Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Honhom Abɔde—Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Yɛn Abrabɔ Mu?

Honhom Abɔde—Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Yɛn Abrabɔ Mu?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Abɔfo yɛ abɔde bɛn?

Abɔfo yɛ honhom abɔde a wɔte soro. Abɔfo kyɛn nnipa. Nokware Nyankopɔn no nso yɛ honhom, na ɔbɔɔ abɔfo no ansa na ɔrebɔ asase. (Hiob 38:4, 7; Mateo 18:10) Yehowa wɔ abɔfo anokwafo mpempem pii a wɔatwa ne ho ahyia.—Kenkan Dwom 103:20, 21; Daniel 7:9, 10.

2. Enti abɔfo boa nnipa?

Abɔfo boaa ɔtreneeni Lot. Kurow a na Lot te mu no, na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ wɔn bɔne nti ɔbɛsɛe hɔ. Abɔfo baanu ka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ wonguan. Kɔkɔbɔ no yɛɛ ebinom sɛ nsɛnkwaa, enti wobuu wɔn ani guu so. Nanso Lot ne ne mmabea tiee abɔfo no kɔkɔbɔ a efi Onyankopɔn hɔ no, na wonyaa nkwa.—Kenkan Genesis 19:1, 13-17, 26.

Bible ka sɛ ɛnnɛ nso abɔfo reboa nnipa; wɔrekyerɛ wɔn a wɔayere wɔn ho reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kwan. (Mateo 24:14) Asɛmpa a wɔka no, ɛsan yɛ kɔkɔbɔ nso. Ɛte sɛ kɔkɔbɔ a wɔde maa Lot no; ɛnyɛ nsɛnkwaa bi kɛkɛ. Onyankopɔn na ɔnam abɔfo so de ma nnipa.—Kenkan Adiyisɛm 1:1; 14:6, 7.

Sɛ yehyia sɔhwɛ a, Onyankopɔn betumi ama abɔfo ahyɛ yɛn den. Ɔmaa ɔbɔfo hyɛɛ Yesu den.—Kenkan Luka 22:41-43.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛma abɔfo no adwuma foforo bi; ɔbɛma wɔasɛe abɔnefo a wɔde amanehunu ba no nyinaa. Ɛno bɛma adesamma anya anigye ne ahotɔ.—Kenkan 2 Tesalonikafo 1:6-8.

3. Dɛn na adaemone de yɛ yɛn?

Sɛnea nnipa bebree yɛ asoɔden tia Onyankopɔn wɔ asase so no, saa ara na ɔsoro nso abɔfo pii tew atua tiaa Onyankopɔn. (2 Petro 2:4) Wɔfrɛ abɔfo atuatewfo no adaemone. Nea odi mu kan ne Satan Ɔbonsam. Satan ne n’adaemone no redaadaa adesamma.—Kenkan Adiyisɛm 12:9.

Satan nam apoobɔ nnwuma, atumfoɔ ne atorosom so adaadaa nkurɔfo atwe wɔn afi Onyankopɔn ho. Enti ntɛnkyea, awudisɛm, ne amanehunu a ɛreteetee adesamma no nyinaa fi Satan.—Kenkan 1 Yohane 5:19.

4. Ɔkwan bɛn na adaemone fa so daadaa nnipa?

Satan adaadaa nnipa pii ama wɔabenya adwene sɛ nnipa wu a wɔdan ahonhom ne wɔn kasa. Nanso Bible ka sɛ awufo ntumi nyɛ hwee. (Ɔsɛnkafo 9:5) Adaemone tumi ma nkurɔfo te ɛnne bi te sɛ wɔn ho nipa a wawu de daadaa wɔn. (Yesaia 8:19) Adaemone nam adebisafo, akɔmfo, wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm ne nsoromma mu ahwɛfo so daadaa ebinom. Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi saa nneɛma no ho. Enti sɛ yɛwɔ ahonhonsɛm anaa asumansɛm ho biribiara a, ɛsɛ sɛ yɛtow gu.—Kenkan Deuteronomium 18:10, 11; Asomafo Nnwuma 19:19.

Sɛ yɛdɔ Yehowa a ɛnsɛ sɛ yesuro adaemone. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm na yɛde nea yesua no yɛ adwuma a, yɛbɛko atia Ɔbonsam na yɛabɛn Onyankopɔn. Yehowa wɔ tumi koraa sen adaemone no. Sɛ yehia ahoɔden a, n’abɔfo anokwafo no betumi ahyɛ yɛn den.—Kenkan Dwom 34:7; Yakobo 4:7, 8.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 10 no.