Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa A Efi Russia

Yɛhwehwɛ Akorade Wɔ Altay Sika Bepɔw no So

Yɛhwehwɛ Akorade Wɔ Altay Sika Bepɔw no So

ƐYƐ May da bi a wim atew wɔ Altay Republic a ɛwɔ Siberia anafo fam atɔe; ɛyɛ baabi a ɛhɔ yɛ fɛ paa. Yɛhwɛ mpomma mu a yehu wura frɔmfrɔm bi a mmepɔw akɛse a sukyerɛmma atɔ agu so wɔ akyi. Saa na Altayfo a wofi Asia na wɔwɔ wɔn nko ara kasa no kurow te; ɛhɔ yɛ mmonkyimmɔnka na atew ne ho. Altayfo ani ka baabi a wɔte no. Wɔfrɛ hɔ Altai Mmepɔw mu, na wonyaa din no fii Turkic-Mongolian asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sika kɔkɔɔ” mu.

Mfe kakra ni a me ne me yere asua Russia mum kasa na yɛasrasra Yehowa Adansefo asafo ahorow ne akuw nketewa a wɔka mum kasa. Nnipa ahorow ahorow bɛyɛ 170 na wɔka Russia kasa. Nanso mum a wɔwɔ yɛn mu no de, wɔka kasa foforo; ɛno ne Russia mum kasa. Emumfo ne wɔn ho ka paa, na wɔn a yehyia wɔn no, wɔn mu pii ho pere wɔn sɛ wɔbɛka wɔn asetenam nsɛm akyerɛ yɛn na wɔasom yɛn ahɔho. Saa ara na wɔn a wɔwɔ Altay no nso te.

Gorno-Altaysk kurow mu no, yɛtee sɛ emumfo bi te akuraa ketewa bi ase a efi nea yɛwɔ rekɔ hɔ no yɛ kilomita 250 (akwansin 155). Yenim sɛ Adansefo kakra wɔ saa akuraa no ase, nanso wɔn mu biara ntumi nka mum kasa. Yedwinnwen nea yɛbɛyɛ emumfo a wɔwɔ saa Altay akuraa no ase no ho, na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebetu kar akɔhwehwɛ wɔn. Bere a Yury ne ne yere Tatyana a wɔyɛ mumfo no hui sɛ yɛn ani abere paa sɛ yɛbɛkɔ hɔ no, wɔkae sɛ wɔne yɛn bɛkɔ. Yɛfaa mum kasa ho nhoma a wɔayɛ agu DVD so ne afiri a yɛde bɛbɔ guu bɔs ketewa mu. Nneɛma foforo a yɛfae no bi ne nea yɛde aduan gu mu, paanoo a nneɛma hyehyɛ mu, ɛnam, ne Russiafo aduan bi a wɔto no sɛ paanoo a wɔfrɛ no piroshki. Yɛrebesim no yɛde nwemmoaa aduru srasraa yɛn ho nyinaa de bi guu yɛn ntade ne yɛn mpaboa mu, efisɛ nwemmoaa bi a wɔma yare wɔ hɔ paa.

Ɔkwan a yɛfaa so no, na ɛnenam mmepɔw mu, na ɛma yehuu mmeae a ɛyɛ fɛ pii. Ná nhwiren huamhuam bi a wɔfrɛ no jasmine ne lilac agye hɔ nyinaa kama. Ná ahomeka wom paa! Yehui sɛ Siberia aforote bi asisi wɔn ti ase rewe wura, na ɛmaa yɛn ani gyei yiye. Altayfo de nnua na asisi wɔn adan, na ɛbobɔ ho, na wɔde nkyɛnsee a ɛyɛ fɛ abɔ so. Afie no pii wɔ hɔ a, wɔasisi nnuadan bi a wɔfrɛ no ayyl wɔ nkyɛn; ɛyɛ dan ahinasia bi a wɔabɔ so kurukuruwa. Ayyl no bi te sɛ aburopata a wɔde dua abona abɔ so. Altayfo mmusua pii tena ayyl no mu fi May kosi September, na ɛreyɛ adu awɔw bere a na wɔasan kɔ wɔn afie mu.

Adansefo a wɔwɔ akuraa no ase no gyee yɛn kama, na wɔde yɛn kɔɔ Altayfo awarefo bi a wɔyɛ mum fie. Wohuu yɛn no, wɔn ani gyei, na na wɔpɛ sɛ wohu baabi a yefi ne nea ɛde yɛn bae. Ná wɔwɔ kɔmputa, enti bere a yeyii DVD biako fii yɛn nneɛma mu no, wɔkae sɛ yɛmfa nhyɛ mu mma wɔnhwɛ no saa bere no ara. Afei wɔne yɛn gyaee nkɔmmɔ a yɛrebɔ no; ná ayɛ sɛnea wɔn werɛ afi yɛn koraa. Ná wɔn ani si kɔmputa no so saa ara, na ɛwom ara a, wɔn nso yɛ nea wɔreyɛ wɔ DVD no so no bi na wɔbɔ wɔn ti nko de kyerɛ anisɔ. Yɛbrɛe paa ansa na yɛretumi ama wɔagyae hwɛ na yɛahwɛ asase so paradise ho mfonini fɛfɛ a ɛwɔ DVD no mfiase no. Yeduu mfonini biako so no, yɛne wɔn bɔɔ ho nkɔmmɔ, na yɛkyerɛɛ wɔn nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma ne afei nnipa ko a wobenya daa nkwa atena ase sɛnea wohu wɔ mfonini no mu no. Sɛnea wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no maa yɛn koma tɔɔ yɛn yam, na yɛrebefi hɔ no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ awarefo bi a wɔyɛ mum nso wɔ akuraa foforo ase a efi wɔn hɔ rekɔ no a, ebedi nnɔnhwerew kakra.

Yɛtoaa akwantu no so kɔfaa mmepɔw mu kwan fɛfɛ bi a ɛnwonwan so kɔɔ saa akuraa a na esua koraa no ase. Yɛkɔtoo abusua a wɔyɛ mum no, na ɔbarima no ne ne yere ne n’asebea ne wɔn ba ketewa no nyinaa ani gyei sɛ wɔanya ahɔho. Yewuraa wɔn ayyl dan no mu, na na ɛhɔ yɛ huam; ná ehua no te sɛ dua ne nufusu hua a adi afra. Wɔatu tokuru kurukuruwa bi wɔ dan no apampam a ɛma hann tɔ dan no mu. Bukyia a wɔaka ho fitaa ne sutof si dan no fã, na wɔde ntama kɔkɔɔ adura dan no mu. Awarefo no maa yɛn Altayfo aduan dɛdɛɛdɛ bi dii; ɛyɛ bofrot nketewa bi ne tii a egu Asiafo nkuruwa mu. Yebisaa wɔn sɛ wogye di sɛ wobetumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo anaa. Wodwen asɛm no ho. Ɔbea no maame ka kyerɛɛ yɛn sɛ bere a ɔyɛ abofra no, da bi ɔde aduan kɔɔ mmepɔw no mu baabi sɛ ɔde rekɔbɔ afɔre ama anyame no. Ɔwosow ne mmati serew, na ɔkae sɛ: “Me de, na minnim nea ɛkyerɛ. Ɛno ara ne sɛ ɛyɛ amammerɛ.”

Yeyii DVD a ɛfa asɛm no ho kyerɛɛ wɔn, na wɔn ani gyei. Ná wɔpɛ sɛ yɛsan toa nkɔmmɔ no so bere foforo, nanso na ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yiye? Ɛwom sɛ ɛyɛ a yetumi kyerɛw nsɛm fa mobile fon so kɔma mumfo de, nanso baabi a abusua yi wɔ no de, na mobile fon nnu hɔ. Enti yɛkae sɛ yɛne wɔn bedi nkrataakyerɛw.

Bere a yɛrefi hɔ no, na owia reyɛ akɔtɔ, na yɛde anigye dii nkra fii yɛn akwantu tenten no ase san kɔɔ Gorno-Altaysk; ná yɛabrɛ de, nso yenyaa abotɔyam. Akyiri yi, yebisaa abusua yi ase wɔ Adansefo a wɔwɔ saa akuraa no ase no hɔ, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ nnawɔtwe abien biara, ɔbarima no kɔ kurow kɛse mu, na onuawa bi a onim mum kasa boa no ma osua Bible na ɔne no kɔ asafo nhyiam. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛn brɛ no anyɛ kwa!

Yebetumi de hwehwɛ a yɛhwehwɛ emumfo a wɔwɔ koma pa no atoto sɛnea wɔhwehwɛ akorade a ahintaw wɔ mmepɔw mu ho. Sɛ yɛde nnɔnhwerew pii hwehwɛ wɔn a, ɛwom ara a yekopue bi so te sɛ aboɔdenbo, na ɛma yɛn ani gye sɛ yɛammrɛ angu. Yɛn de, yɛbɛkɔ so abu Altay mmepɔw no sɛ baabi a sika kɔkɔɔ wɔ, na ama yɛakae komapafo a yehyiaa wɔn wɔ mmonkyimmɔnka no mu no.