Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Mpaebɔ Tiefo?

Hena Ne Mpaebɔ Tiefo?

Hena Ne Mpaebɔ Tiefo?

SƐ OBI wɔ hɔ a otie mpaebɔ a, ɛnde na ɔbɛyɛ Ɔbɔadeɛ nso. Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ nnipa adwene no a, hena bio na obetumi ahu nea ɛwɔ wo tirim? Hena bio na obetumi atie mpaebɔ na wama adesamma nea wohia? Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Nyansa wom sɛ yebegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa?’

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi ka sɛ ogye Ɔbɔadeɛ di a, na ɛkyerɛ sɛ onnye ɛnnɛ nyansahu ntom. Nanso sɛ obi gye Onyankopɔn di a, ɛnkyerɛ sɛ ɔrentumi nnye nyansahu ntom. Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi.

◼ Nnansa yi, wobisabisaa nyansahu ho abenfo 1,646 nsɛm wɔ suapɔn akɛse 21 mu wɔ United States, na wohui sɛ, sɛ woyi abenfo no baasa biara a, emu biako pɛ na ɔkae sɛ “minnye Onyankopɔn nni.”

Nea ɛte ankasa ne sɛ nyansahufo dodow bi gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ Bi Wɔ Hɔ

So ɛsɛ sɛ yegye di sɛ mpaebɔ Tiefo bi wɔ hɔ bere a yɛnte ase? Dabida. Ebinom taa ka sɛ, ‘Yɛnte ase nso yegye di.’ Nanso ɛnyɛ saa na gyidi kyerɛ. Bible kyerɛkyerɛ gyidi mu sɛ “nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.” (Hebrifo 11:1) Nkyerɛase foforo ka sɛ gyidi “ma yegye tom sɛ nneɛma bi a yɛmfa yɛn ani nhu wɔ hɔ ampa.” (The New English Bible) Sɛ nhwɛso no, wuntumi mfa w’ani nhu mframa, nanso mframa tumi hinhim nnua ne ade, enti yenim sɛ ɛwɔ hɔ. Saa ara nso na yentumi nhu mpaebɔ Tiefo no, nso yetumi hwɛ adanse a ɛwɔ hɔ no ma yegye di sɛ ɔwɔ hɔ.

Ɛhe na yebetumi anya adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Yɛnhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Bible ka sɛ: “Nokwarem no, ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Saa asɛm no, wugye di sɛ ɛtɔ asom? Sɛ wohwɛ sɛnea biribiara ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu ne sɛnea onipa amemene te, na wudwinnwen sɛnea ebia nkwa bae ho a, ɛma wuhu sɛ ɛbɛyɛ sɛ tumi bi wɔ hɔ a ɛkyɛn onipa tumi. *

Nanso ɛnyɛ abɔde nkutoo na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa na sɛ yɛde yɛn nhwehwɛmu no gyina abɔde nkutoo so a, ɛte sɛ nea yɛwɔ dan mu na yɛte obi nan ase wɔ abɔnten. Yenim sɛ obi wɔ abɔnten hɔ de, nanso yennim nipa ko. Sɛ yebehu nipa ko pɔtee a, gye sɛ yebue pon no ansa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛte saa ansa na yɛatumi ahu Ɔbɔadeɛ no.

Bible no na ebetumi abue kwan ama yɛanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Sɛ wubue mu na wohwɛ nkɔmhyɛ a ɛwom no bi ne sɛnea aba mu no a, wubenya adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. * Nea ɛkyɛn saa ne sɛ, sɛnea Onyankopɔn ne nnipa adi no ma yehu sɛnea mpaebɔ Tiefo no te.

Mpaebɔ Tiefo no Te Dɛn?

Bible no ma yehu sɛ mpaebɔ Tiefo no yɛ obi ankasa a wubetumi ahu sɛnea ɔte. Sɛ ɔnyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a, anka ɔrentumi ntie yɛn asɛm na ɔrentumi nte yɛn ase nso. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yehu saa asɛm yi wɔ Bible mu: “O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.” (Dwom 65:2) Otie wɔn a wofi gyidi mu bɔ no mpae no. Ɔwɔ din nso. Bible ka sɛ: “Yehowa ne amumɔyɛfo ntam kwan ware, na treneefo mpaebɔ de otie.”—Mmebusɛm 15:29.

Yehowa wɔ atenka. Ɔyɛ “ɔdɔ . . . Nyankopɔn” na wɔsan frɛ no “anigye Nyankopɔn.” (2 Korintofo 13:11; 1 Timoteo 1:11) Ná bɔne a ɛrekɔ so tete no haw no paa, na Bible ka ho asɛm sɛ: “Odii awerɛhow ne komam.” (Genesis 6:5, 6) Adwene a nkurɔfo anya sɛ Onyankopɔn de amanehunu ba nnipa so de sɔ wɔn hwɛ no nyɛ nokware. Bible ka sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne.” (Hiob 34:10) Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔbɔɔ biribiara a, adɛn nti na ɔma amanehunu kɔ so?’

Yehowa de hokwan ama yɛn sɛ yetumi kyerɛ nea yɛpɛ, na ɛno ma yehu sɛnea Onyankopɔn te. Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ yetumi bɔ yɛn bra sɛnea yɛpɛ anaa? Nanso nea ɛhaw adwene ne sɛ nnipa pii de saa hokwan no yɛ nneɛma a ɛmfata de amanehunu brɛ wɔn ho ma ebi ka afoforo nso. Asɛmmisa bi a ɛsɛ sɛ yedwen ho yiye paa ne sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi ayi amanehunu afi hɔ a onnye yɛn pɛ mfi yɛn nsam? Ɛno na yɛbɛka ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ sɛ wuhu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, hwɛ nhoma a wɔato din The Origin of Life—Five Questions Worth Asking ne Is There a Creator Who Cares About You? Yehowa Adansefo na wotintim nhoma abien no nyinaa.

^ nky. 10 Yehowa Adansefo atintim nhoma abien bi a wɔato din Amansan Nhoma ne The Bible—God’s Word or Man’s? Ebetumi aboa wo ama woahwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa nnipa kyerɛw Bible no.

[Kratafa 5 adaka]

Nyamesom Nti na W’adwene Nsi Wo Pi Anaa?

Awerɛhosɛm ne sɛ nyamesom na ama nnipa adwene nsi wɔn pi sɛ mpaebɔ Tiefo mmɔborɔhunufo bi wɔ hɔ. Sɛnea nyamesom de ne ho awurawura akodi ne awudisɛm mu, na wɔama kwan ma wɔyɛ mmofra basabasa no ama ebinom a wɔbɔ mpae mpo aka sɛ, “Minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.”

Adɛn nti na nyamesom taa piapia nnipa ma wodi bɔne? Nea ɛwom ara ne sɛ, nnipabɔnefo redi bɔne wɔ nyamesom din mu. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nkurɔfo de Kristosom bɛkata wɔn ani adi bɔne. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mpanyimfo sɛ: “Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo Nnwuma 20:29, 30.

Onyankopɔn kyi atorosom. Onyankopɔn Asɛm Bible ka sɛ “wɔn a wɔakunkum wɔn asase so nyinaa mogya” gu atorosom tiri so. (Adiyisɛm 18:24) Esiane sɛ atorosom nkyerɛ nkurɔfo nokware Nyankopɔn no ho nokwasɛm nti, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no ani so no, wodi mogya ho fɔ.—1 Yohane 4:8.

Nnipa a atorosom ma wohu amane no, wɔn asɛm yɛ mpaebɔ Tiefo no mmɔbɔ. Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma nti, ɛrenkyɛ ɔnam Yesu so bebu nyamesomfo nyaatwomfo no nyinaa atɛn. Yesu kae sɛ: “Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu?’ . . . Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.”—Mateo 7:22, 23.