Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔnyɛ Wiase no Fã”

“Wɔnyɛ Wiase no Fã”

“Wɔnyɛ Wiase no Fã”

“Wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase no fã.”—YOHANE 17:14.

Nea Ɛkyerɛ: Apereperedi a ɛkɔɔ so wɔ nnipa asetenam ne amanyɔsɛm mu wɔ Yesu bere so no, wamfa ne ho anhyehyɛ mu, efisɛ na ɔnyɛ wiase no fã. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no. Nanso sɛnea ɛte no, m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran nso sɛ wɔnkwati suban, kasa ne nneyɛe a Onyankopɔn Asɛm kasa tia.—Mateo 20:25-27.

Sɛnea Tete Kristofo De Yɛɛ Adwuma: Jonathan Dymond a ɔkyerɛw nyamesom ho nsɛm no kae sɛ, tete Kristofo no “ankɔ [ɔko]; nea na ɛbɛto wɔn biara mfa wɔn ho, dinsɛe oo, afiasenna oo, owu oo, wɔansuro emu biara.” Wɔpɛe sɛ wohu amane mmom sen sɛ wɔde wɔn ho bewurawura ɔko ne amanyɔsɛm mu. Sɛnea na wɔn abrabɔ ho mmara te no nso ma wɔdaa nsow. Wɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ: “Esiane sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa ahohwi dontori no mu nti, ɛyɛ wɔn nwonwa na wɔkasa tia mo.” (1 Petro 4:4) Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛwee sɛ, ná Kristofo no “de wɔn ahotew ne abrabɔ pa no rehaw abosonsom wiase a na anigyede akyi nkutoo na wodi no.”

Ɛhefo na Wodi Nhwɛso Yi Akyi Nnɛ? Katolekfo nhoma bi ka ɔfã biara a Kristofo nni no ho asɛm sɛ: “Obiara a n’ahonim nti oyi ne ho fi dwumadi bi mu no ntumi nyi n’ano mma ɛnyɛ yiye.” (New Catholic Encyclopedia) Asɛm bi a epuee atesɛm krataa bi mu kyerɛ sɛ, mmusua abien ntam ko a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda afe 1994 mu ma wokunkum nnipa bebree no, Afrikafo Ahofadi Kuw no aka sɛ asɔre ahorow nyinaa de wɔn ho hyɛɛ akodi no mu “gye Yehowa Adansefo nkutoo.”—Reformierte Presse.

Bere a ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ ntoaso sukuu bi mu reka Adolf Hitler bere so nnipakum ho asɛm no, ɔkae sɛ, “kuw anaa ahyehyɛde biara antumi ankasa antia atoro akɛse, atirimɔdensɛm, ne awudi a ɛkɔɔ so no.” Nanso bere a ɔkɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ United States Okunkɛse Ho Nneɛma Akorae no, ɔkyerɛwee sɛ: “Afei manya m’asɛm no ho mmuae.” Ohui sɛ ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ Yehowa Adansefo ayayade no, wokuraa wɔn gyidi mu pintinn.

Wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa abrabɔ ho nso ɛ? U.S. Catholic nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mmerante ne mmabaa dodow no ara a wɔyɛ Katolekfo no ne asɔre no nyɛ adwene wɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ mpena aware [ne] ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim no ho.” Nsɛmma nhoma no faa ɔsɔfokumaa bi anom asɛm kae sɛ: “Sɛ mede m’ani bu paa a, nnipa dodow a wɔba sɛ wɔrebɛware no, emu fã ne akyi na wɔte hɔ dedaw sɛ awarefo.” Nhoma bi ka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ, “wɔhwehwɛ sɛ obiara bɛbɔ bra pa wɔ n’asetenam.”—The New Encyclopædia Britannica.