Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛm Mu?

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛm Mu?

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛm Mu?

Barbara * mmofrase pɛɛ no, na ohu nneɛma wɔ n’ani so, na ɔte nne ahorow, enti onyaa adwene sɛ n’abusuafo a wɔawuwu na wɔne no redi nkitaho. Ɔne ne kunu Joachim kenkan asumansɛm nhoma ahorow, na eduu baabi no, na wɔaben wɔ adebisa sopaa a wɔhwɛ so ka daakye asɛm mu. Ɛkyerɛɛ wɔn sɛ wobenya sika, na wɔyɛɛ adwuma nyaa sika nso. Da koro bi de, sopaa no kyerɛɛ wɔn sɛ nnipabɔnefo bi bɛba wɔn fie, na ɛkyerɛɛ wɔn nea wɔbɛyɛ de abɔ wɔn ho ban.

ƐWOM sɛ asumansɛm rekɔ fam de, nanso nnipa pii gye di sɛ esum mu atumfoɔ wɔ hɔ. Wiase nyinaa no, wubehu nnipa a nsɛbɛ deda wɔn kɔn mu, wɔn a wɔhwɛ adebisa nnua so ne wɔn a wɔkɔ abisa kɔhwɛ wɔn hyɛbea mu anaa wokogye biribi bɔ wɔn ho ban fi abonsamfo ho. German atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Focus kae wɔ asɛm bi a wɔato din “Laptop and Lucifer,” mu sɛ: “Intanɛt rema abayisɛm anya ahoɔden foforo.”

Wunim sɛ Bible ka ahonhonsɛm ho asɛm? Ebia ɛbɛyɛ nwonwa sɛ wubehu nea Bible ka wɔ ahonhonsɛm ho.

Nea Bible Ka Wɔ Ahonhonsɛm Ho

Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: . . . Nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.” (Deuteronomium 18:10-12) Adɛn nti na ɔhyɛɛ ahonhonsɛm ho mmara denneennen saa?

Sɛnea osuahu a yɛde fii asɛm yi ase no kyerɛ no, nnipa pii gye di sɛ wobetumi ne awufo adi nkitaho, na nsɛm a wonya fi asumansɛm mu no fi awufo hɔ. Saa gyidi no gyina nkyerɛkyerɛ bi a wɔkyerɛkyerɛ wɔ ɔsom pii mu so; wɔkyerɛ sɛ, sɛ onipa wu a, ɔkɔtena ahonhom atenae. Nanso ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia, efisɛ ɛka pefee sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɛka awufo ho asɛm te sɛ nnipa a wɔada hatee a wonhu nea ɛrekɔ so biara. * (Mateo 9:18, 24; Yohane 11:11-14) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde wubebisa sɛ, Nsɛm a nkurɔfo ka sɛ wɔte fi sum mu atumfoɔ hɔ no nso ɛ? Ɛhe na saa nsɛm no fi?

Ahonhom a Wɔne Wɔn Di Nkitaho

Nsɛmpa no kyerɛ sɛ bere a Yesu wɔ asase so no, ɔne ahonhom dii nkitaho. Marko 1:23, 24 bɔ amanneɛ sɛ “honhom fĩ” bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim onii ko a woyɛ ankasa.” Enti ahonhom no nim onipa ko a woyɛ. So wo nso wunim wɔn?

Ansa na Onyankopɔn rebɔ nnipa no, ɔbɔɔ honhom mu mma anaa abɔfo bebree. (Hiob 38:4-7) Abɔfo no korɔn sen nnipa. (Hebrifo 2:6, 7) Wɔwɔ tumi na wɔwɔ nimdeɛ pii nso, na Onyankopɔn bɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ n’apɛde. Odwontofo no too dwom sɛ: “O munhyira Yehowa, n’abɔfo ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so, na mutie n’asɛm.”—Dwom 103:20.

Bible ma yehu sɛ bere bi akyi no, abɔfo no bi fii ase ne nnipa nyaa nkitahodi a ɛmfata. Dɛn na ɛma wɔyɛɛ saa? Ɔbɔfo a odii kan yɛɛ saa no daadaa nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa, de twee wɔn fii Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no ho. Saa a ɔyɛe no ma ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam, a ɛkyerɛ obi a ɔkeka Onyankopɔn ho nkontomposɛm na ɔsɔre tia no.—Genesis 3:1-6.

Akyiri yi, abɔfo foforo gyaw “wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ” wɔ ɔsoro bɛfaa honam nipadua warewaree asase so mmea a wɔn ho yɛ fɛ. (Yuda 6; Genesis 6:1, 2) Saa abɔfo bɔne no ne afrafra mma a wɔwoo wɔn no teetee adesamma ara ma afei de na “amumɔyɛ ahyɛ” asase so mã. Ebia woakenkan Bible mu asɛm a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn de Noa bere so Nsuyiri no sɛee saa awudifo ne amumɔyɛfo no.—Genesis 6:3, 4, 11-13.

Nsuyiri no maa ahonhom no yii wɔn honam nipadua no guu hɔ san kɔɔ honhom atenae hɔ. Nanso Ɔbɔadeɛ no amma wɔn kwan wɔ wɔn “tenabea” hɔ bio. Mmom no, ɔkaa wɔn guu ahoyeraw tebea bi a ɛte sɛ “sum kabii bun mu.” (2 Petro 2:4, 5) Bible frɛ abɔfo atuatewfo no “adaemone.” (Yakobo 2:19) Wɔn na wɔhyɛ ahonhonsɛm akyi.

Nea Adaemone Hwehwɛ

Botae a esi adaemone ani so a ɛma wɔne nnipa di nkitaho ne sɛ wobeyi wɔn adwene afi nokware Nyankopɔn, Yehowa som so. Akyɛde anaasɛ tumi a nnipa pii a wodi asumansɛm no kyerɛ sɛ wɔwɔ no nyɛ biribiara sɛ nneɛma a wɔyɛ de twetwe nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ na wɔne no rennya abusuabɔ.

Sɛ yɛhwɛ nea adaemone panyin Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Yesu no a, ɛma yehu wɔn botae a ɛto so abien. Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” bɛma no. Dɛn na na Satan nso hwehwɛ fi Yesu hɔ? Ɔka kyerɛɛ no sɛ bɔ “wo mu ase som me.” Enti Satan ne n’adaemone pɛ sɛ yɛsom wɔn. Nanso Yesu ampene so sɛ obegyae nokware som ne Onyankopɔn akyidi.—Mateo 4:8-10.

Ɛnnɛ, ahonhommɔne ntaa nyi wɔn anim ne nkurɔfo nni nkitaho saa. Mmom no, wɔde nneɛma bi a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho daadaa nkurɔfo a wɔn ani nna wɔn ho so; ebi ne ahwehwɛ bɔɔl, nhaban bi a wɔde yɛ tii, adebisa sopaa, biribi a wɔde sɛn hama so ma edi ahim, ne nsoromma ho nsɛm. Mma saa nneɛma no nnnaadaa wo! Ɛnsɛ sɛ wofa saa nneɛma yi sɛ biribi a ɛbɛma woahu honhom mu nsɛm kɛkɛ. Ahonhommɔne no nim sɛ nkurɔfo ani gye asumansɛm ho, enti wɔde yɛ afiri de twetwe nkurɔfo adwene fi Yehowa som so. Sɛ ahonhommɔne no fa saa kwan yi so na wɔantumi amma nnipa adwene amfi Yehowa som so a, wɔtaa fa akwan a ɛyɛ hu so teetee wɔn a wɔanya wɔn so tumi no. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, dɛn na wubetumi ayɛ de atetew wo ho afi ahonhommɔne no nsam?

Ahonhonsɛm—Nea Wobɛyɛ De Atetew Wo Ho

Aniberesɛm a ɛwom ne sɛ, ahonhom a wɔne nnipa di nkitaho no yɛ Onyankopɔn atamfo a ɔsɛe na ɛda hɔ retwɛn wɔn. (Yuda 6) Wɔyɛ atorofo ne nkontompofo a wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔawuwu. Sɛ wuhu sɛ obi a ɔyɛ ne ho sɛ w’adamfo yɛ ɔdaadaafo a ne botae ara ne sɛ ɔbɛsɛe w’abrabɔ a, wobɛte nka dɛn? Sɛ wuhu sɛ obi a wo ne no di nkitaho wɔ Intanɛt so no yɛ mmonnaatofo a, anka wobɛyɛ dɛn? Sɛ obi ne ahonhommɔne nya ayɔnkofa a, nea efi mu ba no yɛ hu koraa kyɛn saa. Ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara de tetew wo ho. Dɛn na wubetumi ayɛ?

Bere a nnipa bi a wɔwɔ tete Efeso huu nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ahonhonsɛm ho no, wobehui sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyew wɔn asumansɛm nhoma a na ne bo yɛ den no. Wɔde bae “bɛhyew ma obiara hui.” (Asomafo Nnwuma 19:19, 20) Ɛnnɛ, ɛnyɛ nhoma, nsɛbɛ, adebisa nnua ne nneɛma a ɛtete saa nkutoo na nkurɔfo de di asumansɛm, na mmom abɛɛfo nkitahodi mfiri nyinaa ka ho. Twe wo ho fi biribiara a ebetumi de wo akɔ ahonhonsɛm mu no ho.

Kae awarefo a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no. Wɔhwɛɛ wɔn adebisa sopaa no so hui sɛ nnipabɔnefo bi bɛba wɔn fie, enti ɛnsɛ sɛ wotie wɔn anaa wogye biribiara fi wɔn hɔ. Nanso bere a Yehowa Adansefo baanu a wɔfrɛ wɔn Connie ne Gudrun baa wɔn fie bɛkae sɛ wɔde Onyankopɔn ho asɛmpa na ɛnam no, Joachim ne Barbara yɛe sɛ wobetie. Ahonhonsɛm ho asɛm baa wɔn nkɔmmɔ no mu, na Connie ne Gudrun de nokware a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ekowiee Bible adesua a wɔyɛ no daa mu.

Ankyɛ na Joachim ne Barbara yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew wɔn ho afi adaemone ho. Adansefo no kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ ɛbɛhyɛ ahonhom no abufuw. Ampa ne ampa ara, adaemone no yɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu de teetee Joachim ne Barbara. Mfiase no, na anadwo biara wobehunahuna wɔn kosi sɛ wotu kɔtenaa baabi foforo. Awarefo no amanehunu yi nyinaa mu no, wonyaa ahotoso wɔ asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:13 yi mu: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” Yehowa hyiraa mmɔden a wɔbɔe no so, na eduu baabi no, ahonhom no gyaee wɔn haw. Ɛnnɛ, Joachim ne Barbara de anigye resom nokware Nyankopɔn Yehowa.

Bible no hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Yehowa hyira wɔn nyinaa sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:7, 8) Sɛ wopɛ nko ara a, Yehowa Nyankopɔn betumi aboa wo, na ɔbɛboa wo nso ama woatetew wo ho afi adaemone ho. Sɛ Joachim ne Barbara kae sɛnea wɔanya wɔn ho atetew afi ahonhonsɛm ho no a, wofi wɔn koma nyinaa mu gye nsɛm a ɛwɔ Dwom 121:2 yi tom: “Me mmoa fi Yehowa.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din a ɛwɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 7 Sɛ wopɛ tebea a awufo wom ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 6 a n’asɛmti ne “Ɛhe na Awufo Wɔ?” no. Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Asumansɛm mma nkurɔfo ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ pa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—YAKOBO 4:8