Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

DƐN na ɛboaa ɔbea bi a ɔwɔ Philippines ma ogyaee nsawe maa n’abrabɔ yɛɛ papa? Ɛyɛɛ dɛn na obi a ɔbɔ karate wɔ Australia bɛyɛɛ asomdwoe nipa a ɔka Bible mu asɛm? Kenkan saa nnipa yi anom asɛm.

“Nsakrae no Amma Prɛko Pɛ.”​—CARMEN ALEGRE

AFE A WƆWOO NO: 1949

ƆMAN A OFI MU: PHILIPPINES

TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆYƐ ƆKƆWENSANI

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ San Fernando a ɛwɔ Camarines Sur mantam mu. Nanso Antipolo a ɛwɔ Rizal Mantam mu na matena akyɛ. Antipolo yɛ kurow a ɛda mmepɔw mu a afifide ne nnua ayɛ hɔ ma, na bere a mekɔtenaa hɔ foforo no, na ɛhɔ yɛ dinn. Ná mentaa nhu sɛ nnipa nenam abɔnten anadwo. Seesei de, Antipolo abɛyɛ kurow kɛse a nnipa pii te hɔ.

Mitu kɔtenaa Antipolo no, mihyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Benjamin, na akyiri yi yɛwaree. Aware no ankɔ sɛnea na mehwɛ kwan. Mifii ase wee nsa de kataa me haw so. Ɛmaa m’asɛm yɛɛ den, na meteetee me kunu ne me mma. Mannya wɔn ho abotare koraa; ná me bo fuw ntɛmntɛm. Ná memfa me kunu nyɛ hwee. Enti asomdwoe a ɛde asomdwoe de, na ebi nni fie hɔ.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: M’akumaa Editha yɛ Yehowa Dansefo, na ɔkae sɛ ɛbɛyɛ yiye a anka me ne Benjamin mpene so mma Adansefo no ne yɛn mmesua Bible. Yɛpenee so hwɛe sɛ ebia ɛbɛboa yɛn abusua no anaa.

Bible adesua no ma yehuu nneɛma pii a ɛyɛ anigye. Nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 no kaa me koma paa. Saa nkyekyɛm no ka wɔn a daakye wɔbɛtena ase daa wɔ asase so paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ho asɛm sɛ Onyankopɔn bɛpopa “wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.” Ná mepɛ sɛ me nso minya saa nhyira no bi.

Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesesa me suban koraa. Nsakrae no amma prɛko pɛ, nanso nkakrankakra mitumi gyaee nsawe no. Misuae sɛ mɛtɔ me bo ase na manya abotare ama m’abusuafo. Bio nso misuae sɛ menya obu ama me kunu na mabrɛ me ho ase ama wadi abusua no anim.

Bere a me ne Benjamin fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam no, nea yehui wɔ hɔ no maa yɛn ani gyei paa. Adansefo no ntow kyakya, wɔnnom nsa mmoro so, na wonyiyi nnipa mu. Wɔde nidi ne obu ma obiara. Yehui sɛ ɛno ne nokware som.—Yohane 13:34, 35.

SƐNEA ABOA ME: Yɛn abusua asetena ayɛ yiye paa. Me ne Benjamin aware asɔ, na yɛde Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo. Yɛn mmabarima baanu no ne wɔn yerenom nso afi ase resua Bible. Yɛn ani da so sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba abɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa. Ade pa biara nni hɔ a yebetumi de yɛn asetena ayɛ a ɛkyɛn eyi.

“Ná Ɛyɛ me sɛ Biribiara Ntumi Me.”—MICHAEL BLUNSDEN

AFE A WƆWOO NO: 1967

ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆBƆ KARATE

ME KAN ASETENA: Albury na metena nyinii. Ɛyɛ New South Wales kurow fɛfɛ bi a sika wom. Sɛnea nsɛmmɔnedi wɔ kurow kɛse biara mu no, Albury nso, kakra wɔ hɔ, nanso ɛhɔ tena nyɛ hu.

Misua no, mamfa ɔbrɛ pii mu. Ɛwom sɛ midii mfe ason na m’awofo gyaee aware, nanso wɔhwɛ hui sɛ me ne me nuanom no (ɔbarima biako ne mmea baanu) nsa bɛka nea yehia nyinaa. Mekɔɔ sukuu papa, na misuaa ade yiye. Ná me papa pɛ sɛ miwie sukuu bɛyɛ sikadwuma kɛse. Nanso na m’ani gye agodi ho, na na meyɛ ade wɔ sakreka ne karate mu. Mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wosiesie kar, na ɛma minyaa bere pii maa agodi no.

Ná ehia me paa sɛ mɛteɛteɛ m’apɔw mu de anya ahoɔden. Ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ me sɛ biribiara ntumi me. Nea na ɔkyerɛ me karate no hui sɛ anhwɛ a mede m’ahoɔden besisi nkurɔfo, enti ɔkyerɛɛ me nea ɛbɛma matumi ahyɛ me ho so a merenyɛ basabasa. Ade a na ɔtaa si so dua kyerɛ me ne sɛ medi mmara so na madi nnipa nokware.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a mifii ase suaa Bible no, misuae sɛ Yehowa kyi awudisɛm. (Dwom 11:5) Ahyɛase no, m’adwene yɛɛ me sɛ karate nyɛ awudisɛm, na mmom ɛyɛ agodi a ɛho nni asɛm. Ɛyɛɛ me sɛ —abrabɔ pa a ɛwom no te sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no ara. Awarefo a wɔne me suaa ade no yɛ Adansefo a wonyaa me ho abotare paa. Wɔanka ankyerɛ me da sɛ minnyae karate no bɔ; Bible no ara na wɔne me suae.

Bere a me Bible nimdeɛ kɔɔ anim na mebɛn Yehowa no, mibehui sɛ adwene a minyae no nteɛ. Bere a misuaa nea Yehowa Ba Yesu yɛe no, ɛkaa me koma. Ná Yesu wɔ tumi paa, nanso wamfa n’ahoɔden anyɛ nkurɔfo basabasa. Asɛm a ɔkae wɔ Mateo 26:52 no kaa me paa. Ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.”

Yehowa ho ade a misuae no maa ɔdɔ ne obu a mewɔ ma no no yɛɛ kɛse. Bere a mibehui sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo ne otumfoɔ no dwen me ho no, ɛkaa me koma paa. Ade biako a ɛkaa me koma paa ne sɛ mibehui sɛ, sɛ mefom Yehowa anaa nneɛma nkɔ yiye na m’aba mu reyɛ abu, na sɛ mampa aba nko ara de a, Yehowa bɛkɔ so anya me ho abotare. Minyaa awerɛkyekye paa wɔ ne bɔhyɛ yi mu: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’” (Yesaia 41:13) Bere a mihui sɛ wakyerɛ ɔdɔ akyerɛ me saa no, mampɛ sɛ biribiara bɛsɛe saa ɔdɔ no.

Ná minim sɛ ade a ɛbɛyɛ den paa sɛ megyae ne karate no. Nso na minim sɛ, sɛ migyae a, Yehowa ani begye, na na migye di yiye paa sɛ som a mɛsom no no ho hia sen biribiara. Migye di sɛ nea ɛsesaa m’adwene koraa ne Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:24 a mekenkanee no. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu.” Mihui sɛ merentumi nsom Yehowa yiye na mensan mmɔ karate no, anyɛ saa a m’adwene bɛsan akɔ karate no so. Saa bere no, na ɛsɛ sɛ miyi nea mɛsom no.

Ná karate no gyae nna fam. Ɛyɛɛ me anigye san yɛɛ me awerɛhow. M’ani gyei sɛ mereyɛ nea Yehowa pɛ, nanso na ɛyɛ me sɛ manni nea ɔkyerɛɛ me karate no nokware. Nnipa a wɔbɔ karate no, sɛ wɔanni obi nokware a, wobu no sɛ bɔne a wɔmfa nkyɛ. Ebinom koraa de, ɛba saa a anka wobekum wɔn ho mpo.

Ná minhu nea ɛbɛyɛ koraa a metumi akogyina me masta no anim aka sɛ meregyae karate no. Enti migyaee a manka ankyerɛ no, na me ne ɔno ne wɔn a me ne wɔn bɔ karate no nso twaam koraa. Ná minim sɛ karate a magyae bɔ no yɛ ne kwan so. Nanso m’adwene buu me fɔ sɛ mankyerɛkyerɛ me gyidi foforo no mu ankyerɛ wɔn bere a anka ɛyɛ hokwan kɛse ma me sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo. Metee nka sɛ madi Yehowa huammɔ koraa ansa na merefi ase asom no. Ɛho adwennwene hyɛɛ me so. Mmere pii wɔ hɔ a meyɛ sɛ merebɔ Yehowa mpae a, na awerɛhow ahyɛ me so ma meresu.

Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa huu biribi pa bi wɔ me ho efisɛ ɔmaa anuanom a wɔwɔ asafo no mu no boaa me paa. M’ani sɔɔ ɔdɔ, awerɛkyekye, ne ayɔnkofa a wɔdaa no adi kyerɛɛ me no paa. Dawid ne Bat-Seba ho asɛm a mekenkanee wɔ Bible mu no kyekyee me werɛ. Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ du nanso bere a ofi komam nuu ne ho no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. Saa asɛm no a midwinnwen ho nti amma me mfomso no anhyɛ me so.

SƐNEA ABOA ME: Ansa na meresua Bible no, na obiara asɛm mfa me ho; ná midwen me nko ara me ho. Nanso Yehowa ne me yere a maware no mfe ason no adaworoma, masua sɛnea yedwen nnipa ho. Yɛanya hokwan ne nnipa pii asua Bible, na tebea a na ebinom wom yɛ awerɛhow. Sɛ mihu sɛnea Yehowa dɔ ka ebinom nso ma wɔsesa wɔn abrabɔ no a, ɛma m’ani gye paa; ɛkyɛn sɛ mɛbɔ karate agye mu abodin koraa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

“Bere a mibehui sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo ne otumfoɔ no dwen me ho no, ɛkaa me koma paa”

[Kratafa 15 adaka/mfonini]

“Meda Mo Ase sɛ Mokyerɛw Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran Saa!”

Osuahu a wokenkanee wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu seesei ara no, w’ani gyee ho? Efi August 2008 no, nnipa bɛboro 50 na wɔn suahu aba Ɔwɛn-Aban mu, na emu 2 pɛ na woakenkan yi. Nnipa pii ani gye afã a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” no ho paa. Dɛn na ɛma nkurɔfo ani gye ho saa?

Ɛsono baabi a nnipa a wɔn suahu aba Ɔwɛn-Aban mu no biara fi. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ansa na wɔresua Yehowa Nyankopɔn ho ade no na wɔwɔ asetena pa nanso na wonni botae papa biara wɔ asetena mu. Ebinom nso de, na wɔwɔ suban bi a ɛsɛ sɛ wogyae: abufuw bɔne, nnubɔne, ne asabow. Ebinom nso behuu Yehowa som bere a na wosua, nanso wogyae too hɔ kakra. Osuahu yi nyinaa ma yehu sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ nsakrae ma Onyankopɔn ani gye ne ho a, ebetumi ayɛ yiye, na sɛ obi yɛ saa nso a, esi no yiye bere nyinaa. Mfaso bɛn na wɔn a wɔkenkan nhoma yi anya afi saa nsɛm yi mu?

Ɔkenkanfo bi kae sɛ February 1, 2009 Ɔwɛn-Aban no aboa mmea bi a wɔda afiase.

◼ Ɔkae sɛ: “Ná mmea a wɔda afiase no pii nso tebea te sɛ nnipa a wɔn suahu baa [Ɔwɛn-Aban no] mu no. Nea ɛma nsɛm no tu mpɔn paa no bi ne sɛ, wɔde sɛnea na nnipa no mu biara te ne sɛnea ɔte seesei no ho mfonini ba mu, na wɔkyerɛ abrabɔ a bere bi na ɔwom nso. Ná wɔn a wɔda afiase no pii bɔ saa bra no bi. Bere a nnipa baanu bi a wɔda afiase kenkan saa osuahu no, wofii ase suaa Bible.”—C. W.

Osuahu ahorow a aba ɔfã ha no aka Ɔwɛn-Aban akenkanfo pii koma. April 1, 2011 Ɔwɛn-Aban no sɛɛ, ɛkaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Guadalupe Villarreal suahu sɛ, ogyaee mmarima a na ɔne wɔn da no bɛsom Yehowa. Kenkan nkrataa a yɛn akenkanfo no bi akyerɛw abrɛ yɛn no mu abien pɛ.

◼ “Guadalupe suahu no kaa me koma paa. Ɛyɛ anigye paa sɛ yebehu sɛ, sɛ obi dɔ Yehowa ne n’Asɛm no a, etumi ma ɔsesa koraa!”—L. F.

◼ “Bere bi a atwam no, sɛ mihyia obiara a na meka me gyidi ho asɛm kyerɛ no; mmarima a wɔne mmarima da mpo ka ho. Nanso nnansa yi de, ɛyɛ a metaa twa saa nnipa no gya, na memmɛn wɔn koraa. Asɛm yi ara na na mihia. Aboa me ama seesei mihu saa nnipa no sɛnea Yehowa hu wɔn; mihu sɛ wobetumi abɛyɛ n’asomfo.”—M. K.

Onipa foforo nso a ne suahu kaa akenkanfo koma paa ne Victoria Tong. Ne suahu no baa August 1, 2011 Ɔwɛn-Aban no mu. Victoria kaa amanehunu a ɔfaa mu wɔ mmofraberem. Ogye toom sɛ, mfe pii a ɔde som Yehowa no nyinaa akyi no, na ɛda so yɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase sɛ Yehowa dɔ no. Afei nso ɔkyerɛɛ ade a aboa no nkakrankakra ama wate ase sɛ Yehowa dɔ no. Yɛnhwɛ nea akenkanfo bi ka faa n’asɛm no ho.

◼ “Victoria asɛm no te sɛ m’asɛm. Mafa amanehunu pii mu. Mebɔɔ asu bɛyɛɛ Ɔdansefo akyɛ. Ne nyinaa akyi no nsɛm pii ba me tirim ma mebotow. Nanso Victoria asɛm no ama me ahoɔden foforo a mede beyi saa adwene no afi me tirim na mahu me ho sɛnea Yehowa hu me.”—M. M.

◼ “Bere a misua no, mehwɛɛ aguamansɛm ma ɛkaa me hɔ, nanso mebɔɔ mmɔden tetew me ho. Nnansa yi ara masan akɔhwɛ bio. Asafo mu mpanyimfo aboa me ama matumi adi so. Mpanyimfo no ama mate ase sɛ Onyankopɔn dɔ me na ɔde me bɔne akyɛ me. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mete nka sɛ me so nni mfaso na Yehowa nnɔ me. Victoria suahu no a mekenkanee no aboa me paa. Afei de mabehu sɛ, sɛ meka sɛ Onyankopɔn ntumi mfa me bɔne nkyɛ me a, na mepɛ sɛ mekyerɛ sɛ me bɔne no sõ dodo ma ne Ba no afɔrebɔ no. Matwa osuahu no ato baabi, enti bere biara a mɛte nka sɛ me so nni mfaso no mekenkan dwennwen ho. Meda mo ase sɛ mokyerɛw nsɛm a ɛhyɛ nkuran saa!”—L. K.