Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mama Wɔahu Wo Din”

“Mama Wɔahu Wo Din”

“Mama Wɔahu Wo Din”

“Mada wo din adi akyerɛ nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no. . . . Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu.”—YOHANE 17:6, 26.

Nea Ɛkyerɛ: Yesu de Onyankopɔn din yɛɛ adwuma wɔ n’asɛnka adwuma no mu na ɔnam so maa nnipa huu edin no. Ná Yesu taa kenkan nsɛm fi Kyerɛwnsɛm no mu, na sɛ ɔkenkan a, ɛnyɛ dɛn ara a, ɔbɛbɔ Onyankopɔn din no. (Luka 4:16-21) Ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Agya, ma wo din ho ntew.”—Luka 11:2.

Sɛnea Tete Kristofo De Yɛɛ Adwuma: Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yerusalem mpanyimfo sɛ Onyankopɔn hwɛɛ amanaman no mu yii “nnipa bi fii wɔn mu maa ne din.” (Asomafo Nnwuma 15:14) Asomafo no ne ebinom nso kyerɛkyerɛe sɛ “obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” (Asomafo Nnwuma 2:21; Romafo 10:13) Afei nso wɔkyerɛw Onyankopɔn din no wɔ nhoma a wɔkyerɛwee no mu. Yudafo mmara nhoma bi a wɔfrɛ no The Tosefta a wɔkyerɛw wiee bɛyɛ afe 300 Y.B. no kaa Kristofo nhoma a na atamfo hyew no no ho asɛm sɛ: “Wɔhyew Asɛmpakafo no ne minimfo [a na wosusuw sɛ ɛyɛ Yudafo Kristofo] no nhoma no; . . . wɔde guu gya mu ma ɛne Din Kronkron a ɛwom no nyinaa hyew dwerɛbee.”

Ɛhefo na Wodi Nhwɛso Yi Akyi Nnɛ? Kristo Asɔre Ahorow Ɔman Bagua a ɛwɔ Amerika no na wɔma wɔyɛɛ Revised Standard Version Bible no, na ɛka wɔ nnianim asɛm no mu sɛ: “Sɛnea na nkurɔfo de din pa frɛ Onyankopɔn koro pɛ no ma ɛyɛɛ te sɛ nea na anyame afoforo ka ne ho a enti ɛsɛ sɛ wɔma nsonsonoe da wɔne Onyankopɔn ntam, enti wogyaee din no bɔ wɔ Yudasom mu ansa na Kristosom refi ase; ɛne Kristofo Asɔre ahorow nyinaa gyidi nhyia.” Enti wɔde abodin “AWURADE” no sii Onyankopɔn din anan. Nnansa yi ara, Katolek asɔre no ti a ɛwɔ Vatican no de akwankyerɛ kɔmaa n’asɔfo a wɔdeda Katolek asɔre ahorow ano no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din tetragrammaton a ɛne YHWH * no anaasɛ wɔde di dwuma wɔ mpaebɔ anaa nnwonto mu.”

Ɛhefo na wɔbɔ Onyankopɔn din no na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo? Bere a Sergey yɛ abofra a na ɔte Kyrgyzstan no, ɔhwɛɛ sini bi a ɛkae sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Mfe du twaam a wante sɛ obiara rebɔ din no. Akyiri yi a Sergey tu kɔtenaa United States no, Yehowa Adansefo baanu kɔɔ ne nkyɛn wɔ ne fie kɔkyerɛɛ no baabi a Onyankopɔn din wɔ wɔ Bible mu. Ɛyɛɛ Sergey anigye paa sɛ ohui sɛ kuw bi wɔ hɔ a, wɔbɔ edin Yehowa no. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi (Webster’s Third New International Dictionary) kyerɛ “Yehowa Nyankopɔn” ase sɛ “onyame pumpuni a ɔno nkutoo na Yehowa Adansefo gye no tom na wɔsom no.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔkyerɛw Onyankopɔn din no wɔ Twi mu sɛ “Yehowa.”