Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ So Yesu Yɛ Onyankopɔn?

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ So Yesu Yɛ Onyankopɔn?

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ So Yesu Yɛ Onyankopɔn?

YEHOWA ADANSEFO ani gye ho sɛ wɔne nkurɔfo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wubehyia Ɔdansefo bi no, mma ɛnhaw wo sɛ wubebisa no. N’ani begye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.

Nkɔmmɔ a edi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Karen akɔ ɔbea bi a wɔfrɛ no Georgina fie.

Ɛyɛ Ampa sɛ Munnye Yesu Nni?

Georgina: Me sɔfo se Yehowa Adansefo nnye Yesu nni. Ɛyɛ ampa?

Karen: Yegye Yesu di paa. Yegye di mpo sɛ, sɛ obi benya nkwa a, gye sɛ ogye Yesu di ansa.

Georgina: Me nso migye di saa.

Karen: Enti yɛn nyinaa adwene hyia wɔ ɛno ho. Ei, me koraa mammɔ me din ankyerɛ wo; me din de Karen. Na wo nso, wo din de dɛn?

Georgina: Me din de Georgina. M’ani agye sɛ mahyia wo.

Karen: Georgina, me nso, ɛyɛ me anigye sɛ yɛahyia. Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ Yehowa Adansefo gye Yesu di ampa a, adɛn nti na nkurɔfo ka sɛ wonnye no nni?’

Georgina: Yiw, mepɛ sɛ mihu.

Karen: Sɛ metwa no tiaa a, yegye Yesu di paa, nanso ɛnyɛ nea nkurɔfo ka fa ne ho nyinaa na yegye di.

Georgina: Wubetumi akyerɛ me nea munnye nni no bi?

Karen: Yiw. Ebinom se na Yesu yɛ onipa pa kɛkɛ. Nanso yɛne wɔn nyɛ adwene.

Georgina: Me nso me ne wɔn nyɛ adwene.

Karen: Ɛno nso yɛ biribi foforo a yɛn nyinaa adwene hyia wɔ ho. Nea ɛto so abien ni: Sɛ nkyerɛkyerɛ bi ne nea Yesu ka faa ɔne n’Agya abusuabɔ ho no nhyia a, Yehowa Adansefo nnye ntom.

Georgina: Wopɛ sɛ wokyerɛ dɛn?

Karen: Asɔre pii kyerɛkyerɛ sɛ Yesu, ɔno ara ne Onyankopɔn. Ebia wo nso, saa na wɔde akyerɛkyerɛ wo.

Georgina: Yiw, me sɔfo se Yesu, ɔno ara ne Onyankopɔn.

Karen: Wunnye nni sɛ ɔkwan a eye paa a yebetumi afa so ahu Yesu ho nokwasɛm ne sɛ yɛbɛhwɛ nsɛm a n’ankasa ka faa ne ho no?

Georgina: Ampa, me ne wo yɛ adwene.

Dɛn na Yesu Kae?

Karen: Ma yɛnhwɛ Bible mu asɛm bi a ɛkyerɛ saa asɛm no mu. Ma yɛnhwɛ nea Yohane 6:38 ka. Yesu kae sɛ: “Mifi soro aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.” Sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, anka ntease nni saa asɛm no mu.

Georgina: Wopɛ sɛ wokyerɛ dɛn?

Karen: Hyɛ no nsow sɛ Yesu kae sɛ wamfi soro amma sɛ ɔrebɛyɛ n’ankasa apɛde.

Georgina: Ɛyɛ nokware, ɔkae sɛ ɔbae sɛ ɔrebɛyɛ Nea ɔsomaa no no apɛde.

Karen: Enti sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnde hena na ɔsomaa no fii soro? Na ɛyɛɛ dɛn na ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ Onii no apɛde?

Georgina: Mahu nea worepɛ akyerɛ. Nanso minnye nni sɛ kyerɛwsɛm biako pɛ yi ara kyerɛ sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn.

Karen: Ɛnde ma yɛnhwɛ asɛm a Yesu kaa no bere bi nso. Ɔkaa biribi te sɛ nea yɛakenkan yi ara wɔ Yohane nhoma no ti a edi hɔ no mu. Mesrɛ wo kenkan Yohane 7:16.

Georgina: Yoo. “Yesu nso bua see wɔn sɛ: ‘Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.’”

Karen: Georgina, meda wo ase. Sɛnea nkyekyɛm yi kyerɛ no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔno ankasa nsɛm anaa?

Georgina: Dabi, ɔkae sɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no yɛ Nea ɔsomaa no no dea.

Karen: Ɛyɛ nokware. Ɛha yi nso, yemmisa sɛ: ‘Hena na ɔsomaa Yesu? Hena na ɔde nea ɔkyerɛkyerɛe no maa no?’ Sɛ́ Onii no bɛyɛ kɛse asen Yesu, meboa? Yɛn de, nea yenim ne sɛ ɔpanyin na ɔsoma abofra.

Georgina: M’adwene nkɔɔ so saa. Menkenkan saa asɛm no da.

Karen: San hwɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 14:28 yi: “Motee sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, merekɔ na mɛsan aba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ Agya no yɛ kɛse sen me.” Sɛ wohwɛ kyerɛwsɛm yi a, Yesu ne n’Agya, hena na wobɛka sɛ ɔyɛ kɛse?

Georgina: Sɛ́ ɔkae sɛ Agya no yɛ kɛse sen no. Enti na ɛkyerɛ sɛ obuu Onyankopɔn sɛ ɔyɛ kɛse sen no.

Karen: Saa pɛpɛɛpɛ na asɛm no te. Ɛho nhwɛso foforo ne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no a wɔakyerɛw wɔ Mateo 28:18 no. Saa kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so.” Enti Yesu kae sɛ na tumi nyinaa yɛ ne dea dedaw anaa?

Georgina: Dabi, ɔkae sɛ wɔde ama no.

Karen: Enti sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obi ama no tumi no bi aka ho? Na hena na ɔde tumi no maa no?

Georgina: Asɛm yi de, ayɛ me foforo koraa.

Hena na na Ɔne No Rekasa?

Karen: Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ankasa a, ɛnde biribi foforo mu nna hɔ.

Georgina: Ɛyɛ dɛn ade?

Karen: Ɛfa Yesu asubɔ ho. Hwɛ asɛm a ɛwɔ Luka 3:21, 22 no. Mesrɛ wo kenkan ɛhɔ ma yentie?

Georgina: “Bere a ɔbɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no ɔsoro buei, ɛnna honhom kronkron sian baa no so te sɛ aborɔnoma, na nne bi fi soro bae sɛ: ‘Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.’”

Karen: Bere a wɔrebɔ Yesu asu no, wokae nea na ɔreyɛ no?

Georgina: Ná ɔrebɔ mpae.

Karen: Ampa. Nanso asɛm a yebetumi abisa ne sɛ, ‘Sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnde hena na na ɔrebɔ mpae akyerɛ no no?’

Georgina: Woabisa asɛm paa. Mebisa me sɔfo.

Karen: Saa asɛm no ara mu no, kae sɛ bere a Yesu fi nsu no mu puei no, obi kasa fii soro. Wokae asɛm a Onii no kae no?

Georgina: Ɔkae sɛ Yesu yɛ Ne Ba a ɔdɔ no, na wagye no atom.

Karen: Ɛno ara ne no. Enti sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnde hena na ofi soro kaa saa asɛm no?

Georgina: Minnwen ho saa da.

Adɛn Nti na Wɔfrɛ Wɔn “Agya” ne “Ɔba”?

Karen: Biribi foforo a ehia sɛ yesusuw ho ni: Yɛakenkan sɛ Yesu frɛɛ Onyankopɔn ne soro Agya. Afei nso bere a Yesu bɔɔ asu no, ɛnne bi fi soro frɛɛ Yesu Ne Ba. Yesu ankasa mpo frɛɛ ne ho Onyankopɔn Ba. Nanso sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ me sɛ obi ne obi yɛ pɛ wɔ abusua mu a, anka hena ne hena na wobɛka sɛ wɔyɛ pɛ?

Georgina: Anka mɛka sɛ obi ne ne nua.

Karen: Saa pɛpɛɛpɛ—ebi mpo a anka wobɛka sɛ ntafo a wɔsɛ paa. Nanso Yesu frɛɛ Onyankopɔn Agya na ɔfrɛɛ ne ho Ɔba. Enti wohwɛ a, adwene bɛn na Yesu pɛ sɛ nnipa nya?

Georgina: Mahu nea worekyerɛ no. Yesu rekyerɛ sɛ nnipa baanu no mu biako anyin na ɔwɔ tumi kyɛn ne yɔnko no.

Karen: Ɛte saa. Hwɛ asɛm yi oo. Woatumi anya nnipa a yebetumi aka sɛ wɔyɛ pɛ wɔ abusua mu; wokae sɛ yebetumi de atoto obi ne ne nua anaa ntafo ho. Sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ampa a, wunnye nni sɛ anka ɔno a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no betumi de nea yɛaka yi akyerɛkyerɛ asɛm no mu ama emu ada hɔ anaa ɔde biribi foforo a emu da hɔ sen saa mpo akyerɛkyerɛ mu?

Georgina: Ɛyɛ nokware paa.

Karen: Nanso ɔde “Agya” ne “Ɔba” na ɛkyerɛɛ abusuabɔ a ɛda ɔne Onyankopɔn ntam.

Georgina: Asɛm a ɛho hia paa na wode aba no.

Dɛn na Yesu Asuafo a Wɔtenaa Ase Tete no Kae?

Karen: Ansa na mefi ha no, sɛ wowɔ bere kakra a, anka mepɛ sɛ mede asɛm biako ka yɛn nkɔmmɔ yi ho.

Georgina: Yɛnkɔ so, mewɔ bere kakra.

Karen: Sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ampa a, wunnye nni sɛ anka Yesu asuafo no besi no pi sɛ ɛte saa?

Georgina: Misusuw saa.

Karen: Nanso wɔankyerɛkyerɛ biribiara saa wɔ Bible no mu. Mmom no, yɛnhwɛ nea Paulo, Yesu akyidifo a wodi kan no biako, kyerɛwee. Sɛ yɛhwɛ Filipifo 2:9 a, ɔma yehu nea Onyankopɔn yɛe wɔ Yesu wu ne ne wusɔre no akyi. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn pagyaw no [Yesu] maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.” Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, dɛn na Onyankopɔn yɛ maa Yesu?

Georgina: Ɛka sɛ Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn.

Karen: Ampa. Nanso sɛ na Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ ansa na ɔrewu a, anka bere a Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn no, anka ɛno remma Yesu nyɛ kɛse nsen Onyankopɔn anaa? Ɛbɛyɛ dɛn nso na obi atumi ayɛ kɛse asen Onyankopɔn?

Georgina: Dabi, ɛrentumi nyɛ yiye saa.

Karen: Me ne wo yɛ adwene. Sɛ wohwɛ adanse a yɛabɔ ho nkɔmmɔ yi nyinaa a, wubetumi aka sɛ Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn?

Georgina: Dabi, Bible nka saa. Bible ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba.

Karen: Ɛyɛ nokware. Nanso Georgina, mepɛ sɛ wuhu sɛ Yehowa Adansefo bu Yesu paa. Yegye di sɛ wu a obewui sɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no abue nkwagye ho kwan ama nnipa anokwafo nyinaa.

Georgina: Ɛno nso migye di.

Karen: Ɛnde asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa ne sɛ, ‘Dɛn na yebetumi ayɛ ama Yesu ahu sɛ yɛn ani sɔ sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn?’ *

Georgina: Ɛyɛ a saa asɛm no ba me tirim.

Karen: Metumi asan aba ama yɛahwɛ ɛho mmuae wɔ Bible mu. Sɛ meba nnawɔtwe sɛ nnɛ saa bere yi ara a, mɛba abɛto wo?

Georgina: Yiw, wobɛba abɛto me.

Karen: Yoo, ɛnde yebehyia bio.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 76 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5.