Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔbɛka Ahenni Ho Asɛmpa Yi”

“Wɔbɛka Ahenni Ho Asɛmpa Yi”

“Wɔbɛka Ahenni Ho Asɛmpa Yi”

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—MATEO 24:14.

Nea Ɛkyerɛ: Asɛmpa kyerɛwfo Luka kyerɛwee sɛ Yesu tutuu “akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.” (Luka 8:1) Yesu ankasa kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Ɔsomaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ nkurow ne nkuraa ase, na akyiri yi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.”—Asomafo Nnwuma 1:8; Luka 10:1.

Sɛnea Tete Kristofo De Yɛɛ Adwuma: Yesu asuafo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa sɛ wɔbɛyɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo . . . ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.” (Asomafo Nnwuma 5:42) Wɔamfa asɛmpa no ka anhyɛ nnipa atitiriw kakraa bi nsa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Neander kae sɛ “Celsus a odii kan kyerɛw nsɛm tiaa Kristofo no dii fɛw sɛ, wohwɛ nnipa a wɔde nnam ka asɛmpa no a, wɔyɛ asaawatofo, wɔn a wosiesie mpaboa, wɔn a wɔhyɛ mmoa nhoma aduru, nnipa a wonnim nhoma koraa ne mpapahwekwaa.” Jean Bernardi kae wɔ ne nhoma bi (The Early Centuries of the Church) mu sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ [Kristofo] kɔ baabiara kɔka asɛm no kyerɛ obiara. Ná ɛsɛ sɛ wɔkɔka wɔ atempɔn mu, nkurow mu, mmɔnten so ne afie mu. Sɛ nkurɔfo gye wɔn oo, sɛ wɔannye wɔn oo, ɛsɛ sɛ wɔyɛ. . . . Ná ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no kosi asase ano nohoa.”

Ɛhefo na Wodi Nhwɛso Yi Akyi Nnɛ? Anglikan asɔre no sɔfo David Watson kyerɛwee sɛ: “Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no a asɔre no mfa no aniberesɛm no ka ho bi na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no.” José Luis Pérez Guadalupe kyerɛw Evangelikfo, Adventistfo ne afoforo ho asɛm wɔ ne nhoma bi mu sɛ “wɔnkɔ afie afie mu.” Ɔkyerɛw faa Yehowa Adansefo ho sɛ: “Wɔkɔ afie afie a wɔmmɔ ofie biara ntra.”—Why Are the Catholics Leaving?

Jonathan Turley kaa nokwasɛm bi wɔ Asɛnnibea Kunini bi ho amanneɛbɔ mu sɛ: “Sɛ wobɔ Yehowa Adansefo din a, nea nkurɔfo dodow no ara adwene kɔ so ne asɛmpakafo a wɔhyenhyɛn yɛn afie bere biara a wɔpɛ. Ɛnyɛ akra dodow a Yehowa Adansefo benya nkutoo nti na wɔkɔ afie afie, na mmom ɛma wɔn gyidi nso yɛ den.”

[Kratafa 9 adaka]

Wuhu Nea Ɛma Obi Yɛ Nokware Kristoni No?

Sɛ wohwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛma obi yɛ nokware Kristoni a yɛasusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no a, wususuw sɛ ɛhefo na wɔyɛ nokware Kristofo ampa? Ɛwom sɛ akuw ne asɔre mpempem pii na wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo de, nanso kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” (Mateo 7:21) Sɛ wuhu wɔn a wɔyɛ Agya no apɛde, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ nea ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nokware Kristofo no, na wo ne wɔn bɔ a, ebetumi ama woanya nhyira daa wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa Adansefo a wɔde nhoma yi brɛɛ wo no na wɔnkyerɛ wo Onyankopɔn Ahenni ne nhyira a ɛde bɛba no ho nsɛm pii.—Luka 4:43.