Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔla ne Ntama Ahorow a na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Bible Mmere Mu

Kɔla ne Ntama Ahorow a na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Bible Mmere Mu

Kɔla ne Ntama Ahorow a na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Bible Mmere Mu

YƐHWƐ Bible mu a, yehu nneɛma a na wɔde pam ntade, sɛnea wɔpam no ne kɔla ahorow a na tetefo de di dwuma no ho nsɛm pii.

Ɛwom, wɔankyerɛw Bible sɛ ɛnka ntadehyɛ ne ahosiesie ho asɛm. Nanso, sɛnea Bible bobɔ nneɛma pɔtee bi din no ma sɛ obi kenkan a, otumi twa ho mfonini wɔ n’adwenem.

Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka Adam ne Hawa ho asɛm sɛ wɔde bobe nhaban yɛɛ ntade sin bi kataa wɔn adagyaw so. Nanso akyiri yi Onyankopɔn de “aboa nhoma yɛɛ atade tenten bi” a na ɛbɛkyɛ maa wɔn.—Genesis 3:7, 21.

Yɛkɔ Exodus ti 28 ne 39 nso a, yehu ntade a na Israel sɔfopanyin hyɛ no ho nsɛm pii. Ebi ne nwera twakoto, atade tenten fitaa, abomu a wɔanwene, nsasin bruu, asɔfotade a wɔanwene ne nkatabo ne abotiten ne sika kɔkɔɔ tratra no. Sɛ yɛkenkan nneɛma a wɔkeka boom de yɛɛ ntade no ho asɛm a, yetumi hu sɛ na ɛbɛyɛ fɛ paa.—Exodus 39:1-5, 22-29.

Ná odiyifo Elia wɔ atade pɔtee bi a ɔhyɛ a sɛ obi ka n’atade no ho asɛm kyerɛ onipa foforo a otumi hu sɛ ɛyɛ Elia: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a wɔde aboa nhwi ayɛ, na ɔde aboa nhoma abɔso abɔ n’asen.” Mfe ɔhaha pii akyi no, nnipa bi susuw sɛ Yohane Osuboni yɛ Elia. Nea ɛma wosusuw saa no bi ne sɛ na wɔn ntade sɛ.—2 Ahene 1:8; Mateo 3:4; Yohane 1:21.

Ntama ne Kɔla Ahorow Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ nneɛma a na wɔde yɛ ntama, kɔla ahorow ne nneɛma a na wɔde hyɛ no aduru, asaawatow, ntamanwene ne adepam. * Ntama a wɔahyɛ da abɔ din wɔ Bible mu ne nea wɔde afieboa nhwi ayɛ ne nwera a wonya fi siwabiri mu. Ná wɔfrɛ Habel sɛ “oguanhwɛfo.” (Genesis 4:2) Bible nka sɛ ebia nguan no nhwi nti na Habel yɛn wɔn. Bere a edi kan a Bible kaa nwera pa ho asɛm ne bere a Farao de bi hyɛɛ Yosef bɛyɛ mfe 3,800 ni no. (Genesis 41:42) Bible nka biribiara sɛ Yudafo no de asaawa yɛɛ ntade nanso na wɔde yɛ ntade wɔ Mediterranea Apuei aman bi so.

Sɛnea siwabiri ne mmoa nhwi te nti, na wotumi nwene de yɛ nhama nketewa ne akɛse. Ná wɔde nhama no nwene ntama. Ná wotumi hyɛ nhama ne ntama a wɔanwene no aduru ma wonya kɔla ahorow pii. Wowie a, wotwitwa ma ɛne nea ɔbɛhyɛ no ho yɛ pɛ. Ntade a na wɔhyɛ no, na wotumi de nhama kɔla ahorow bebree nwene mu ma ɛyɛ fɛ na enya bo nso.—Atemmufo 5:30.

Nnuru a Bible ka sɛ na wɔtaa de hyɛ ntama no bi kɔla yɛ bruu, kɔkɔɔ, ne nea ɛbere dum. Wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ “wɔmfa ahama bruu nto [ntade ano] mmɛsã no ano” na akae wɔn sɛ wɔne wɔn Nyankopɔn, Yehowa wɔ ayɔnkofa soronko bi. (Numeri 15:38-40) Hebri nsɛmfua tekheʹleth a ɛyɛ bruu ne ’ar·ga·manʹ, a yɛtaa kyerɛ ase “tankɔkɔɔ” no yɛ kɔla ahorow a na ɛwɔ ɔsɔfopanyin atade mu ne nneɛma foforo a wɔde siesiee ntamadan no ne asɔrefie hɔ no mu.

Nneɛma a Wɔde Siesiee Ntamadan no ne Asɔrefie Hɔ Ntamadan a na ɛwɔ sare so ne Yerusalem asɔrefie a akyiri yi wosii no, ɛhɔ na na Israelfo nyinaa kɔsom. Enti ntease wom sɛ Bible ka nneɛma nketenkete bebree a wɔde yɛɛ ntamadan no ne Solomon asɔrefie no ho adwuma de siesiee mu. Ɛnyɛ ntama ne kɔla nko na Bible ka ho asɛm; ɛka nsɛm pii nso ma yehu sɛnea wɔnwenee ntamadan no nkataso ne ntwamutam no ne sɛnea wɔhyɛɛ no aduru, sɛnea wɔpamee ne sɛnea wɔnwenee mu nso.

Onyankopɔn de akwankyerɛ ne mmoa maa adwumfo Besalel ne Oholiab ne mmarima ne mmea foforo ma wɔyɛɛ adwuma soronko a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no pɛpɛɛpɛ, na wosii ntamadan a ɛfata Yehowa som. (Exodus 35:30-35) Sɛ yɛhwɛ Exodus ti 26 a, ɛbobɔ nneɛma a wɔde yɛɛ ntamadan no nyinaa din mmiako mmiako. Ɛho nhwɛso biako ne sɛ, ɛka sɛ ntamadan no ho ntama kɛse a wɔde kɔla ahorow ayɛ no, wɔde “nwera a wɔanwene ne ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan” na ɛyɛe. Ebetumi aba sɛ nneɛma a wɔde yɛe no fã kɛse no ara, Israelfo fi Egypt reba no na wɔde bae. Ntwamutam a na etwa “Kronkronbea no ne Kronkron mu Kronkronbea no mu” no, wɔde ntoboase yɛɛ no kɔla ahorow bebree na wɔmaa emu yɛɛ duru na wɔnwenee kerubim wɔ mu. (Exodus 26:1, 31-33) Ntama a wɔde siesiee Yerusalem asɔrefie a Ɔhene Solomon sii no, wɔn a wɔyɛɛ ho adwuma no nso nyaa akwankyerɛ a ɛtete saa.—2 Beresosɛm 2:1, 7.

Sɛ yɛhwɛ nsɛm a ɛwɔ Bible mu no a, yehu sɛ tete Hebrifo no de wɔn nyansa yɛɛ adwuma paa de nneɛma a ɛwɔ hɔ no dii dwuma yiye. Ɛma yehu sɛ wɔnyɛ nnipa a na wɔhyɛ ntade bisii a ɛnyɛ fɛ na mmom wɔyɛ nnipa a wɔhyɛ ntade ahorow ahorow a ɛyɛ fɛ. Ná wɔwɔ ntade a wɔhyɛ kɔ baabiara, na abusua biara wɔ ne so ne ne de.

Bible ka sɛ wɔmaa Israelfo no asase pa a “nufusu ne ɛwo sen wɔ so” tenaa so. (Exodus 3:8; Deuteronomium 26:9, 15) Bere a wɔsom Yehowa nokwarem no, ohyiraa wɔn. Asetena kɔɔ yiye maa wɔn na ɔmanfo no ani gyei. Emu biako ne sɛ, Bible ka sɛ: “Solomon nna nyinaa mu no, Yuda ne Israel tenaa hɔ dwoodwoo, obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase, efi Dan kosi Beer-Seba.”—1 Ahene 4:25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ saa nneɛma yi ho nsɛm pii a, hwɛ nnaka a ɛwɔ asɛm yi mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Aboa Nhwi ne Nwera

Israelfo bere so no, na ade titiriw a ɛma wɔyɛn nguan ne sɛ wɔbɛtwe wɔn nufusu na wɔatwitwa wɔn ho nhwi. Sɛ okuafo bi wɔ nguan kakraa bi a, na obetumi anya nguan nhwi a obetumi de ayɛ ntade ama n’abusua mufo. Ná okuafo a ɔwɔ nguan bebree no betumi anya nguan nhwi no bi atɔn ama wɔn a wɔyɛ ntama tɔn no. Ná nkurow ne nkuraase no bi wɔ ntamayɛfo kuw. Ansa na Israelfo bere no reba no, na nnwuma a nkurɔfo yɛ no afe afe no bi ne sɛ wobetwitwa nguan ho.—Genesis 31:19; 38:13; 1 Samuel 25:4, 11.

Ná wɔde siwabiri na ɛyɛ nwera, na na nkurɔfo taa de pam ntade. (Exodus 9:31) Ná wɔmma siwabiri no nguan ansa na wɔatwa. Sɛ wotwa a, wɔhata wɔ awia mu ma ɛwo na afei wɔde gu nsu mu ma ne nnua no yɛ mmerɛw. Sɛ ɛwo a, na wɔboro yiyi nhama nhama no de yɛ nhama a wɔde bɛnwene ntama. Ná adehye ne atumfoɔ no ani gye ntade a wɔde nwera ayɛ ho.

[Mfonini]

Siwabiri a awo a nsu nnya nkae

[Kratafa 27 adaka/mfonini]

Asaawatow

Sɛ yeyi hama biako pɛ fi siwabiri, oguan nhwi, abirekyi nhwi ne baabi foforo biara a, yɛrentumi mfa nyɛ hwee efisɛ enni ahoɔden na ɛyɛ tia dodo. Enti wɔka nhama nhama pii bom tow kosi sɛ wobenya hama a ɛyɛ den na ɛware sɛnea ɛsɛ. Bible ka “ɔyere pa” ho asɛm sɛ: “Ɔde ne nsa so asaawa donno mu, na ɔde ne nsa so akurokurowa mu.” (Mmebusɛm 31:10, 19) Saa asɛm no ma yehu sɛnea na wɔde nnua nketewa abien a wɔfrɛ no donno ne akurokurowa tow asaawa.

Ɔbea a ɔretow asaawa no de nhama nhama no kyekyere donno no ho na ɔde ne nsa biako kura mu. Afei ɔde ne nsa biako no twetwe nhama nhama no kyinkyim no ma ɛyɛ hama biako, na ɔde hama no so akurokurowa no fã biako. Wɔde dade kurukuruwa bi a emu yɛ duru ahyɛ akurokurowa no fã a aka no so, na ama akurokurowa no atumi akɔ so atwa ne ho. Oso akurokurowa no mu ma egyina ntenten. Okyinkyim nhama nhama no ma ɛyɛ hama a emu yɛ duru sɛnea ɔpɛ. Afei ɔde hama no kyekyere akurokurowa no mfinimfini, na ɔkɔ so yɛ no saa ara kosi sɛ nhama nhama a ɛwɔ donno no ho nyinaa bɛdan hama tenten biako a wobetumi ahyɛ no aduru anaa wobetumi de anwene ntama.

[Kratafa 28 adaka/mfonini]

Ntama a Wɔhyɛ No Aduru

Wɔde aboa nhwi ne siwabiri no yɛ nhama no wie, anaa wɔnwene ntama wie a, wɔde kɔla ahorow hyɛ no aduru; wɔhoro ansa na wɔahyɛ no aduru. Sɛ wɔpɛ sɛ edi a, wɔde hyɛ aduru no mu mpɛn pii. Aduru no bo yɛ den, enti sɛ woyi ntama anaa nhama no fi aduru no mu a, wokyi mu de hyɛ ntama foforo. Afei wɔhata wɔ awia mu ma ɛwo.

Ná tetefo no ntumi nyɛ nnuru a yɛde hyɛ nneɛma nnɛ no bi, enti wɔde nneɛma bi a wonya fii mmoa ne nnua mu yɛɛ kɔla ahorow pii a ɛyɛ fɛ de hyɛɛ ntama aduru. Sɛ nhwɛso no, na wɔde ɔsonkoran nhaban ne granate dua abona yɛ kɔla a ani yɛ akokɔsrade. Ná wɔde granate dua abona nso yɛ kɔla tuntum, na na wɔde ogyama nhini anaa akoekoeboa bi a wɔfrɛ no kermes yɛ kɔla kɔkɔɔ. Wonyaa kɔla bruu nso fii nhwiren bi mu. Ná wonya kɔla ahorow pii fi ɛpo mu nwaw mu; wɔde saa kɔla no bi frafra a, na wotumi nya kɔla ahorow ahorow pii, efi afasebiri so kosi bruu so kosi nea ɛbere dum so.

Ɛpo mu nwaw dodow ahe na na wohia na wɔatumi ahyɛ atade biako aduru? Wɔkyerɛ sɛ aduru a wɔde hyɛ ntama no, kakraa bi na ɛwɔ nwaw yi biako mu, na nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ gye sɛ wunya mmoa no bɛyɛ 10,000 ansa na woanya aduru a wubetumi de ahyɛ adehye atade anaa nguguso biako a ne kɔla yɛ afasebiri. Bere a na Ɔhene Nabonido di hene wɔ Babilon no, sika a wode bɛtɔ mmoa nhwi a wɔde kɔla foforo ahyɛ no, gye sɛ wode bɔ ho 40 ansa na woatumi atɔ mmoa nhwi a wɔde afasebiri ahyɛ no aduru. Ná tete Tirofo agye din sɛ wɔn na wɔtɔn afasebiri aduru a ne bo yɛ den, enti wɔbɛfrɛɛ saa kɔla no Tiro afasebiri.

[Mfonini]

Ɛpo mu nwanwene

Amoa bi a na wɔhyɛ ntade aduru wom wɔ Tel Dor, Israel, bɛboro mfe 2,000 ni na wɔyɛe

[Asɛm Fibea]

The Tel Dor Project

[Kratafa 29 adaka/mfonini]

Ntamanwene

Nsadua mu na wɔnwene nhama ma ɛyɛ ntama, na na wotumi de ntama no pam ntade ne nneɛma afoforo. Nhama no bi wɔ hɔ a, wɔtwe mu tenteenten, na wɔfrɛ no nsa. Wɔnwene nea wɔfrɛ no mfa no nso fa nsa no soro ne ne fam.

Nsadua a na ɛwɔ hɔ wɔ Israelfo bere so no, ebi wɔ hɔ a na wɔde to fam, na ebi nso wɔ hɔ a wɔde si hɔ. Nea na wɔde si hɔ no bi wɔ hɔ a, na wɔde nneɛma a emu yɛ duru gu nsa no anafo. Wɔahu nneɛma a emu yɛ duru yi bi wɔ Israel mmeae pii.

Ná ntamanwene yɛ fie adwuma, nanso mmeae bi de, na nnipa a wɔtete nkuraase no nyinaa ka bom yɛ adwuma yi. Sɛ yɛhwɛ 1 Beresosɛm 4:21 a, yehu sɛ wɔka “ntamanwemfo mmusua” ho asɛm wɔ hɔ; ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nnipa bi a wɔaka wɔn ho abom reyɛ ntamanwene adwuma.

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

“Ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan.”—Exodus 26:1