Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monnodɔ Mo Ho”

“Monnodɔ Mo Ho”

“Monnodɔ Mo Ho”

“Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—YOHANE 13:34, 35.

Nea Ɛkyerɛ: Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. Dɛn na Yesu de kyerɛe sɛ ɔdɔ wɔn? Ná Yesu dɔ nnipa nyinaa ɛmfa ho sɛ na ne bere sofo yɛ nnipa mu nyiyim na wommu mmea no. (Yohane 4:7-10) Ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma ɔde ne bere, n’ahoɔden ne anigye a anka obenya no bɔɔ afɔre maa afoforo. (Marko 6:30-34) Awiei koraa no, Kristo daa ɔdɔ a ɛkyɛn biara adi. Ɔkae sɛ: “Mene oguanhwɛfo pa no; oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no.”—Yohane 10:11.

Sɛnea Tete Kristofo De Yɛɛ Adwuma: Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no frɛɛ wɔn ho wɔn ho ‘anuanom.’ (Filemon 1, 2) Wogyee nnipa a wofi aman nyinaa mu baa Kristofo asafo no mu, na nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ na wogye di sɛ “nsonsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam, efisɛ Awurade koro no ara na odi obiara so.” (Romafo 10:11, 12) Pentekoste afe 33 Y.B. akyi no, asuafo a wɔwɔ Yerusalem no fii “ase tontɔn nea wɔwɔ ne wɔn agyapade kyekyɛɛ nea wonyae no maa obiara, sɛnea obiara ahiade te.” Adɛn nti na wɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔabɔ asu foforo no betumi akɔ so atena Yerusalem na ‘wɔatu wɔn ho asi hɔ ama asomafo no nkyerɛkyerɛ.’ (Asomafo Nnwuma 2:41-45) Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ saa? Asomafo no wuwui no, anni mfe 200 na Tertullian kaa asɛm bi a nkurɔfo aka afa Kristofo ho sɛ: “Hwɛ ɔdɔ ara a wɔdodɔ wɔn ho . . . ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho mpo.”

Ɛhefo na Wodi Nhwɛso Yi Akyi Nnɛ? Tete nhoma bi kae sɛ mfe pii a atwam ni no, atirimɔdensɛm a wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo “de adi wɔn nuanom no kyɛn atirimɔdensɛm a wɔn a wɔnyɛ gyidifo de adi wɔn no koraa.” (The History of the Decline and Fall of the Roman Empire [1837]) Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. nnansa yi ara ma wohui sɛ nyamesomfo a wɔn mu dodow no ara se wɔyɛ Kristofo no yɛ nnipa mu nyiyim paa. Asɔrekɔfo a wɔwɔ ɔman bi so ne saa asɔre no ara mufo a wɔwɔ ɔman foforo so nni hwee yɛ, ɛno nti sɛ wɔkɔ ahokyere mu a, wontumi mmoa wɔn anaa biribiara nka wɔn sɛ wɔmmoa wɔn.

Afe 2004 mu no, mframa gyampanturudu ahorow anan tui wɔ Florida wɔ asram abien ntam. Ɔpanyin a ɔda Florida Adwumayɛkuw a Wɔhwɛ Atoyerɛnkyɛm Ho Nsɛm So no hwɛe sɛ ɔmanfo de nneɛma a wɔde ama wɔn no bedi dwuma yiye. Ɔpanyin no kae sɛ nnipa biara nni hɔ a wɔyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ te sɛ Yehowa Adansefo, na ɔkae sɛ ɔde biribiara a Adansefo no hia bɛma wɔn. Ansa na saa asɛm yi resi no, Yehowa Adansefo tuu atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo ma wɔde nnuru, nnuan ne ntade tuu kwan kɔɔ Democratic Republic of Congo kɔboaa wɔn nuanom Kristofo ne afoforo a ade ahia wɔn no wɔ afe 1997 mu. Wɔn nuanom Adansefo a wɔwɔ Europe na wɔde nneɛma a ne bo yɛ U.S. dɔla ɔpepem biako no kɔboae.