Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Bere Bɛn na Yesu Bɛyɛɛ Ɔhene?

Bere Bɛn na Yesu Bɛyɛɛ Ɔhene?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Ahenni bɛn na Onyankopɔn de hyɛɛ Yesu bɔ no?

Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Ɔhene Dawid aseni bɛtena Onyankopɔn ahengua so afebɔɔ. Saa aseni a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no ne Yesu, na ɛnnɛ ɔyɛ Ɔhene wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no so.—Kenkan Dwom 89:4; Luka 1:32, 33.

Bere a Dawid yɛ abarimaa no, Onyankopɔn paw no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Yehowa man Israel so. Dawid wui no, Yehowa paw Solomon ma ɔtenaa “Yehowa ahengua so.” (1 Beresosɛm 28:4, 5; 29:23) Solomon wu akyi no, ahemfo pii dii hene wɔ Yerusalem, nanso wɔn mu dodow no ara anni nokware. Ewiee ase no, Yehowa maa kwan maa Babilon asraafodɔm sɛee Yerusalem ne ɔhene a odi so no wɔ afe 607 A.Y.B. Efi saa bere no, obiara amfi Dawid adehye abusuakuw mu anni hene wɔ Yerusalem kurow no mu bio.—Kenkan Hesekiel 21:27.

2. Ahenni a wɔde Dawid asefo tumidi a na ɛwɔ Yerusalem yɛɛ ho nhwɛso no, bere tenten bɛn na ɛdaa hɔ a obiara anni so?

Yerusalem sɛe akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Daniel sɛ, Onyankopɔn bɛpaw ɔhene a obefi ɔsoro adi asase so tumi. Ɛnde, bere bɛn na na obefi ne tumidi no ase?—Kenkan Daniel 7:13, 14.

Daniel kyerɛkyerɛɛ anisoadehu bi mu; ɛfa dua kɛse bi ho. Anisoadehu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn hyɛe sɛ wontwa dua no nkyene sɛnea na waka sɛ wɔnsɛe ahenni a ɛwɔ Yerusalem no. Nanso nea ɛbɛyɛ na asan afefɛw no, ɔkae sɛ wonnyaw ne dunsin asase mu nkosi “mmere nson.” Bible mu no, “mmere” abiɛsa ne fã tenten yɛ nnafua 1,260. Enti “mmere nson” bɛyɛ ɛno mmɔho abien, anaa nnafua 2,520. (Adiyisɛm 12:6, 14) Bible nkɔmhyɛ mu no, wɔtaa de dakoro gyina hɔ ma afe. (Numeri 14:34) Ne saa nti, na Onyankopɔn Ahenni no bɛda hɔ a obiara renni so mfe 2,520.—Kenkan Daniel 4:10-17.

3. Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Ɔhene?

Wɔsɛee Yerusalem no, mfirihyia 2,520 pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn yɛɛ Yesu Ɔhene wɔ ɔsoro afe 1914 mu. Nea Yesu dii kan yɛe ne sɛ ɔtow Satan ne n’abɔfo bɔne no fii soro guu asase so. (Adiyisɛm 12: 7-10) Nnipa amfa wɔn aniwa anhu ɔko a ɛkɔɔ so wɔ soro no, nanso tebea bɔne a adesamma aba mu nnɛ no ma yehu ɛho nsunsuanso. (Adiyisɛm 12:12) Efi afe 1914 no, nea asisi no ada no adi sɛ Yesu bɛyɛɛ Ɔhene saa afe no mu ampa.—Kenkan Mateo 24:14; Luka 21:10, 11, 31.

4. Wote nka dɛn wɔ Yesu ahenni no ho?

Yesu tumidi ho nkɔmhyɛ a aba mu pɛpɛɛpɛ no da no adi sɛ wubetumi de wo ho ato Onyankopɔn Asɛm so. Ɛrenkyɛ, Yesu nam n’ahenni tumi no so begye adesamma afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm nyinaa mu.—Kenkan Dwom 72: 8, 12, 13; Daniel 2: 44.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? kratafa 215-218.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 16, 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

October October

607 A.Y.B. 1914 Y.B.

← Mfe 2,520 →

1000 A.Y.B. 1 A.Y.B. 1 Y.B. 1000 Y.B. 2000 Y.B.

← Mfe 606 ne asram 3 →← Mfe 1,913 ne asram 9 →

Wɔsɛee Bu saa nkontaa yi: Onyankopɔn ayɛ Yesu

Yerusalem Mfe 606 ne asram 3 Ɔhene a odi amanaman

ahenni no Mfe 1,913 ne asram 9 no so tumi

= 2,520