Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Obi Tie Mpaebɔ?

Enti Obi Tie Mpaebɔ?

Enti Obi Tie Mpaebɔ?

“Ná minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso ɛtɔ da bi na mebɔ mpae. Ná mintumi nhu sɛ obi tie me mpaebɔ no, nso saa bere no na merepɛ obi ama watie me. Ná m’ani nnye, na na minni atirimpɔw biara wɔ asetena mu. Ná mempɛ sɛ migye Onyankopɔn di efisɛ na ɛyɛ me sɛ nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ na wogye Onyankopɔn di.”—PATRICIA, * IRELAND.

ƐYƐ a wote nka te sɛ Patricia? W’adwene nsi wo pi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo a, ɛyɛ a wobɔ mpae? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi.

◼ Bere bi wobisabisaa Britainfo 2,200 nsɛm, na wohui sɛ wɔn mu ɔha biara mu 22 gye di sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ hɔ a ɔno na ɔbɔɔ wiase na otie mpaebɔ nso. Nanso nnipa no bɛboro fã de, ɛwom ara a, wɔbɔ mpae.

◼ Wobisabisaa nnipa 10,000 a wofi aman pii so nsɛm. Woyi nnipa a wɔkyerɛ sɛ wonnye Onyankopɔn nni no ɔha biara a, emu bɛyɛ 30 bɔ mpae.

Adɛn Nti na Wɔn Adwene Nsi Wɔn Pi?

Allan a ofi England ka sɛ: “Ná metaa ka sɛ minnye Onyankopɔn nni efisɛ na ɛyɛ me sɛ wɔahyehyɛ nyamesom de redaadaa nnipa de apɛ sika. Ná mesan ka sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, anka ɛnsɛ sɛ nnipa hu amane. Nanso ɛtɔ da a, metena ase dinn, na nea mehu ara ne sɛ me ne ‘obi’ rekasa. Ɛyɛ a mibisa me ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na mebaa wiase?’”

Wɔn a wɔte nka saa no, obiara wɔ nea enti a n’adwene nsi no pi sɛ obi tie mpaebɔ. Mpɛn pii no, nea enti a wɔn tirim nteɛ wɔn ne nsɛmmisa bi te sɛ nea edidi so yi:

◼ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa?

◼ Adɛn na nyamesom taa piapia nnipa ma wodi bɔne?

◼ Adɛn nti na Onyankopɔn ma yehu amane?

Sɛ wunya nsɛmmisa yi ho mmuae a, anka mpaebɔ bɛyɛ mmerɛw ama wo anaa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.