Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Wɔn Gyidi

“Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”

“Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”

FA W’ADWENE bu sɛ Rut ne Naomi nam kwan bi a ɛda mmepɔw mu so wɔ Moab asase pradadaa no so. Mmea baanu yi nkutoo na wɔnenam asase kakrakaa yi so. Afei twa ho mfonini hwɛ; Rut ahu sɛ owia rekɔtɔ, enti ɔhwɛ n’ase no anim, na ebia ɛba ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ wɔpɛ baabi soɛ. Ɔpɛ Naomi asɛm paa, enti ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa no.

Ná awerɛhow ahyɛ mmea baanu no nyinaa so. Ná Naomi adi kuna akyɛ nanso seesei de na ɔresu ne mmabarima baanu, Kilion ne Malon, a wɔawuwu no. Ná Rut nso resu ne kunu Malon. Ɔne Naomi nyinaa ani kyerɛ faako; wɔrekɔ Betlehem a ɛwɔ Israel. Nanso, ɔkwan bi so no, na ɛsono obiara ne nea ɔbɛfa mu. Ná Naomi rekɔ ne kurom, nanso Rut de, na ɔregyaw n’abusuafo, ne kuromfo ne n’amammerɛ ne n’anyame nyinaa hɔ akɔ baabi a onnim.—Rut 1:3-6.

Dɛn na ɛmaa ababaa yi yɛɛ nsakrae a ɛte saa? Rut bɛyɛ dɛn ahyɛ ɔbra ase bio na wasan ahwɛ Naomi nso? Yebenya ho mmuae, na yebesua nneɛma pii afi Moabni Rut gyidi mu. Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a mmea baanu yi bepuee kwantenten a ɛkɔ Betlehem yi so.

Abusua a Awerɛhow Abubu Wɔn

Moab yɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ Ɛpo a Awu no apuei fam, na ɛhɔ na wɔtetee Rut. Ná ɛyɛ asase a ɛwɔ soro na subonka akɛse deda mu, na nnua nnɔɔso wɔ hɔ. Sɛ ɔkɔm ba Israel mpo a, “Moab asase so” de, sɛ wodua nneɛma wɔ hɔ a, na ɛtaa yɛ yiye. Ɛnam so na Rut hyiaa Malon ne n’abusua.—Rut 1:1.

Ɔkɔm kɛse bi a ɛbaa Israel maa Naomi kunu Elimelek de ne yere ne ne mmabarima baanu kɔtenaa Moabfo asase so kɔyɛɛ ahɔho. Ɛhɔ a wɔkɔtenae no, na ebetumi aka abusua no muni biara gyidi, efisɛ na ɛsɛ sɛ Israelfo kɔsom Yehowa wɔ baabi a ɔno ankasa bɛkyerɛ. (Deuteronomium 16:16, 17) Naomi gyidi ankɔ fam. Nanso ne kunu wui no, awerɛhow menee no.—Rut 1:2, 3.

Akyiri yi a Naomi mmabarima no waree Moabfo mmea no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno nso hyɛɛ no awerɛhow. (Rut 1:4) Ná onim sɛ ne nana Abraham yɛe ara ma wɔkɔhwehwɛɛ ɔbea a ɔsom Yehowa fii ne nkurɔfo mu maa ne ba Isak waree. (Genesis 24:3, 4) Akyiri yi, Mose Mmara no bɔɔ Israelfo kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ware ananafo, anyɛ saa a wobetumi atwetwe Onyankopɔn nkurɔfo akɔ abosonsom mu.—Deuteronomium 7:3, 4. *

Nanso Malon ne Kilion waree Moabfo mmea. Sɛ ɛhaw Naomi hyɛɛ no awerɛhow mpo a, wutumi hu sɛ onyaa adɔe maa ne nsenom Rut ne Orpa. Ebia na ɔwɔ anidaso sɛ da bi, wobetumi abɛsom Yehowa te sɛ ɔno. Sɛnea ɛte biara no, na Rut ne Orpa pɛ Naomi asɛm paa. Sɛnea na wɔn ntam yɛ papa no boaa wɔn bere a awerɛhosɛm too wɔn no. Mmabaa baanu no kununom ne wɔn anwo na wowu gyaw wɔn.—Rut 1:5.

Yebetumi aka sɛ ɔsom a na Rut wom nti, asɛm a ɛbae no antumi no anaa? Yentumi nka saa. Ná Moabfo som anyame pii, na kɛse a ɔwom ne Kemos. (Numeri 21:29) Ná saa bere no sofo taa yɛ atirimɔdensɛm ne aninyanne wɔ wɔn som mu; ebi ne mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre. Ɛbɛyɛ sɛ Moabfo nso yɛɛ saa nneɛma no bi. Rut suaa Israel Nyankopɔn Yehowa mmɔborɔhunu ne ne dɔ ho ade fii Malon ne Naomi hɔ, na nea ɛbɛyɛ biara no, na obehu sɛ ɛyɛ soronko koraa. Ɔdɔ na Yehowa de di nnipa so, ɛnyɛ ahunahuna! (Deuteronomium 6:5) Bere a Rut kunu wui no, ebetumi aba sɛ ɔka kɔɔ Naomi ho paa, na ɔbaa panyin Naomi kaa ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ no ma ohuu n’anwonwadwuma, ne dɔ ne sɛnea ohu n’asomfo mmɔbɔ, na Rut nso tiei paa.

Ná Naomi pɛ sɛ ɔte nea ɛrekɔ so wɔ ne kurom. Da koro ɔtee sɛ ɔkɔm a ɛbaa Israel no to atwa; ɛbɛyɛ sɛ guadini bi a ɔbaa hɔ na ɔbɔɔ no amanneɛ. Ná Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfo. Betlehem kurow a ase ne “Paanoo Fie” no, afei de na asan asi ne dedaw mu. Naomi yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom.—Rut 1:6.

Ná Rut ne Orpa bɛyɛ dɛn? (Rut 1:7) Asɛm a na ato wɔn nyinaa nti, wɔbɛn Naomi. Rut de, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛma ɔpɛɛ Naomi asɛm paa ne Naomi ayamye ne ne gyidi wɔ Yehowa mu no. Akunafo baasa yi sii kwan so sɛ wɔrekɔ Yuda.

Bible mu asɛm a ɛwɔ Rut nhoma mu no kae yɛn sɛ nnipa papa ne nnipa bɔne nyinaa, asɛm tumi to wɔn, na wɔn ho nnipa tumi wu. (Ɔsɛnkafo 9:2, 11) Ɛma yehu nso sɛ, sɛ yɛn biribi wu a, nyansa wom sɛ yɛbɛbɛn afoforo ma wɔakyekye yɛn werɛ, titiriw wɔn a wɔsom Yehowa, Onyankopɔn a na Naomi som no no.—Mmebusɛm 17:17.

Rut Adɔe

Bere a akunafo baasa no gu so retwa kwantenten no, Naomi fii ase dwinnwen biribi foforo ho. Odwinnwen ɔdɔ a na mmabaa baanu no ada no adi akyerɛ ɔno ne ne mmabarima no ho. Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara ama wɔn awerɛhow no ayɛ kɛse. Sɛ wotu wɔn kurom di n’akyi ne no kɔ a, dɛn na obetumi ayɛ ama wɔn wɔ Betlehem hɔ?

Afei Naomi kasae; ɔkae sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa ne mo nni no adɔe so, sɛnea mo ne mmarima a wɔawu no ne me adi no adɔe so no.” Ɔkae sɛ Yehowa mma wɔnsan nware bio na wonnya asetena foforo. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Afei ofifew wɔn ano, na wɔmomaa wɔn nne so sui.” Ná Naomi yɛ ɔyamyefo a odwen afoforo ho, enti na ntease wom sɛ Rut ne Orpa dɔ no saa. Wɔn baanu nyinaa kae sɛ: “Dabi, yɛne wo nyinaa bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”—Rut 1:8-10.

Nanso Naomi ante ase amma wɔn. Osii so dua sɛ biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ ama wɔn wɔ Israel efisɛ na onni kunu a ɔbɔ no akɔnhama na onni mma a wobetumi aware wɔn, na ɔrentumi nware nwo mma bio nso. Ɔkae sɛ ɛyɛ no awerɛhow paa sɛ ontumi mmoa wɔn.—Rut 1:11-13.

Orpa hui sɛ Naomi aka no asɛm. Ná ɔwɔ maame ne abusuafo wɔ Moab na na obenya baabi atena. Ohui sɛ ɔtena Moab mmom a ɛbɛboa no. Enti ɔde awerɛhow few Naomi ano ne no dii nkra kɔe.—Rut 1:14.

Rut nso ɛ? Anka ɔno nso betumi ahu aba a ɛwɔ Naomi asɛm no mu. Nanso Bible ka sɛ: “Rut de, wansan.” Ɛbɛyɛ sɛ bere a Naomi san sii kwan so sɛ ɔrekɔ no, ohui sɛ Rut da so di n’akyi. Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo kora okunafo no asan kɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne wo kora nkɔ.” (Rut 1:15) Naomi asɛm no ma yehu asɛnhia bi. Orpa san kɔɔ ne nkurɔfo ne “n’anyame nkyɛn.” Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔ so som ne nyame Kemos ne atoro anyame ahorow no. Rut nso tee nka dɛn?

Bere a Rut kotow Naomi anim wɔ ɔkwan no so no, na Rut nim nea ɛwɔ ne koma mu. Ná ɔdɔ Naomi ne Onyankopɔn a Naomi som no no. Enti Rut kae sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu, na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”—Rut 1:16, 17.

Rut nsɛm no ka koma paa, enti wawu dedaadaw de, nanso yɛda so ara kae ne nsɛm no mfe 3,000 ne akyiri ni. Ɛma yehu suban bi a ɛyɛ fɛ paa—adɔe. Ɔdɔ a na Rut wɔ ma Naomi no, na emu yɛ den ara ma biribiara ntumi ntetew wɔn ntam. Owu nko ara na na ebetumi atetew wɔn ntam. Ná Rut ayɛ n’adwene sɛ obegyaw n’anyame ne ne biribiara wɔ Moab na ɔde Naomi man ayɛ ne man. Rut ansan n’akyi te sɛ Orpa, na mmom ofi komam kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Naomi Nyankopɔn Yehowa yɛ ɔno nso ne Nyankopɔn. *

Enti wɔn baanu nkutoo toaa akwantu no so wɔ kwantenten a ɛkɔ Betlehem no so. Ebinom kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ egyee wɔn nnawɔtwe ansa na wɔredu baabi a wɔrekɔ. Nanso nea ɛbɛyɛ biara no, obiara kyekyee ne yɔnko werɛ.

Awerɛhow abu so wɔ wiase. Bible ka sɛ ɛnnɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na yɛhwere adɔfo ne nneɛma bebree na yedi awerɛhow pii. (2 Timoteo 3:1) Ɛno nti, yehu sɛ saa bere yi paa na yehia Rut adɔe no bi. Adɔe kyerɛ sɛ obi bɛbata biribi ho a onnyae mu kosi sɛ nea enti a ɔde ne ho bataa ho no bɛba mu. Adɔe ho hia paa wɔ wiase a aduru sum yi mu. Ɛho hia wɔ aware mu, abusua mu, nnamfo ntam ne Kristofo asafo no mu. Sɛ yɛda adɔe adi a, na yɛresuasua Rut.

Rut ne Naomi Asetena Wɔ Betlehem

Sɛ yɛka adɔe a, ɛnyɛ yɛn ano na yɛde kyerɛ, na mmom yɛn nneyɛe. Rut nyaa hokwan sɛ ɔbɛkyerɛ adɔe akyerɛ Naomi ne Yehowa a ɔde no yɛɛ ne Nyankopɔn no.

Afei mmea baanu no koduu Betlehem; ɛyɛ akuraa a ɛwɔ Yerusalem anafo fam, na efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ kilomita 10. Wutumi hu sɛ bere bi na Naomi ne n’abusua wɔ din wɔ saa kurow ketewa no mu, efisɛ bere a Naomi koduu hɔ no, obiara tee sɛ waba. Mmea no te a, wɔbɛhwɛ no bisa sɛ, “Naomi ni?” Ɛbɛyɛ sɛ ofi Moab bae no, na wasesa, na n’anim ne ne nipadua nyinaa kyerɛ sɛ wakɔbrɛ, na awerɛhow ahyɛ no ma.—Rut 1:19.

Naomi maa n’abusuafo ne wɔn a bere bi na ɔne wɔn bɔ afipam no hui sɛ awie no bɔne. Ɔkae mpo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ no Naomi a ɛkyerɛ “M’ahotɔ” no, na mmom wɔmfrɛ no Mara a ɛkyerɛ “Nwenenwene.” Naomi ɔwerɛhoni! Adwene a Hiob nyae no bi na ɔno nso nyae; ɔtee nka sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde ɔhaw no baa ne so.—Rut 1:20, 21; Hiob 2:10; 13:24-26.

Bere a mmea baanu no fii abrabɔ ase wɔ Betlehem no, Rut fii ase dwen sɛnea obetumi ahwɛ ne ho ahwɛ Naomi nso. Obehui sɛ Mmara a Yehowa de maa Israel no, wayɛ nhyehyɛe kama bi wom ama ahiafo. Sɛ twabere du a, na wotumi kodi atwafo no akyi sesaw nea aka ase no ne nea ɛwɔ afuw no anoano no. *Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 24:19-21.

Ná ɛyɛ bere a wɔde twa atoko, na sɛ ɛnnɛ a, anka ɛbɛyɛ April mu hɔ baabi. Rut kɔɔ mfuw no mu kɔhwɛe sɛ obenya baabi asesaw nnɔbae ase sɛnea Mmara no kyerɛ no anaa. Okopuee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas afuw mu. Ná ɔyɛ okuafo a ɔwɔ sika, na na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. Ɛwom sɛ na Mmara no ma kwan sɛ obetumi asesaw nnɔbae ase de, nanso wamfa ne tumi anyɛ saa. Obisaa aberante a ɔhwɛ atwafo no so no ansa. Ɔmaa no kwan, na ɛhɔ ara na ɔhyɛɛ ase yɛɛ adwuma.—Rut 1:22–2:3, 7.

Wo de, twa ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ sɛ Rut di atwafo no akyi. Bere a wɔde wɔn kantankrankyi no retwa atoko no, na ɔno nso di akyi rekotow sesaw nea agugu fam no kyekyere no afiafi kɔboa ano wɔ baabi a akyiri yi, obetumi aboro ayiyi mu. Ná adwuma no gye abotare, na na ɛyɛ den; awia bɔ de a, na asɛe koraa. Nanso Rut kɔɔ so yɛɛ adwuma no. Nea ɛma ogyae kakra ne sɛ ɔbɛpopa n’anim fifiri anaasɛ ɔbɛpɛ biribi adi wɔ “fie.” Saa fie no betumi ayɛ apata a na wɔabɔ ama adwumayɛfo no.

Rut nyae a anka obiara adwene amma no so, nanso na nkurɔfo ahu no dedaw. Boas huu no no, obisaa aberante a ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔyɛ hena. Ná Boas yɛ ɔbarima a ne gyidi yɛ den paa, enti sɛ ɔbɛto n’adwumayɛfo a wɔn mu bi mpo yɛ da koro apaafo anaa ananafo no a, na ɔtaa kyia wɔn sɛ: “Yehowa nka mo ho.” Ɛyɛ a, wɔn nso gye so saa ara. Ɔbarima a n’ani afi a ɔdɔ Yehowa yi faa Rut sɛ ne ba.—Rut 2:4-7.

Boas frɛɛ Rut ne “ba,” na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ a ɔmmra n’afuw no mu na onni mmabaa no akyi nsesaw nnɔbae ase sɛnea ɛbɛyɛ a adwumayɛfo no biara nteetee no. Ɔhwɛ hui sɛ edu awiabere nso a obenya aduan adi. Nea ehia paa no, ɔkamfoo no hyɛɛ no nkuran. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa?—Rut 2:8, 9, 14.

Bere a Rut bisaa Boas sɛ dɛn na wayɛ a enti ɔnanani te sɛ ɔno anya n’anim dom no, obuae sɛ wate nea wayɛ ama n’ase Naomi no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ na Naomi aka ne dɔfo Rut ho asɛmpa akyerɛ Betlehem mmea no ma wɔakeka ama Boas nso ate. Ná Boas nim nso sɛ Rut abɛyɛ Yehowa somfo, efisɛ ɔkae sɛ: “Yehowa nhyira wo nea woyɛ biara mu, na Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhyɛ ne ntaban ase no mma wo akatua pa.”—Rut 2:12.

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Rut nkuran! Ampa, na wabɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn ntaban ase te sɛ anomaa ba a ne maame rebɔ ne ho ban. Ɔdaa Boas ase sɛ ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ no. Na ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma kosii anwummere.—Rut 2:13, 17.

Ɛnnɛ, nneɛma mu ayɛ den paa, enti Rut gyidi no yɛ adepa a yɛn nyinaa betumi asuasua. Ná ɔnyɛ onipa a onni ayɛ, enti n’ani sɔɔ biribiara a onyae. Ɛwom sɛ na ɛyɛ famfam adwuma de, nanso wamfɛre sɛ ɔbɛyɛ adwumaden de ahwɛ obi a ɔdɔ no. Onyaa afotu pa a ɛbɛma ɔne adwumayɛfo no abom ayɛ adwuma a ɔhaw biara remma mu, na ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom de yɛɛ adwuma. Nea ehia paa no, wamma ne werɛ amfi sɛ baabi a obetumi anya ahobammɔ paa ne n’Agya Yehowa Nyankopɔn ntaban ase.

Sɛ yɛkyerɛ adɔe te sɛ Rut na yɛde ahobrɛase yere yɛn ho yɛ adwuma na yenya anisɔ a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den na ayɛ biribi a afoforo betumi asuasua. Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa faa so hwɛɛ Rut ne Naomi? Yɛbɛka ɛno ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban foforo mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 22 Biribi a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ Rut amfrɛ no “Onyankopɔn” kɛkɛ sɛnea anka ɔnanani biara bɛyɛ no; ɔde Onyankopɔn din ankasa Yehowa no na ɛfrɛɛ no. The Interpreter’s Bible no ka sɛ: “Ɔkyerɛwfo no sii so dua sɛ na ɔnanani yi som nokware Nyankopɔn no.”

^ nky. 29 Ná ɛyɛ nhyehyɛe a ɛka koma paa a yebetumi aka sɛ na Rut nhuu ɛso bi da wɔ ne kurom. Tete aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no, na wɔmfa akunafo nyɛ hwee. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi kunu wu a, ne mmabarima na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no; sɛ onni mmabarima a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔtɔn ne ho kɔ nkoasom mu anaa okosi tuutuu anaa owu.”

[Kratafa 26 adaka]

Nhoma Ketewa a Wɔanwene No Yiye

Wɔka Rut nhoma no ho asɛm sɛ ɛyɛ nhoma ketewa a ɛsom bo a wɔanwene no yiye. Nanso, Rut nhoma no nte sɛ Atemmufo nhoma a edi n’anim no, efisɛ Ruth nhoma no nka nsɛm nkɔ akyiri pii saa, nanso ɛkyerɛ bere pɔtee a nsɛm a ɛwom no sisii. (Rut 1:1) Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ odiyifo Samuel na ɔkyerɛw Atemmufo ne Rut nhoma no nyinaa. Sɛ wokenkan Bible no a, wubehu sɛ baabi a wɔde Rut nhoma no ahyɛ wɔ Bible mu no fata paa. Atemmufo nhoma no ka akokoakoko ne nneɛma a wɔfow ho asɛm, na sɛ wokenkan wie a, nhoma a edi hɔ ne saa nhoma ketewa yi. Rut nhoma no kae yɛn sɛ Yehowa werɛ remfi asomdwoe nnipa a asetena mu dadwen da wɔn so no da. Nhoma a ɛka abusua ne fie nsɛmnsɛm yi kura asuade pii a ebetumi aboa yɛn nyinaa; ɛka nneɛma bi te sɛ ɔdɔ, ɔdɔfo wu, gyidi ne nokwaredi.

[Kratafa 24 mfonini]

Bere a ade tɔɔ Rut ani a ɔredi awerɛhow no, ɔbɛn Naomi, na ɛboaa no

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

“Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn”

[Kratafa 27 mfonini]

Anyɛ Rut den sɛ ɔbɛyɛ famfam adwuma a ɛyɛ den de ahwɛ ne ho ne Naomi