a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico no abɔ mmɔden aka “ahenni ho asɛmpa” no akyerɛ nnipa nyinaa. (Mateo 24:14) Afe 2000 mu no, Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Mexico no yɛɛ nhyehyɛe bi sɛ wɔde Nahuatl kasa bɛka asɛm no akyerɛ Nahuatlfo na wɔatew asafo ama Nahuatlfo a wɔkɔ asafo nhyiam wɔ Spanish kasa mu no. Woyii anuanom bi sɛ wɔnkyerɛ Bible ho nhoma ahorow ase nkɔ Nahuatl kasa mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe nso kyerɛɛ nkurɔfo a wɔka Nahuatl kasa no akenkan ne akyerɛw wɔ saa kasa no mu. Dɛn na afi mu aba? Momma yɛnhwɛ osuahu ahorow yi.

Bere a ɔbea bi tiee Bible mu ɔkasa bi wɔ Nahuatl kasa mu bere a edi kan no, ɔkae sɛ: “Yɛakɔ asafo nhyiam wɔ Spanish kasa mu mfe du, na yɛkɔ ba biara a, egyaw yɛn atipae kakra, efisɛ yɛnte kasa no yiye. Nanso seesei de nneɛma asesa koraa!” Ná Juan a wadi mfe 60 no resua Bible, na na ɔne ne yere ne ne mma akɔ asafo nhyiam wɔ Spanish kasa mu mfe 8 a wonnyaa nkɔanim biara. Afei wɔne no fii ase suaa Bible wɔ Nahuatl kasa mu, na anni afe koraa na ɔbɔɔ asu sɛ Ɔdansefo!

Osuahu ahorow yi nyinaa kyerɛ sɛ nnipa bebree na wɔne wɔn fii Bible adesua ase wɔ Spanish kasa mu, nanso na wɔnhyɛ da nte ase. Asafo nhyiam ne nhyiam akɛse a wɔyɛ wɔ wɔn ankasa kasa mu ne nhoma ahorow a wotintim wɔ wɔn kasa mu no aboa wɔn ma wɔagye Bible mu nokware no atom na wɔahu wɔn asɛde yiye sɛ Kristofo.

Ɔkwan a Wɔafa so Adi Akwanside So

Nkɔso a Nahuatlfo anya sɛ Kristofo no amma kwa, na na ehia sɛ wodi akwanside pii so. Emu biako ne sɛ na wɔhyɛ nkurɔfo ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom mu afahyɛ ahorow mu. Ná wɔmpene so mma Yehowa Adansefo nkɔ afie afie asɛnka wɔ San Agustín Oapan kurow no mu. Ná wosuro sɛ nkurɔfo begyae sika a wotua de boa afahyɛ ahorow no. Bere bi, na Florencio ne Nahuatl Adansefo kakra reka asɛm no wɔ kurow no mu na wɔkyeree wɔn mu baasa. Bɛyɛ simma 20 ntam no, nkurɔfokuw bi hyiae sɛ wɔretu agyina ahwɛ ɔkwan a wɔde wɔn bɛfa so.

Florencio ka sɛ “Ná wɔpɛ sɛ wokunkum yɛn wɔ hɔ ara. Ebinom kae sɛ anka wɔnkyekyere yɛn nto yɛn ngu asubɔnten no mu! Wɔde yɛn guu afiase maa ade kyee. Ade kyee no, Ɔdansefo bi a ɔyɛ mmaranimfo ne anuanom baanu bae sɛ wɔrebɛboa yɛn. Wɔde wɔn nso guu afiase. Eduu baabi no, wɔkae sɛ, sɛ yebefi kurow no mu de a, ɛnde wobegyaa yɛn.” Nea ɛtoo yɛn nyinaa akyi no, wɔtew asafo wɔ hɔ a na adawurubɔfo 17 a wɔabɔ asu wɔ mu, na na nnipa bɛyɛ 50 na wɔkɔ asafo nhyiam.

Nahuatlfo kurow Coapala a ɛwɔ Alberto no, wɔka kyerɛɛ Yehowa Ɔdansefo bi sɛ ommedi afahyɛ bi. Wampene so, enti wɔde no too afiase. Wɔbɔɔ no ho gua kɛse, na ebinom kae sɛ wɔnsɛn no mfa nyɛ sɛnnahɔ mma obiara a ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɔ ne som no na ɔto amammerɛ kyene no. Adansefo foforo yɛe sɛ wɔbɛma wɔagyaa no, nanso wɔkyeree wɔn nso kaa ho. Wodii nnawɔtwe afahyɛ no wiei ansa na wɔregyaa wɔn nyinaa. Bere a ɔtaa no kɔɔ so no, ebehiae sɛ woguan toa aban mpanyimfo, na wonyaa tumi krataa a ɛmaa ɔtaa no gyaee. Anigyesɛm ne sɛ, ankyɛ pii na nea odii mu akoten taa anuanom no begyee Bible mu nokware toom ma wɔbɔɔ no asu. Seesei asafo wɔ saa kurow no mu.

Ahoa sɛ Wotwa

Esiane sɛ Adansefo no pii hu sɛ Nahuatlfo pii betumi abegye nokware no nti, wɔresua Nahuatl kasa no. Nanso ɛwɔ ne haw. Nahuatlfo yɛ nnipa bi a wɔfɛre ade paa, na esiane nea nnipa binom de ayɛ wɔn nti wɔmpɛ sɛ wɔka wɔn kasa no mpo. Afei nso Nahuatl kasa no gu ahorow.

Sonia a ɔyɛ bere nyinaa somfo no kyerɛkyerɛ mu ma yehu nea enti a ɔhaw no nyinaa akyi no, osuaa kasa no. Ɔkae sɛ: “Nahuatl adwumayɛfo bɛyɛ 6,000 atu bata abɛtena baabi a ɛbɛn me fie. Wɔtete adangow mu, na wɔama awɛmfo hwɛ wɔn so. Nkurɔfo no asɛm yɛ mmɔbɔ, na nnipa mmu wɔn. Ná tebea a wɔwom no yɛ awerɛhow efisɛ bere bi, na Nahuatlfo no wɔ so paa, na nneɛma pii a yɛyɛ no nnɛ no fi wɔn hɔ. Yɛde Spanish kasa dii wɔn adanse mfe 20, nanso na wɔnte ase papa, enti na wonni anigye pii wɔ asɛm no ho. Nanso bere a misuaa wɔn kasa no kakraa bi no, ɛma minyaa hokwan ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Wobetwaa me ho hyiae na wotiee me. Meka kyerɛɛ ɔbea biako sɛ, sɛ ɔkyerɛ me Nahuatl kasa a, me nso mɛkyerɛ no akenkan ne akyerɛw. Seesei mekɔ wɔn adangow no mu a, edin a wɔde frɛ me ne ‘maame a ɔka kasa no bi no.’ Mete nka sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ m’ankasa me man mu.” Ɛnnɛ, asafo a wɔka Nahuatl kasa wɔ saa mpɔtam hɔ.

Bere nyinaa somfo foforo bi a wɔfrɛ no Maricela nso ayere ne ho denneennen resua Nahuatl kasa no. Ahyɛase no, na ɔne papa bi a wadi mfe 70 a wɔfrɛ no Félix sua Bible wɔ Spanish kasa mu. Bere a Maricela suaa Nahuatl kasa no, ofii ase de kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ papa no. Ɛmaa papa no ani gyei yiye. Afei obisaa asɛm bi ma ɛkaa Maricela koma paa. Obisae sɛ: “Enti sɛ mekasa kyerɛ Yehowa wɔ Nahuatl kasa mu a, ɔbɛte?” Bere a Félix tee sɛ Yehowa te kasa biara no, n’ani gyei yiye. Félix de dɔnhwerew biako ne fã na ɛnantew kɔ asafo nhyiam, nanso ɔkɔ daa, na seesei mpo wabɔ asu. Maricela ka sɛ, “M’ani agye paa sɛ me ne ɔbɔfo a ɔka asɛmpa kyerɛ nnipa a wofi mmaa nyinaa no reyɛ adwuma!”—Adiyisɛm 14:6, 7.

Nahuatl asasesin no “ahoa sɛ wotwa.” (Yohane 4:35) Yɛsrɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔnkɔ so mfrɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu mmra ne bepɔw so na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn n’akwan, na yɛhwɛ kwan sɛ Aztecfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔsom bo no nso bɛka ho.—Yesaia 2:2, 3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Nahuatl yɛ Aztecfo kasa, na ɛyɛ kasa ahorow ahorow a Hopifo, Shoshonefo, ne Comanchefo a wɔwɔ North America no ka no biako. Nahuatl kasa mu nsɛmfua bi te sɛ avocado, chocolate, coyote, ne tomato awiawia ne ho aba Borɔfo kasa mu.

[Asase mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MEXICO CITY

AZTECFO A WƆWƆ MANTAM BIARA MU

150,000

WONNU 1,000