Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi De W’adwene Abu Sɛnea Obi Te Ankasa?

Wubetumi De W’adwene Abu Sɛnea Obi Te Ankasa?

Wubetumi De W’adwene Abu Sɛnea Obi Te Ankasa?

NÁ ODURUYƐFO bi te ne dan mu rehwɛ television so dwumadi bi a wɔrebisabisa Ireland aban soafo bi nsɛm. Oduruyɛfo no hwɛɛ ɔsoafo no anim dinn huu biribi, na ɔde n’adwene bui sɛ gyama biribi ahon ɔsoafo no tirim. Ɔka kyerɛɛ ɔsoafo no sɛ ɔmfa nkɔ ayaresabea ntɛm.

Ɔsoafo no kɔhwɛe no, ampa ara na biribi ahon ne tirim. Saa oduruyɛfo no yɛ obi a otumi hwɛ ɔyarefo anim kyerɛ nea ɛreyɛ no. Ebinom nso te nka sɛ wotumi hwɛ nkurɔfo anim hu wɔn suban ne wɔn nipaban, na wotumi hu sɛ nipa no di nokware anaa onni nokware.

Nhwehwɛmufo de bere tenten abɔ mmɔden sɛ wobenya nyansahu akwan bi a ɛbɛma wɔahwɛ obi ho akyerɛ ne suban. Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ “biribi a wɔfrɛ no nyansahu a wɔkyerɛ sɛ ɛma wotumi hwɛ obi animdua ne sɛnea ɔte wɔ nipaduam kyerɛ ne suban.” Bɛyɛ mfe 150 ni no, nnipa asetena ho animdefo bi te sɛ Charles Darwin busuani Francis Galton ne nsɛmmɔnedifo ho animdefo bi te sɛ Cesare Lombroso a ofi Italy no kɔfaa saa nsusuwii no bi bae, nso seesei saa adwenkyerɛ no reyɛ ayera.

Ne nyinaa mu no, nnipa pii gye di sɛ wobetumi ahwɛ obi ho aka ne suban. Ɛyɛ ampa sɛ wubetumi de w’adwene abu sɛnea obi te?

Nhwɛ Obi Ho Nkyerɛ Ne Suban

Samuel Nhoma a Edi Kan a ɛwɔ Bible mu no ma yehu nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ yɛrentumi nhwɛ obi ho kɛkɛ nkyerɛ ne suban. Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ ɔnkɔsra Yese mmabarima no biako sɛ ɔhene a obedi Israel so daakye. Yɛkenkan sɛ: “Bere a wɔbae a n’ani bɔɔ Eliab so no, ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: ‘Ampa, nea Yehowa asra no no na ɔwɔ n’anim yi.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse, na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.’” Ɔkaa asɛm koro no ara faa Yese mmabarima baasia a wɔaka no ho. Ewiee ase no, nea Onyankopɔn paw no sɛ obedi hene no ne ɔbabarima a ɔto so awotwe no, aberantewa Dawid a Samuel ne Yese amfa adedi no ansusuw no da, na amma obiara mpo tirim sɛ ɔbɛfrɛ no.—1 Samuel 16:6-12.

Ɛnyɛ tete hɔ nko na saa asɛm no bi sii. Mfe kakra a abɛsen kɔ no, Germanni nsɛmmɔnedifo ho onimdefo bi yɛɛ biribi de sɔɔ mmaranim ho asuafo 500 hwɛe. Ɔmaa wɔn nnipa 12 a wonnim wɔn wɔ baabiara. Nnipa a na wɔwɔ hɔ ni: kurom hɔ polisi panyin, aban mmaranimfo, sukuupɔn no fotosanfo ne sukuu no nkitahodifo panyin, mmaranimfo, asɛnnibea mpanyimfo ne amumɔyɛfo baasa a wɔabua wɔn fɔ. Ɔmaa nnipa 12 no kyerɛɛ nea wɔde gyigye wɔn ani, na afei ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ wonnyina sɛnea nnipa no te ne nea wɔkae sɛ wɔde gyigye wɔn ani no nkutoo so nkyerɛ adwuma a wɔn mu biara yɛ ne wɔn a wɔhwɛ a, wɔadi wɔn asɛm a wɔrekɔ afiase, na wɔnkyerɛ bɔne pɔtee a wɔyɛe nso.

Dɛn na wohui? Adesuafo no ɔha biara mu 75 tumi kyerɛɛ amumɔyɛfo baasa no. Nanso adesuafo no ɔha biara mu 60 nso kae sɛ wɔhwɛ a, nnipa baakron a aka a mmara biara nkyeree wɔn da no nso yɛ mmaratofo. Adesuafo 7 biara mu 1 kae sɛ wɔhwɛ a, aban mmaranimfo no yɛ obi a ɔtɔn nnubɔne, na 3 biara mu 1 nso kae sɛ polisi panyin no bɛyɛ ɔkorɔmfo! Enti sɛ yɛhwɛ obi anim de yɛn adwene kyerɛ sɛnea ɔte a, yɛtaa di mfomso kɛse. Adɛn ntia?

Mma W’adwene Nnnaadaa Wo

Sɛ yehyia obi bere a edi kan a, yetumi de osuahu bi a yɛanya dedaw yɛ ntotoho de yɛn adwene bu onipa ko a ɔyɛ. Sɛ ɛba saa a, yegyina nea yenim dedaw so nya onipa no ho adwene a ɛmfata. Sɛnea obi te wɔ ɔhonam mu da nkyɛn a, anhwɛ a yɛbɛhwɛ ɔman a ofi mu, abusua a ofi mu, ne gyinabea wɔ asetenam anaa ɔsom a ɔwom de yɛn adwene abu onipa ko a ɔyɛ.

Sɛ ɛbɛda adi sɛ adwene a yenyae wɔ nipa foforo ho no yɛ nokware a, yɛkamfo yɛn ho, na ɛno ma yegye yɛn ho di sɛ biribiara a yɛde yɛn adwene bebu no te saa. Nanso, sɛ yehu sɛ nea yɛde yɛn adwene bui no nte saa koraa a, yɛbɛyɛ no dɛn? Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛsɛ sɛ yeyi adwene a ɛte saa no fi yɛn tirim na yɛhwehwɛ asɛm no mu nokware. Anyɛ saa a, ahantan bɛma yɛate nka sɛ biribiara ntumi nsesa adwene a yɛwɔ no, na ebetumi ama yɛayɛ afoforo bɔne.

Sɛ yɛde yɛn adwene bu onipa ko a obi yɛ a, ɛnyɛ ɔno nkutoo na ebetumi ahaw no na mmom yɛn a yenyaa saa adwene no nso, ebetumi ahaw yɛn. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu bere so no, Yudafo no bebree ansusuw da sɛ Yesu betumi ayɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Dɛn ntia? Wɔde wɔn adwene nyinaa sii sɛnea na wohu Yesu wɔ ɔhonam mu no so, enti nea wohui ara ne sɛ ɔyɛ akuraase dua dwumfo bi ba. Ɛwom sɛ wɔn ani gyee Yesu nsɛm a ɔkae ne anwonwade a ɔyɛe no ho de, nanso na wɔato wɔn adwenem wɔ ne ho. Wɔn nneyɛe no maa Yesu de n’adwene sii nnipa foforo so na ɔkae sɛ: “Sɛ nidi bɛbɔ odiyifo a, na ɛyɛ n’ankasa kurom ne ne fie.”—Mateo 13:54-58.

Yudafo a wɔtoo wɔn adwenem wɔ Yesu ho no, na wɔte ɔman a na wɔde mfe pii atwɛn Mesia no mu. Yudafo no maa wɔn adwene daadaa wɔn, enti wɔanhu sɛ Mesia no aba, na ɛma wɔhweree ade kɛse wɔ Onyankopɔn som mu. (Mateo 23:37-39) Saa ara nso na wonyaa Yesu akyidifo no ho adwemmɔne. Nnipa bebree annye anni sɛ nnipa kakraa bi a wɔyɛ mpataayifo no betumi anya asɛm papa bi aka, efisɛ na animdefo ne nyamesom akannifo mmu wɔn. Wɔn a wɔmaa adwene a wɔanya dedaw daadaa wɔn no annya hokwan kɛse a ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn Ba no akyidifo no bi.—Yohane 1:10-12.

Ebinom Sesaa Wɔn Adwene

Yesu bere sofo a na wɔwɔ ahobrɛase no sesaa wɔn adwene bere a wonyaa adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no. (Yohane 7:45-52) Saa nnipa yi bi ne Yesu abusuafo pii a bere bi na wonnye nni sɛ wɔn busuani no betumi ayɛ Mesia no. (Yohane 7:5) Nea eye paa ne sɛ, akyiri yi wɔsesaa wɔn adwene gyee no dii. (Asomafo Nnwuma 1:14; 1 Korintofo 9:5; Galatifo 1:19) Saa ara na mfe bi akyi no, Yudafo bi a na wɔwɔ Roma antie nsɛm a atamfo ka too Kristofo so no, na mmom na wɔpɛ sɛ wotie Paulo ankasa anom asɛm. Bere a wotiee no no, wɔn mu binom bɛyɛɛ gyidifo.—Asomafo Nnwuma 28:22-24.

Ɛnnɛ, nnipa bebree nni Yehowa Adansefo ho adwempa. Adɛn ntia? Wɔn mu pii wɔ hɔ a ɛnyɛ sɛ wɔahwehwɛ mu ahu sɛ Adansefo no nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ mfi Bible mu nti na wɔanya saa adwene no. Mmom wonhu nea enti a obi betumi aka sɛ Yehowa Adansefo som no na ɛyɛ nokware. Sɛ yɛbɛkae a, saa adwene yi ara na na nkurɔfo pii kura wɔ tete Kristofo no ho.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo bɛkeka nsɛmmɔne afa wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu no ho. Adɛn nti na ɛnyɛ nwonwa? Efisɛ Yesu hyɛɛ ne nokware akyidifo no ase sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.” Nanso ɔkaa nsɛm yi de hyɛɛ wɔn nkuran: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”—Mateo 10:22.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo tie Yesu ahyɛde, enti wɔbɔ mmɔden ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. (Mateo 28:19, 20) Sɛ obi to n’adwenem wɔ asɛmpa no ho a, ɛremma ontumi nnantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Yohane 17:3) Wo nso ɛ? Wobɛto w’adwenem aka sɛ nea wugyina ara na wugyina, anaasɛ wubegow wo ho ahwehwɛ nneɛma mu yiye? Kae sɛ: Yɛn aniwa betumi adaadaa yɛn, na nea yɛn adwene bɛyɛ yɛn no, ebia na ɛnte saa, nanso sɛ yɛde adwempa hwehwɛ nneɛma mu yiye a, ɛso bɛba yɛn mfaso.—Asomafo Nnwuma 17:10-12.

[Kratafa 11 mfonini]

Yudafo pii maa wɔn adwene daadaa wɔn, enti wɔannye Yesu antom sɛ Mesia no

[Kratafa 12 mfonini]

Adwene a wowɔ wɔ Yehowa Adansefo ho no, ɛyɛ wo ara wo nsusuwii anaa egyina adanse a edi mu so?