Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nkɔmhyɛ—Ɛba Mu Pɛpɛɛpɛ

Bible Nkɔmhyɛ—Ɛba Mu Pɛpɛɛpɛ

Bible Nkɔmhyɛ—Ɛba Mu Pɛpɛɛpɛ

“Nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam.”​—YOSUA 23:14.

DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Nnipa pii nim sɛ tete asumanfo no, sɛ wɔhyɛ nkɔm a, na wonsi no pi na na ɛmma mu nso. Saa ara na ɛnnɛ wɔn a wɔhwɛ nnipa nsoromma de ka wɔn daakye no nso te. Ebinom nso hwɛ nneɛma a ɛresisi nnɛ de ka nea ɛbɛba daakye, na ɛyɛ a wɔnhaw wɔn ho mpo sɛ wɔbɛkyerɛ biribi pɔtee a ebesi mfe ɔha ne akyi a ɛbɛba. Bible nkɔmhyɛ de, efi “tete ka nea ensii” mpo ho asɛm, na ɛka nsɛm pɔtee, na bere nyinaa nso ɛba mu.—Yesaia 46:10.

ƐHO NHWƐSO: Bɛboro mfe 2,500 ni no, odiyifo Daniel nyaa anisoadehu bi, na ɔkae sɛ Hela bedi Media ne Persia so nkonim ntɛm. Ɔsan hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ Hela hene no di nkonim na ‘ɔbɛyɛ den’ ara pɛ a, n’ahenni no ‘bebu.’ Hena na obedi n’ade? Daniel kyerɛwee sɛ: “Ahenni anan bɛsɔre wɔ ne man mu, nanso wɔn ahoɔden rennu ne de no.”—Daniel 8:5-8, 20-22.

NEA ABAKƆSƐM AKYERƐWFO AKA: Daniel asɛm no akyi bɛboro mfe 200 no, Alexander Ɔkɛseɛ bedii Hela so hene. Anni mfe du na Alexander dii Media ne Persia Ahemman no so nkonim, na ɔtrɛw Hela nniso no kɔkaa Indus Asubɔnten no (ɛnnɛ ɛhɔ yɛ Pakistan). Nanso owui mpofirim bere a na wadi mfe 32. Akyiri yi, ɔko bi sii wɔ Asia Kumaa kurow Ipsus nkyɛn baabi, na ɛno na eguu n’ahemman no. Ewiee ase no, nnipa baanan a wodii ɔko no mu nkonim no kyɛɛ Hela Ahemman no mu fae. Nanso wɔn mu biara nni hɔ a na ne tumi te sɛ Alexander.

WUDWEN HO DƐN? Nhoma bi wɔ hɔ a ɛhyɛ nkɔm ma ɛba mu pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no . . . ɛdɔɔso ara ma sɛ nea ɛka no ba mu a, ɛyɛ den paa sɛ obi bɛka sɛ asɛm na ɛne asɛm ahyia kɛkɛ.”​—A LAWYER EXAMINES THE BIBLE, IRWIN H. LINTON NA ƆKYERƐWEE

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

© Robert Harding Picture Library/SuperStock