Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Mpaebɔ Tiefo No

Bɛn Mpaebɔ Tiefo No

Bɛn Mpaebɔ Tiefo No

NNIPA a wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di no, wɔn mu bebree ntumi nkyerɛ ade pɔtee a enti wɔwɔ saa gyidi no. Saa ara nso na wontumi nkyerɛ nea enti a nkurɔfo de nyamesom akata wɔn ani redi bɔne ne nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane. Nea wotumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛbɔ mpae akyerɛ Onyankopɔn a wonnim no.

Nanso wo de, wubetumi abɛn Onyankopɔn. Wubetumi de wo gyidi agyina Onyankopɔn ho ntease so, na saa ntease no nso bɛma woadɔ no na woanya anisɔ ama no. Gyidi a edi mu de, egyina adanse so. (Hebrifo 11:1) Sɛ wusua Onyankopɔn ho nokwasɛm a, wubetumi ahu sɛnea ɔte na wo ne no akasa sɛ w’adamfo. Ebinom wɔ hɔ a bere bi na wɔbɔ mpae nanso na wɔn tirim nteɛ wɔn sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Tie nea wɔn mu binom aka.

Patricia, yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu: “Ɛda bi, me ne me nnamfonom du fii ase sɛ yɛreka nyamesom ho asɛm. Ná me papa nnye Onyankopɔn nni, na na maka akyerɛ me nnamfo no sɛ bere bi a Yehowa Dansefo bi baa yɛn fie sɛ wɔne me papa rebɛka Bible mu asɛm no, mifii fie sɛnea ɛbɛyɛ a merentie saa nkɔmmɔ no. Me nnamfo no biako kae sɛ ‘Ebia Yehowa Adansefo de no na eye.’

“Wɔn mu biako nso kae sɛ: ‘Ɛnde momma yɛnkɔ wɔn nhyiam no bi nkɔhwɛ sɛ ɛyɛ ampa anaa?’ Enti yɛkɔe. Ná yɛn tirim nteɛ yɛn, nanso yɛn mu binom annyae kɔ efisɛ na Adansefo no pɛ nnipa.

“Kwasida bi de, nea metee no sesaa m’adwene. Ɔkasafo no kyerɛɛ nea enti a nnipa hu amane. Ná m’adwene nkɔɔ so da sɛ mfiase no na bɔne nni nnipa ho, na onipa biako na ɔmaa bɔne ne owu bae na ɛtrɛw kaa nnipa nyinaa. Ɔsan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ehia sɛ Yesu wu ansa na adesamma asi wɔn dedaw mu. * (Romafo 5:12, 18, 19) Ɛno ma metee nneɛma ase, na mekae sɛ, ‘Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odwen yɛn ho ampa.’ Metoaa so suaa Bible no, na ankyɛ na mihui sɛ afei de metumi abɔ mpae akyerɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.”

Allan nso, yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu: “Ɛda bi Yehowa Adansefo bɛbɔɔ yɛn pon mu, na me yere ma wɔbaa mu efisɛ asɛm a wɔkae sɛ nnipa bɛtena asase so daa no yɛɛ no dɛ. Me bo fuwii. Enti mefrɛɛ me yere baa gyaade hɔ na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mma wɔnnnaadaa wo. Wo de, biribiara na woagye adi!’

“Ɔno nso kae sɛ, ‘Ɛnde wo ara kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn sɛ nea wɔreka no nyɛ nokware.’

“Mede kɔbɔɔ so no, anyɛ yiye. Nanso wonyaa me ho abotare paa, na wɔmaa me nhoma bi a ɛma yehu sɛ ebia nkwa fi adebɔ anaa adannandi. Sɛnea na ntease wom na wɔde nokwasɛm pii afoa emu nsɛm so nti, misii gyinae sɛ mesua Onyankopɔn ho ade pii. Mifii ase ne Adansefo no suaa Bible, na ankyɛ na mihui sɛ sɛnea Bible ka nyamesom ho asɛm no, ɛnyɛ saa koraa na na m’adwene yɛ me. Bere a meresua Yehowa ho ade no, mifii ase bɔɔ nneɛma pɔtee bi ho mpae. Ná mewɔ suban bi a ɛmfa kwan mu, enti mebɔɔ mpae sɛ ɔmmoa me. Migye di paa sɛ Yehowa tiee me mpaebɔ no.”

Andrew, ɔte England: “Ɛwom, na ɛsono m’adwene wɔ nneɛma ho na na m’ani gye nyansahu ho, nanso nea ɛma migyee adannandi dii ne sɛ na ebinom se ɛyɛ nokware. Nneɛma bɔne pii a na ɛrekɔ so nti na na minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

“Nanso ɛtɔ da bi a nea ɛba m’adwenem ne sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn bi wɔ soro hɔ de a, ɛnde nneɛma bi nkɔ me yiye. Adɛn na nsɛmmɔnedi ne akokoakoko dɔɔso saa?’ Ɛtɔ mmere bi na mewɔ ahokyere mu a, mebɔ mpae hwehwɛ mmoa, nanso na minnim nea me ne no rekasa.

“Emu hɔ ara na obi maa me yere krataa ketewa bi a Yehowa Adansefo atintim a wɔfrɛ no: So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? Ná saa asɛm no taa ba m’adwenem. Krataa no mu nsɛm ma minyaa adwene sɛ ebia Bible betumi ama me mmuae a merehwehwɛ no. Akyiri yi a mituu kwan kɔɔ baabi no, obi maa me nhoma bi a wɔato din The Bible—God’s Word or Man’s? * Bere a mihui sɛ Bible ne nyansahu hyia no, na mepɛ sɛ misua Bible no kɔ akyiri. Enti Yehowa Dansefo bi kae sɛ ɔne me bɛyɛ adesua, na mepenee so. Bere a metee Yehowa atirimpɔw ase no, metee nka sɛ minim no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa; obi a metumi abɔ mpae akyerɛ no.”

Jan, wɔtetee no wɔ Protestant som mu wɔ London: “Nyaatwom a na ɛwɔ nyamesom mu ne amanehunu a adɔɔso nti, migyaee asɔre. Afei nso migyaee sukuu na mifii ase too dwom bɔɔ guitar de pɛɛ sika. Saa bere no na mihuu Pat. Ná ɔno nso yɛ Katolekni a wagyae asɔre te sɛ me ara.

“Ná yɛte ɔdantuw bi mu, na na wɔn a yɛne wɔn te hɔ no nso agyae sukuu na wɔn ani gye Asiafo som ahorow ho. Ná yɛtaa ka asetena atirimpɔw ho asɛm anadwo, na ɛtɔ da bi a, yɛde gyina mu ara kosi anadwo dasum. Ɛwom sɛ na me ne Pat nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, nanso na yegye di sɛ ‘nkwamafo’ bi wɔ hɔ.

“Bere a yetu kɔɔ England atifi fam kɔhwehwɛɛ nnwonto adwuma no, ɛhɔ na yɛwoo yɛn ba. Abofra no yaree anadwo bi, na nea mihui ara ne sɛ merebɔ Onyankopɔn a minnye no nni no mpae. Ankyɛ koraa na me ne Pat ntam yɛɛ basaa, enti mefaa yɛn ba no gyaw me kunu hɔ kɔe. Saa bere yi nso mesan bɔɔ mpae sɛ, sɛ obi wɔ hɔ ampa a ɔmmoa me. Sɛɛ na Pat nso rebɔ mpae saa ara.

“Saa da no ara, Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ Pat pon mu, na wɔkaa Bible mu afotu a nyansa wom kyerɛɛ no. Pat frɛɛ me na obisaa me sɛ mepɛ sɛ me ne Adansefo no sua Bible anaa. Ankyɛ koraa na yehui sɛ, sɛ Onyankopɔn ani begye yɛn ho a, ebehia sɛ yɛde yɛn aware no kɔhyɛ mmara ase. Esiane sɛ na yɛn ntam asɛe nti, na ayɛ den ama yɛn.

“Ná yɛpɛ sɛ yenya nsɛm bi ho nkyerɛkyerɛmu pii, te sɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛbɛba mu, nea enti a nnipa hu amane, ne nea Onyankopɔn Ahenni kyerɛ. Nkakrankakra, yehui sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho, enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Yɛwaree mmara kwan so, na Onyankopɔn Asɛm mu nyansa aboa yɛn ama yɛatete yɛn mma baasa. Yegye di paa sɛ Yehowa tiee yɛn mpaebɔ.”

Wo Ankasa Hwehwɛ mu Hwɛ

Nnipa mpempem pii nso te sɛ wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm no. Atorosom antumi annaadaa wɔn; wohuu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane. Wohyɛɛ no nsow sɛ Bible mu nimdeɛ a edi mu na ɛmaa wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm no mu biara hui sɛ ampa Yehowa tie mpaebɔ?

Wopɛ sɛ wohwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu anaa? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ama woasua Yehowa ho nokware nimdeɛ ne sɛnea wubetumi abɛn “mpaebɔ Tiefo” no.—Dwom 65:2.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ Yesu agyede no ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Bere a metee Yehowa atirimpɔw ase no, metee nka sɛ minim no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, obi a metumi abɔ mpae akyerɛ no”

[Kratafa 9 mfonini]

Gyidi a edi mu de, egyina adanse ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a edi mu so