Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

ƐYƐƐ dɛn na obi a wɔtetee no Katolekfo abusua mu na ɔyɛ aban nipa bɛyɛɛ Yehowa Dansefo? Dɛn na ɛmaa obi a ɔyɛ omumɔyɛfo gyaee awudisɛm bɛyɛɛ obi a ɔka Bible mu asɛm? Kenkan saafo yi anom asɛm.

“Mihuu Papa ne Bɔne mu Nsonsonoe.”​—SEBASTIÃO ALVES JUNQUEIRA

AFE A WƆWOO NO: 1946

ƆMAN A OFI MU: BRAZIL

TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆYƐ KATOLEKNI

ME KAN ASETENA: Ná yɛte akuraa bi ase, na efi hɔ rekɔ Piquete no yɛ bɛyɛ kilomita 6. Ná m’awofo wɔ afuw ketewa bi, enti nneɛma pii wɔ hɔ a na yɛntɔ. Esiane sɛ na mekɔ sukuu wɔ Piquete nti, metɔɔ sakre dedaw bi a na mede twa kwan kɔ sukuu. Nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛ ahiafo, nanso na ɛhɔ tew na na nsɛmmɔnedi nni hɔ pii. Na kurom hɔ mmarima dodow no ara yɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ asraafo akode.

Ná mepɛ adesua paa, enti minyaa kwan kɔɔ Asraafo Sukuu a Wosua Wimhyɛn Ho Adwuma wɔ kurow foforo mu. Miwiee sukuu no afe 1966 bɛyɛɛ saagen. Ɛno akyi no, mekɔɔ mmaranimfo sukuu na minyaa abodin krataa wɔ mmaranim mu. Akyiri yi, mekyerɛw kɔe sɛ mepɛ sɛ meyɛ polisi panyin. Afe 1976 mu no, midii nkonim wɔ aban sɔhwɛ bi mu na mebɛyɛɛ polisi panyin. Ɛtɔ mmere bi a, na me na mehwɛ afiase hɔ. Saa bere no, na Yehowa Adansefo bɛsrɛ kwan ka Bible mu asɛm kyerɛ nneduafo no. Ɛyɛ a wɔka bi kyerɛ me nso. Ná misuro Nyankopɔn paa. Bere a mihui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na yebetumi ne no anya ayɔnkofa no, m’ani gyei yiye.

Mede nkakrankakra nyaa nkɔanim wɔ m’adwuma. Afe 1981 no, midii nkonim wɔ aban sɔhwɛ foforo mu, enti mebɛyɛɛ ɔtemmufo. Afei afe 2005 mu no, wɔpaw me sɛ São Paulo asɛnnibea kunini no temmufo.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a miwiee mmaranim sukuu no, mifii ase kenkan Bible, na ɛyɛ biribi a ɛsesaa sɛnea midwen nneɛma ho no paa. Ná Katolek som adidi me mu. Ná yɛwɔ asɔfo ne ɔsɔfopanyin wɔ yɛn fie, na na meboa asɔfo a wɔbɔ Mass no. Sɛ wɔrebɛyɛ asɔre a, wɔma midi kan kenkan mpaebɔ nhoma mu nsɛm bi ansa. Ná Katolekfo nkenkan Bible wɔ fie. Enti bere a me maame hui sɛ ɛyɛ a mekenkan Bible no, n’ani annye ho koraa. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obebu m’aba mu, na ɔkae sɛ anhwɛ a m’adwene bɛsɛe. Ne nyinaa akyi no, mannyae efisɛ manhu adebɔne biara wom.

Migye di sɛ biribi a na merepɛ ahu nti na mannyae Bible no kenkan. Ná mepɛ sɛ mihu asɔfo ho nsɛm ne dwuma a wodi wɔ asɔre no mu. Mifii ase kenkan Katolek Nkɔso Kuw no nso ho asɛm, na mihui sɛ adwene a mpanyimfo no de tew kuw no nye, na ntease biara nnim enti mihui sɛ mfaso biara nni so.

Saa bere no ara, oduruyɛfo a na ɔhwɛ me sẽ, a ɔyɛ Buddhani de nhoma bi a obi de ama no maa me. Ná wɔato nhoma no din Did Man Get Here by Evolution or by Creation? * Migyee nhoma no. Nea ɛma migyei ne sɛ mɛkenkan ɛno ne The Origin of Species, a Charles Darwin kyerɛwee no. Nsɛm a na ɛwɔ Did Man Get Here by Evolution or by Creation? nhoma no mu no, na ɛyɛ nokware, nyansa wom na ntease nso wom. Mihui pefee sɛ adannandi no nyɛ nokware.

Bere a mekenkan nhoma a ɛka adebɔ ho asɛm no, ɛma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ nneɛma mu yiye. Ná mepɛ sɛ minya Yehowa Adansefo nhoma pii. Obi ka kyerɛɛ me sɛ Yehowa Dansefo bi wɔ hɔ a osiesie mfiri. Me ne no kasae, na ɔmaa me nhoma no bi kenkanee. Saa bere no, mampene so amma Adansefo no ne me ansua ade. M’adwene yɛɛ me sɛ me ara metumi asua.

Bere a mifii ase kenkan Bible no, meyɛɛ m’adwene sɛ, esiane sɛ maware nti, ɛbɛyɛ papa sɛ me ne abusua no nyinaa kenkan Bible no. Nnawɔtwe biara, na yɛyɛ abusua adesua na yɛbom kenkan Bible no. Yɛn Katolekfo de, yɛn biribiara gyina asɔfo ne asɔfo mpanyimfo no so. Enti m’adwene kɔɔ nea mekenkan wɔ Yohane 14:6 no so ntɛm. Ɛhɔ ka sɛ: “Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.’” Migyee bere de hwehwɛɛ asɛm no mu, na ɛno akyi no mihui sɛ Yehowa nam Yesu so na obegye yɛn nkwa. Ná wɔadaadaa yɛn ama yɛagye adi sɛ yɛn nkwagye fi asɔfo no hɔ.

Bible mu nsɛm abien foforo bi sesaa m’adwene wɔ Katolek Asɔre no ne ne nkyerɛkyerɛ ho. Biako wɔ Mmebusɛm 1:7, na ɛka sɛ: “Yehowa suro ne nimdeɛ mfiase. Nkwasea bu nyansa ne nteɛso animtiaa.” Nea ɛka ho no ne Yakobo 1:5, na ɛhɔ kenkan sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” Na m’ani abere paa repɛ nimdeɛ, nanso na minnya mfii asɔre a mekɔ no mu, enti migyaee asɔre no kɔ.

Afe 1980 mu no, me yere fii ase ne Adansefo no suaa Bible. Sɛ wɔreyɛ adesua no na mewɔ fie nko ara a, metena mu bi. Bere rekɔ so no, mepenee so ma wɔne me suaa Bible. Nanso ɛkyɛe paa ansa na yɛresi gyinae sɛ yɛbɛbɔ asu abɛyɛ Yehowa Adansefo. Me yere bɔɔ asu afe 1994 na me nso mebɔɔ asu 1998.

SƐNEA ABOA ME: Matumi de Yehowa mmara atete me mma baanan nyinaa. (Efesofo 6:4) Mewɔ mmabarima baanu, na wɔn baanu nyinaa bɔ mmɔden paa boa wɔn nuanom a wɔne wɔn wɔ asafo mu ma wɔn som nya nkɔso. Me mmabea baanu no nso de nsi ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Ɔsram biara, me yere de bere pii boa nkurɔfo ma wosua Bible, na mede anigye som sɛ ɔpanyin wɔ m’asafo mu.

Bere a mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, mihuu papa ne bɔne mu nsonsonoe. Meyɛ ɔtemmufo, na ɔkwan a Yehowa fa so di nneɛma pii ho dwuma no, me nso mebɔ mmɔden de yɛ adwuma wɔ asɛnnibea. Enti mede ntease hwehwɛ nsɛm mu yiye, na sɛ ɛho hia sɛ mihu nnipa mmɔbɔ nso a meyɛ no saa.

Madi nsɛm pii wɔ asɛnnibea te sɛ nea ɛfa awudisɛm, nsɛmmɔnedi, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ne nsɛmmɔnedi akɛse ho. Nanso ɛnkyerɛ sɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no atii me. Sɛ mitie kaseɛbɔ a, ɔbrasɛe ne atantanne a ɛrekɔ so wɔ wiase no yɛ me abofono. M’ani sɔ sɛ Yehowa adom, mabehu nea enti a nsɛmmɔnedi adɔɔso, na mahu nso sɛ nneɛma pa da yɛn anim.

‘Afiase Antumi Ansesa Me.’​—KEITH WOODS

AFE A WƆWOO NO: 1961

ƆMAN A OFI MU: NORTHERN IRELAND

TEBEA A NA ƆWOM: OMUMƆYƐFO

ME KAN ASETENA: Northern Ireland kurow Portadown a emu yɛ manyamanya no, ɛhɔ na wɔwoo me wɔ afe 1961 mu. Wɔwoo me too Protestantfo mu, na baabi a metenae no, na Katolekfo ne Protestantfo adi afra wɔ hɔ. Ná wɔn a wɔte hɔ no yɛ ahiafo. Ná sika nni hɔ, nanso na yɛne yɛn ho ka paa.

Ná mewɔ suban bɔne bi a na ɛsɛ sɛ migyae. Afe 1974 mu no, mede me ho kɔhyɛɛ Northern Ireland ntawntawdi no mu. Saa bere no, nneɛma sɛee koraa wɔ baabi a na yɛte no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na me papa yɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ kapɛt, na anadwo bi, na me papa rekyerɛ Katolekfo mmarimaa baanu bi a wɔte bɛn yɛn no ade. Wɔwɔ hɔ no ara obi too topae faa mpomma mu too mmarimaa no fie kum wɔn awofo ne wɔn nuabarima.

Nneɛma gyee nsam maa ɔko sii. Wɔhyew Protestantfo a na wɔtete Katolekfo mu no afie pam wɔn fii hɔ, na Katolekfo a wɔtete Protestantfo mu nso, Protestantfo no taataa wɔn. Eduu baabi no, na aka Protestantfo nko ara na wɔwɔ baabi a na yɛte no. Ankyɛ koraa na wɔkyeree me de me too afiase mfe abiɛsa sɛ me ne nkurɔfo bi akɔto topae ato baabi.

Meda afiase no, me ne deduani bi bɛyɛɛ nnamfo paa; ɔyɛ amanyɔkuw bi muni a na wagye din. Yɛbɛyɛɛ sɛ nua na akyiri yi a ɔreware no, me na meyɛɛ ayeforokunu adamfo maa no. Me ne ɔno nyinaa, afiase antumi ansesa yɛn. Bere a woyii yɛn fii afiase no, yɛsan kɔtoaa amanyɔsɛm no so, na saa bere yi de, yɛyɛɛ no kɛse paa. Ɛno maa wɔsan kyeree m’adamfo no kɔtoo afiase bio. Obi kum no wɔ afiase hɔ.

Me nso, wotuu wɔn ani sii me so, na da koro bi de, wɔtoo topae too me kar mu sɛee no. Nanso ɛno koraa ma meyeree me ho sɛ mɛko ama Protestantfo no.

Saa bere no, meboaa dwumadi bi a na wɔyɛ wɔ television so wɔ Britain, na na dwumadi no fa Northern Ireland ntawntawdi no ho. Dwumadi no kɔtwee asɛm foforo brɛɛ me. Da bi, mekɔɔ fie no na me yere aguan agyaw me. Ɛno akyi no, ankyɛ na television so dwumadi no nti, aban gyee me babarima fii me nsam. Da koro mehwɛɛ ahwehwɛ mu, na asɛm a mekae ne sɛ, “Onyankopɔn, sɛ wowɔ hɔ ampa a, boa me.”

Memeneda a edi hɔ no, mihyiaa obi a minim no a ne din de Paul, na na wabɛyɛ Yehowa Dansefo. Ɔne me bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Nnanu akyi no, Paul de Ɔwɛn-Aban bi brɛɛ me. Asɛm bi a na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu faa Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 18:36 kae. Yesu kae wɔ hɔ sɛ: “M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me amma Yudafo no. Nanso sɛnea ɛte no, m’ahenni mfi ha.” Asɛm no kaa me paa. Saa da no mifii ase sesaa m’abrabɔ.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Paul fii ase ne me suaa Bible. Akyiri yi Ɔdansefo foforo a ne din de Bill ne me toaa adesua no so. Ɔbrɛɛ me ho paa, efisɛ na mewɔ nsɛmmisa bebree. Afei nso mefrɛfrɛɛ m’asɔfo baa fie sɛ wɔmmɛkyerɛ Bill sɛ nea ɔreka no nyɛ nokware. Nanso Onyankopɔn Asɛm mu nokware daa adi.

Bere bi, meka kyerɛɛ Bill sɛ ɔmmma me fie mmmɛyɛ adesua no, efisɛ na wɔasisiw akwan a ɛkɔ me fie no nyinaa na sɛ ɔba a wobegye ne kar ahyew no. Nanso Bill ne me besuaa ade. Ogyaw ne kar wɔ fie de ne baesekre bae, efisɛ baesekre de, obiara mpɛ. Ɛda bi nso, polisifo ne asraafo bɛkyeree me bere a na Bill ne me resua ade wɔ me fie. Bere a wɔde me rekɔ no, Bill teɛɛm ka kyerɛɛ me sɛ memfa me ho nto Yehowa so. Saa nsɛm no hyɛɛ me den.

Ɛda a midii kan kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Ahenni Asa so no, ɛbɛyɛ sɛ ebinom ho dwiriw wɔn. Ná magyaw me ti nhwi tenteenten, na na mehyɛ asomuade. Afei nso na mehyɛ atade a ɛma nkurɔfo hu kuw a medɔm. Ne nyinaa akyi no, Adansefo no gyee me fɛw so. Wɔn ayamye no maa m’ani gyei paa.

Ɛwom, na meresua Bible, nanso na me ne me nnamfo dedaw no da so bɔ. Ewiee ase no, nokware a na meresua afi Bible mu no fii ase wuraa me komam. Metee ase sɛ, sɛ metumi asom Yehowa a, ɛsɛ sɛ migyae amanyɔsɛm na me ne me nnamfo dedaw no tetew mu. Ɛyɛɛ den maa me. Nanso bere a metoaa so suaa Bible na mehyɛɛ me ho den wɔ Yehowa mu no, mitumi sesaa m’akwan. Mitwitwaa me ti nhwi no gyaee asomuade no hyɛ na metɔɔ atade pa hyɛe. Nea na meresua no boaa me ma mifii ase sesaa me suban wɔ nnipa ho.

SƐNEA ABOA ME: Ná meyɛ owudifo ne omumɔyɛfo, na na polisifo ne asraafo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nim me yiye. Seesei de, nneɛma asesa. Mekae bere a edi kan a mekɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Navan no. Bammɔ adwumayɛfo no dii m’akyi fii Northern Ireland kɔɔ Ireland san de me bae. Nanso seesei de, mekɔ ɔmantam nhyiam san ba a obiara nni m’akyi. Afei nso mitumi ne me mfɛfo Adansefo, Paul ne Bill ne asafo no mufo a wɔaka nyinaa bom kɔ asɛnka a minsuro obiara.

Bere a mesesaa me suban no, me nso mebɛkaa asafo no ho. Ɛhɔ na mihyiaa Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Louise, na yɛwaree. Afei nso wɔsan de me ba no maa me.

Sɛ mehwɛ ɔbra a mabɔ a, ɛyɛ me yaw pii sɛ mama ebinom adi yaw ne awerɛhow. Nanso metumi asi no pi sɛ Bible tumi ma nnipa a wɔte sɛ me sesa gyae nneɛma bɔne yɛ bɛyɛ nneɛma pa a mfaso wɔ so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de wɔagyae tintim.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Bere a me maame hui sɛ ɛyɛ a mekenkan Bible no, n’ani annye ho koraa