Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Adɛn nti na nnipa a wɔtenaa ase tete no de kootaa hyehyɛɛ birikisi?

Bible ka wɔn a wosii Babel abantenten no ho asɛm sɛ “birikisi bɛyɛɛ abo maa wɔn, na wɔde kootaa hyehyɛe.”—Genesis 11:3.

Kootaa yɛ biribi a wonya wɔ asase mu na efi fango mu. Epuepue fi asase mu na ɛkyenkyen. Sɛ wokɔ Mesopotamia a, ɛnyɛ na wɔ hɔ. Tete mmere mu nyinaa, na wonim sɛ etumi tare ade yiye. Nhoma bi ka kootaa ho asɛm sɛ, “sɛ wɔde birikisi a wɔatõ resi dan a, ɛno na wɔde hyehyɛ.”

Ebinom kɔɔ tete kurow Ur a ɛwɔ Mesopotamia amanfo so kɔhwehwɛɛ hɔ, na nhoma bi ka ho asɛm. Nea ɔkyerɛw asɛm no kae sɛ: “Fango a abu so wɔ Iraq anafo fam no, tete no na wɔtaa de kootaa a wonya fi mu no hyehyɛ birikisi a wɔatõ. Na nnɛ ne nnɛ yi nyinaa wokɔ hɔ a wubehu bi. Tete hɔ no, na wɔde saa ade tuntum yi keka nneɛma si anim, nanso ɛnnɛ de, ɛde mpaapaemu ne ntɔkwaw na aba hɔ. Tete Babilonfo birikisi a na wɔde dɔte yɛ no, na emu yɛ mmerɛw, enti nea ɛbɛyɛ a nsu nhohoro nkɔ no, wɔde kootaa hyehyɛɛ birikisi de sisii adan, na wɔde bi nso yɛɛ akwan; ɛno na ama atena hɔ mfe mpempem pii no.”—Archaeology.

“Krataa” bɛn na na ɛwɔ hɔ tete no?

Asɛm bi a Yohane kyerɛwee wɔ Bible mu na ama asɛmmisa yi asɔre. Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ mewɔ nneɛma pii a anka mɛkyerɛw abrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri kyerɛw.”—2 Yohane 12.

Nea Hela asɛmfua kharʹtes a wɔakyerɛ ase “krataa” no kyerɛ ne mmɛw a na wodua wɔ nsu ho. Nhoma bi ka ɔkwan a na wɔfa so de mmɛw yɛ krataa no ho asɛm sɛ: “Ná mmɛw nnua no tumi yɛ atenten bɛyɛ mita 3. Enti sɛ wɔwaawae a, na wɔatwitwa no nteaanteaa akeka afam ho. Wodi kan de bi toto ntentenmu na wɔde bi abeabea mu. Afei wɔde abɔsobaa boro mmɛw no, na wɔde ade atwitwiw so ama ayɛ toromtorom.”

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akonya nhoma pii wɔ Egypt ne beae bi a ɛbɛn Ɛpo a Awu no. Ná wɔde mmɛw krataa na akyerɛw. Mmɛw nhoma a wohui no bi yɛ Kyerɛwnsɛm, na wɔkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw saa nhoma no wɔ Yesu bere so anaa wɔkyerɛwee ansa na wɔrewo no mpo. Bible mu nkrataa bi te sɛ nea asomafo no kyerɛwee no, ebetumi aba sɛ mmɛw krataa so na wɔkyerɛw gui.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]

Spectrumphotofile/​photographersdirect.com

© FLPA/​David Hosking/​age fotostock