Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Afɔremuka bɛn na ɔsomafo Paulo hui wɔ Atene a na wɔakyerɛw so “Onyame Bi a Wonnim No” dea no?—Asomafo Nnwuma 17:23.

Tete Helafo nhoma akyerɛwfo bebree ka sɛ na afɔremuka a ɛtete saa wɔ hɔ. Ebi ne asɛm a Pausanias a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo ne asase ho nimdefo a ɔtenaa ase tete no kae no. Ɔkae sɛ “na anyame a Wonnim wɔn afɔremuka” wɔ Olympia. Nyansapɛfo a onim baguam kasa Philostratus kae sɛ “wosisii afɔremuka de hyɛɛ anyame a wonnim wɔn mpo anuonyam” wɔ Atene.

Nhoma kyerɛwfo Diogenes Laertius a ɔtenaa ase bɛboro mfe 1,700 ni no kyerɛ atetesɛm bi a ɛma yehu nea ɛyɛe a wonyaa “afɔremuka a enni din” no. Ɔkyerɛ sɛ asɛm no sii bɛyɛ mfe 2,600 ni. Ɔka sɛ Epimenides yɛɛ amanne bi de dwiraa Atenefo ho fii ɔyaredɔm bi ho. Diogenes kyerɛw sɛ: “Ɔno [Epimenides] faa nguan . . . na ɔde wɔn kɔɔ Areopago; oduu hɔ no ogyaa wɔn ma oguan biara faa baabi a wɔpɛ, na ɔhyɛɛ wɔn a wodii nguan no akyi no sɛ baabi a oguan biara bɛda no, wɔnhyɛ hɔ nsow na wɔmmɔ afɔre mma onyame a ɔwɔ hɔ no. Wɔkyerɛ sɛ ɛno na ɛmaa ɔyare no gyaee. Enti besi nnɛ mpo wubetumi ahu afɔremuka wɔ Attica mmeae bi a edin biara nni so.”

The Anchor Bible Dictionary ka ade foforo a enti wosisii afɔremuka maa anyame a wonnim wɔn no. Ɛka sɛ “na wosuro sɛ ebia wobebu wɔn ani agu onyame bi a wonnim no so, na sɛ ɛba saa a, wɔrennya nhyira biara mfi saa nyame no nkyɛn na anhwɛ a nyame no bo befuw wɔn mpo.”

Adɛn nti na tete Yudafo no buu towgyefo animtiaa?

Efi tete na nkurɔfo mpɛɛ towgyefo asɛm. Yesu bere so mpo de, na Israelfo no bu towgyefo sɛ wɔyɛ ahuhufo ne apoobɔfo paa.

Romafo a na wodi wɔn so no gyigyee tow akɛseakɛse fii ɔmanfo no nkyɛn. Roma aban mpanyimfo na wogyigyee ntokuatow ne ankoroankoro tow, na nneɛma a wɔkra ne nea wɔde kɔ amanɔnne ne nea wɔde fa ɔman no mu kɔ aman foforo so de, wɔde ɛho towgyigye no hyɛɛ wɔn a wobetumi anya sika pii afi wɔn nkyɛn no nsa. Enti Yudafo a wonim sikapɛ na wɔde towgyigye no hyɛɛ wɔn nsa wɔ mmeae bi. Esiane sɛ saa nnipa yi maa kwan maa Romafo a wokyi wɔn no de wɔn yɛɛ adwuma nti, wɔn ho yɛɛ wɔn nuanom Yudafo no ahi paa, na sɛnea M’Clintock ne Strong Cyclopædia kyerɛ no, wobuu wɔn sɛ “afatwafo ne awaefo, a wɔn ho agu fi esiane abosonsomfo a wɔne wɔn taa bɔ nti.”

Ná towgyefo nka nokware koraa, na wɔfaa wɔn nuanom ho yɛɛ yiye. Ebinom gyee tow akɛseakɛse boroo nea ɛsɛ sɛ wogye na wɔtew nea aboro so no hyɛɛ wɔn bɔtɔ mu; ebinom nso de nkontompo bɔɔ ahiafo apoo. (Luka 3:13; 19:8) Enti wobuu towgyefo sɛ wɔne abɔnefo yɛ pɛ, na sɛnea The Jewish Encyclopedia kyerɛ no, na “wɔmfata sɛ wɔyɛ atemmufo anaa wodi adanse mpo.”—Mateo 9:10, 11.

[Kratafa 18 mfonini]

Onyame bi a wonnim no afɔremuka a ɛwɔ Pergamum amanfõ so wɔ Turkey

[Kratafa 18 mfonini]

Roma dan ho mfonini bi a wɔyɛe bɛyɛ mfe 1,800 ni: ɛyɛ towgyeni bi

[Asɛm Fibea]

Erich Lessing/Art Resource, NY