Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade Bi a Afei na Ɛrebesisi

Anwonwade Bi a Afei na Ɛrebesisi

Anwonwade Bi a Afei na Ɛrebesisi

FA NO sɛ oduruyɛfo bi rebɛyɛ wo oprehyɛn kɛse bi. Sɛ wote sɛ ɔnyɛɛ saa oprehyɛn no bi da a, anka wobɛte nka dɛn? Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ wo adwennwene. Nanso fa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ oduruyɛfo no akwadare saa oprehyɛn no mu, na wayɛ bebree a ne nyinaa kɔɔ yiye. Anka worennya ahotoso wɔ ne mu sɛ wo nso, obetumi ayɛ wo oprehyɛn no anaa?

Wiase no nso yare na ehia “ayaresa” ntɛmtɛm. Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ ɔbɛsan ama asase yi adan Paradise. (2 Petro 3:13) Nanso ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ oyi abɔnefosɛm fi hɔ koraa. (Dwom 37:9-11; Mmebusɛm 2:21, 22) Ɛsɛ sɛ oyi awerɛhosɛm a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa fi hɔ ansa na watumi de paradise asan aba. Enti ɔbɛyɛ anwonwade ama saa nneɛma yi aba mu!​—Adiyisɛm 21:4, 5.

Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛrenkyɛ, saa nsakrae akɛse no bɛba. Dɛn na ɛma wogye di saa? Anwonwade ahorow a Yehowa Nyankopɔn adi kan ayɛ no kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛma ne bɔhyɛ aba mu. Ma yɛnhwɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no asia pɛ, na yɛmfa ntoto bɔhyɛ a ɛbɛba mu daakye no ho.

Toa so sua Bible bɔhyɛ a ɛbɛba mu daakye no ho ade. Ɛbɛma woanya gyidi kɛse sɛ. Sɛ wo gyidi yɛ kɛse a, ɛbɛma woanya anidaso sɛ, sɛ Yehowa yɛ saa anwonwade ahorow no a, wode w’ani behu na woanya so mfaso.

[Kratafa 9 adaka/mfonini]

ANWONWADE:

YESU DE PAANOO NE MPATAA KAKRAA BI MAA NNIPA MPEMPEM PII DI MEE.​—MATEO 14:13-21; MARKO 8:1-9; YOHANE 6:1-14.

BƆHYƐ:

“Asase bɛma ne nnɔbae; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.”​DWOM 67:6.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

ƆKƆM RENNE OBIARA BIO.

ANWONWADE:

YESU MAA ANIFURAEFO HUU ADE.​—MATEO 9:27-31; MARKO 8:22-26.

BƆHYƐ:

“Anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm.”​YESAIA 35:5.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

ANIFURAEFO NYINAA BEHU ADE.

ANWONWADE:

YESU SAA WƆN A WƆADI DƐM YARE.​—MATEO 11:5, 6; YOHANE 5:3-9.

BƆHYƐ:

“Apakye behuruw sɛ ɔforote.”​YESAIA 35:6.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

WƆN A WƆADI DƐM NYINAA BENYA AYARESA.

ANWONWADE:

YESU SAA NYAREWA AHOROW PII.​—MARKO 1:32-34; LUKA 4:40.

BƆHYƐ:

“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”​YESAIA 33:24.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

NYAREWA A ƐYƐ HU NYINAA BEFI HƆ. YEBENYA APƆWMUDEN A EDI MŨ.

ANWONWADE:

YESU MAA ƐPO NE MFRAMA YƐƐ DINN.​—MATEO 8:23-27; LUKA 8:22-25.

BƆHYƐ:

“Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrenyɛ adwumahunu.”​YESAIA 65:21, 23.

“Wo ne nhyɛso ntam bɛware, na worensuro obiara; wo ne ahude nso ntam bɛware, na ɛremmɛn wo.”​YESAIA 54:14.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

ATOYERƐNKYƐM NYINAA BEFI HƆ.

ANWONWADE:

YESU NYANEE AWUFO.​—MATEO 9:18-26; LUKA 7:11-17.

BƆHYƐ:

‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’​YOHANE 5:28, 29.

“Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne asaman yii emu awufo mae.”​ADIYISƐM 20:13.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN:

YƐN ADƆFO A WƆAWUWU BENYA OWUSƆRE.