Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No​—Ɛyɛ Nokware Ampa?

Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No​—Ɛyɛ Nokware Ampa?

Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No​—Ɛyɛ Nokware Ampa?

SƐ OBI ka anwonwasɛm bi kyerɛ wo a, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ wubegye asɛm no adi anaasɛ wunnye nni? Ɛnyɛ onipa no suban? Ɛnyɛ ɔkwan a ɔbɛfa so aka asɛm no nko na ɛbɛma woanya ne mu ahotoso, na mmom nea wobɛhwɛ nso ne sɛ onipa no yɛ ɔnokwafo anaa. Sɛ wuhu sɛ ɔyɛ obi a ɔka nokware na sɛ onnii atoro nkyerɛɛ wo da a, ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegye nea ɔreka akyerɛ wo seesei no adi.

Saa ara na anwonwade a Bible ka ho asɛm no te. Bere a saa nsɛm no sisii no, na yɛn mu biara nni hɔ. Nanso sɛ Bible mu asɛm tɔ asom anaa ɛyɛ nokware a, yetumi hu. Ɔkwan bɛn so? Nneɛma bi a ɛma yehu sɛ anwonwade a Bible ka ho asɛm no yɛ nokware no bi na edidi so yi.

Wɔyɛɛ anwonwade no pii wɔ nnipam. Ebi wɔ hɔ a nnipa mpempem pii na wohui. (Exodus 14:21-31; 19:16-19) Wɔanyɛ no ahintawee mu, na mmom wɔyɛɛ no nnipam.

Wɔamma anwonwade no anyɛ kuntann. Wɔanyɛ nneɛma akɛseakɛse bi ankyerɛ nnipa, na wɔansosɔ nkanea yerɛwyerɛw biara. Anwonwade a Bible ka ho asɛm no, dodow no ara, wɔanhyehyɛ anto hɔ. Ɛbaa putupuru, na ɛtɔ da bi a na ɛyɛ obi adesrɛ. (Marko 5:25-29; Luka 7:11-16) Enti ɛrentumi mma sɛ wɔn a wɔyɛɛ anwonwade no hyehyɛ too hɔ.

Wɔn a wɔyɛɛ anwonwade no, wɔanyɛ sɛ wɔde repɛ anuonyam ne sika. Mmom wɔde hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Yohane 11:1-4, 15, 40) Bible kasa tiaa wɔn a wɔyɛe sɛ wɔde anwonwade tumi bɛhwehwɛ ahonyade no.—2 Ahene 5:15, 16, 20, 25-27; Asomafo Nnwuma 8:18-23.

Esiane sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no gu ahorow pii nti, yɛrentumi nka sɛ efi nnipa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obi maa ɛpo yɛɛ komm na ɔmaa nsu dan nsã, na obi nso maa nsu gyaee tɔ, na ɔma ɛsan tɔe. Ebinom saa ayarefo yare, na wɔmaa anifuraefo huu ade. Saa anwonwade no ne bebree a ɛkeka ho ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ tumi bi a ɛboro nnipa ahoɔden so a etumi kɛntɛn abɔde so na wɔde yɛɛ anwonwade no.—1 Ahene 17:1-7; 18:41-45; Mateo 8:24-27; Luka 17:11-19; Yohane 2:1-11; 9:1-7.

Atamfo a wohuu anwonwade no mpo gye toom sɛ esisii. Bere a Yesu nyanee n’adamfo Lasaro no, nyamesomfo a na wɔne Yesu ani nhyia no annye Lasaro wu no ho akyinnye. Wɔantumi annye akyinnye efisɛ na Lasaro awu ma wɔasie no nnanan. (Yohane 11:45-48; 12:9-11) Yesu wu akyi mfe pii mpo no, wɔn a wɔkyerɛw Yudafo Talmud no kɔɔ so gye toom sɛ na Yesu wɔ tumi a ɔde yɛ anwonwade. Nea wogyee ho kyim ara ne baabi a tumi no fi. Afei nso bere a wɔde Yesu asuafo no begyinaa Yudafo asɛnnibea hɔ no, wɔammisa wɔn sɛ “Ɛyɛ ampa sɛ moyɛ anwonwade?” Mmom wobisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn anaa hena din mu na moyɛɛ eyi?”—Asomafo Nnwuma 4:1-13.

Wubetumi agye anwonwade a Bible ka ho asɛm no adi anaa? Sɛ yɛhwɛ nea yɛaka ho asɛm no a, ɛda adi sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware. Yɛwɔ nneɛma foforo a ɛma yegye nea Bible ka no tom. Sɛ nhwɛso no, sɛ Bible reka biribi ho asɛm a, ɛtaa ka bere a esii ne baabi a esii, na ɛbobɔ nnipa a asɛm no fa wɔn ho no din. Nnipa a wɔkasa tia Bible mpo no, sɛnea emu abakɔsɛm di mu no yɛ wɔn nwonwa paa. Bible mu nkɔmhyɛ pii aba mu pɛpɛɛpɛ. Bio nso, Bible ma yenya afotu pii a ɛboa ma asomdwoe ba nnipa ntam, na saa afotu no aboa nnipa pii, mpanyin ne mmofra nyinaa. Afotu a Bible de ma no boa paa ma yetumi ne yɛn yɔnko nnipa tena yiye; afotu biara ne no nsɛ.

Sɛ w’adwene nsi wo pi wɔ Bible no ho a, ɛnde pɛ bere fa hwehwɛ mu yiye. Sɛ wuhu mu yiye a, ɛbɛma woanya mu gyidi. (Yohane 17:17) Wubehu sɛ anwonwade a asisi atwam a Bible ka ho asɛm no yɛ nokware. Sɛ wugye saa anwonwade no di a, ɛbɛma woanya nnyinaso a wode begye nea Bible ka sɛ ebesisi daakye no adi.

[Kratafa 7 mfonini]

Wɔn a na wɔne Yesu ani nhyia no annye Lasaro wu no ho akyinnye