Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Montena M’asɛm Mu’

‘Montena M’asɛm Mu’

‘Montena M’asɛm Mu’

“Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—YOHANE 8:31, 32.

Nea Ɛkyerɛ: Nea Yesu frɛɛ no “m’asɛm” no gyina hɔ ma ne nkyerɛkyerɛ a efi nea ɔsomaa no no hɔ no. Yesu kae sɛ: “Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.” (Yohane 12:49) Yesu bɔɔ ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” Mpɛn pii no, na Yesu fa Onyankopɔn Asɛm ka de si ne nkyerɛkyerɛ so dua. (Yohane 17:17; Mateo 4:4, 7, 10) Enti nokware Kristofo ‘tena n’asɛm mu,’ kyerɛ sɛ, wogye Onyankopɔn Asɛm Bible tom sɛ ɛyɛ “nokware” na ɛno na wɔn gyidi ne nea wɔyɛ nyinaa gyina so.

Sɛnea Tete Kristofo De Yɛɛ Adwuma: Ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm mu nhoma pii sen obiara no buu Onyankopɔn Asɛm sɛnea Yesu buu no no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.” (2 Timoteo 3:16) Mmarima a wɔpaw wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mfɛfo Kristofo no, na ɛsɛ sɛ “wokura Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware na yetumi de yɛn ho to so no mu denneennen.” (Tito 1:7, 9, The Amplified Bible) Wotuu tete Kristofo no fo sɛ wɔmpo “nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so” no.—Kolosefo 2:8.

Ɛhefo na Wodi Nhwɛso Yi Akyi Nnɛ? Afe 1965 mu no, wɔfaa Vatican asɔre mmara nhoma (Dogmatic Constitution on Divine Revelation) mu nsɛm kae wɔ Katolekfo nhoma (Catechism of the Catholic Church) mu sɛ: “Ɛnyɛ Kyerɛw Kronkron no nkutoo na [Katolek] Asɔre de biribiara a wogye di sɛ efi Onyankopɔn no gyina so. Enti, ɛsɛ sɛ wogye atetesɛm kronkron ne Kyerɛw Kronkron no nyinaa tom na wɔde nidi koro no ara ma abien no nyinaa.” Nhoma bi a wɔato din Maclean’s faa ɔsɔfo bi a ofi Toronto, Canada, asɛm kae. Ɔsɔfo no bisae sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma obi a ɔtenaa ase mfe mpem abien a atwam ni de ‘adwene foforo’ kyerɛ yɛn kwan? Yɛn nso yɛwɔ nyansa a emu dɔ; ɛno nti sɛ yɛde yɛn nimdeɛ gyina nea Yesu aka ne nea Kyerɛwnsɛm aka nkutoo so bere nyinaa a, ɛtwe yɛn san.”

New Catholic Encyclopedia ka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ: “Bible no nkutoo na wobu no sɛ wɔn gyidi fibea ne nea ɛkyerɛ wɔn kwan wɔ abrabɔ mu.” Nnansa yi ara, bere a Yehowa Dansefo bi reda ne ho adi wɔ Canada no, ɔbarima bi twaa n’ano, na ɔde ne nsa kyerɛɛ Ɔdansefo no Bible so kae sɛ: “Nea ekura wo yi nko ara mpo ama mahu onipa kõ a woyɛ.”