Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Baasakoro Yɛ Bible Nkyerɛkyerɛ Anaa?

Baasakoro Yɛ Bible Nkyerɛkyerɛ Anaa?

▪ Akwan pii na wɔfa so kyerɛkyerɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu, na biako ni: “Anyame baasa na wɔwɔ hɔ (Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron), na wɔkyerɛ sɛ wɔn mu biara te hɔ daa, wɔn mu biara yɛ ade nyinaa so tumfoɔ, obiara nyɛ kɛse nsen ne yɔnko, obiara nyɛ kumaa nsen ne yɔnko, wɔn mu biara yɛ Onyankopɔn, nanso wɔka bom yɛ Onyankopɔn biako.” Eyi yɛ Bible nkyerɛkyerɛ anaa?

Nkurɔfo taa de Mateo 28:19 kyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ no fi Bible mu. Sɛnea asɛm no pue wɔ King James Version Bible mu no, Yesu kae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu.” Ampa, wɔbɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no nyinaa din wɔ asɛm yi mu. Nanso biribiara nni asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ biako. Saa bere no, na Yesu de adwuma rema n’akyidifo a wɔyɛ Yudafo no sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nnipa no na wɔmmɔ wɔn asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu. Ná Yuda man no nyinaa gyidi ne dɛn?

Bere a Israelfo nsa kaa Mmara apam a ɛwɔ Bible mu no, mmara no hyɛɛ wɔn sɛ: “Nnya anyame foforo biara wɔ m’ani so.” (Deuteronomium 5:7) Nnipa dodow ahe na na wɔrekasa wɔ ha? Deuteronomium 6:4 ma asɛm no mu da hɔ pefee. Ɛkenkan sɛ: “Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro”—ɛnka sɛ wɔyɛ baasakoro. Saa bere no, na wogyee Israel fii Egypt nkyɛe. Kae sɛ na Egyptfo som baasakoro anyame pii a ebi ne Osiris, Isis, ne Horus (a wɔn mfonini wɔ bekum so no). Enti mmara no hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔnsom Onyankopɔn biako pɛ. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔman no te ahyɛde a wɔde maa wɔn no ase yiye? Rabi bi a wɔfrɛ no Ɔbenfo J. H. Hertz kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná Onyankopɔn biako pɛ ho asɛm a wɔka no pefee yi yɛ ko a wɔko tia anyame dodow som nyinaa . . . Saa ara na Shema no mmɔ Kristofo baasakoro nkyerɛkyerɛ no so efisɛ etia nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ Biako no.” *

Esiane sɛ wɔwoo Yesu sɛ Yudani nti, wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ ɔno nso nni saa ahyɛde no so bi. Bere a wɔbɔɔ no asu wiei a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe no, ɔkae sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mateo 4:10; Deuteronomium 6:13) Anyɛ hwee koraa no, nneɛma abien na yebetumi asua afi saa asɛm no mu. Nea edi kan, na Satan pɛ sɛ ɔdaadaa Yesu ma ofi Yehowa akyi kɔsom obi foforo, na sɛ Yesu nso yɛ Onyankopɔn no bi a, anka ntease biara nnim sɛ Ɔbonsam bɛyɛ saa. Nea ɛto so abien, Yesu maa emu daa hɔ sɛ Onyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛsom no, efisɛ ɔkae sɛ “ɔno nkutoo” na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Sɛ ɔka Baasakoro bi ho a, anka ɔbɛka sɛ “yɛn.”

Sɛ nnipa nya Onyankopɔn ho nimdeɛ a edi mu na wɔpɛ sɛ wɔsom no a, wɔbɔ wɔn asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mateo 28:19) Wogye Yehowa tumidi ne dwuma a Yesu Kristo di wɔ Yehowa atirimpɔw mu no tom na wonya mu ntease. (Dwom 83:18; Mateo 28:18) Afei nso wɔte Onyankopɔn honhom kronkron a ɛyɛ n’adeyɛ tumi no dwumadi ase.—Genesis 1:2; Galatifo 5:22, 23; 2 Petro 1:21.

Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ama nnipa adwene atu afra mfe ɔhaha pii ni. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no, na ɔkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ “nokware Nyankopɔn koro pɛ,” Yehowa, nkyɛn.—Yohane 17:3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Shema mpaebɔ a egyina Deuteronomium 6:4 so no kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ biako, na na ɛho hia paa wɔ hyiadan mu som mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

Musée du Louvre, Paris