Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Wɔde Akokoduru Di Nokware no Ho Adanse

Nnipa a Wɔde Akokoduru Di Nokware no Ho Adanse

Gilead Adesua Awiei A Ɛto So 132

Nnipa a Wɔde Akokoduru Di Nokware no Ho Adanse

NÁ March 10, 2012 yɛ da titiriw wɔ Yehowa Adansefo adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York no. Nnipa mpempem pii a na wɔasiesie wɔn ho kama fi aman pii so baa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesua awiei a ɛto so 132 no ase. Wɔn mu pii hyiaam wɔ Patterson nhyiam asa no so, na ebinom nso hyiae wɔ mmeae foforo hwɛɛ dwumadi no wɔ video so. Sɛ yɛka bom a, nnipa a wɔhwɛɛ dwumadi no nyinaa yɛ 9,042.

Ná nnipa no ho pere wɔn sɛ wobehu nea ɛbɛkɔ so. Gilead adesua awiei yi nte sɛ nea abɛsen kɔ no, efisɛ eyi de, na adesuafo no nyinaa wɔ bere nyinaa som adwuma titiriw mu dedaw. Wɔn mu binom yɛ adwuma wɔ Betel, ebi yɛ akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo, na ebi nso yɛ asɛmpatrɛwfo a wɔnkɔɔ Gilead. Asɛm foforo bɛn koraa na na wobenya aka akyerɛ adesuafo a wɔwɔ suahu pii yi?

Ankyɛ na atiefo no nyaa ho mmuae. Gerrit Lösch a ɔka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw ho no, ɔno na ɔyɛɛ dwumadi no guamtenani. Obisaa asɛm bi ma ɛkanyan atiefo no adwene paa. Obisae sɛ “Wode Akokoduru Di Nokware no Ho Adanse?” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo de akokoduru di nokware no ho adanse ma nnipa hu Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa. Ɛnyɛ sɛ yɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu nokware no nko, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ nokware no nso.

Onua Lösch bisae sɛ: “Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn na yɛwɔ nokware no?” Ɔkae sɛ ɛnyɛ nnipa dodow a wotie asɛm no na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nokware no. Ɛwom sɛ nnipa mpempem pii na agye nokware no de, nanso Pentekoste afe 33 Y.B. no, nnipa kakraa bi na na wɔwɔ nokware som mu. Ɔbobɔɔ nneɛma anum a ɛma yehu sɛ yɛn na yɛwɔ nokware no: (1) Yedi Yesu nkyerɛkyerɛ akyi, (2) yɛdodɔ yɛn ho, (3) yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ, (4) yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ wiase nsɛmnsɛm mu, (5) Onyankopɔn din da yɛn so.

“Yɛ Osetie na Di Akwankyerɛ So”

Bere a atiefo no hui sɛ Geoffrey Jackson a ɔno nso ka Akwankyerɛ Kuw ho no kura bag kɛse bi reba no, na wɔpɛ sɛ wohu nea ɔrebɛka ho asɛm. Na ne kasa no asɛmti ne “Yɛ Osetie na Di Akwankyerɛ So;” egyina Yesaia 50:5 so. Saa kyerɛwsɛm no hyɛɛ Yesu Kristo ho nkɔm sɛ: “Me nso mantew atua, na mansan m’akyi.”

Onua Jackson hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wobehu akwankyerɛ a Yehowa nam ne honhom kronkron, Bible ne n’asafo no so de ma no. Mateo 25:14-30 ka dwetikɛse ho bɛ no ho asɛm; wɔhwɛɛ akoa biara ahoɔden ho maa no dwetikɛse dodow a ɛfata no, enti yebetumi aka sɛ obiara nyaa pɛ. Ná ɛsɛ sɛ akoa biara yɛ nea obetumi. Wɔkamfoo nkoa baanu no na wɔkae sɛ wɔyɛ nkoa ‘pa anokwafo.’ Ɛnyɛ nea obi betumi ayɛ na ɛkyerɛ sɛ odi nokware, na mmom sɛnea odi akwankyerɛ so na ɛkyerɛ sɛ odi nokware.

Wɔfrɛɛ akoa a ɔto so abiɛsa no sɛ “akoa bɔne ne onihafo,” na wɔkae sɛ ɔyɛ “akoa a mfaso nni no so.” Ná ɔhaw bɛn na ɔwɔ? Ɔde dwetikɛse a onyae no kosiee fam. Ná dwetikɛse biako nyɛ sika ketewa, na mmom sɛ wɔkari a, na ɛyɛ denari 6,000, kyerɛ sɛ, emu duru yɛ kilogram 20. Sɛ obi retu kwan akɔ amannɔne a, bag a wɔma kwan ma ɔde kɔ no, ɛsɛ sɛ emu duru yɛ kilogram 20. Ná ebegye adwumaden paa na obi atumi atutu fam de biribi a ne kɛse te sɛ bag a wɔde tu kwan asie fam. Enti akoa no yɛɛ biribi; ɛne sɛ otutuu fam de dwetikɛse no siei. Nanso ɛnyɛ ɛno na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ. Saa ara na ebetumi aba sɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi nni adagyew koraa. Nanso dɛn na ɔde ne bere no reyɛ? Ebia nea ɔde ne bere yɛ ne sɛ ɔkyerɛw nkrataa pii, ɔkɔnenam Intanɛt so, ɔne afoforo hyia gye wɔn ani, anaa ɔde ne ho hyɛ honam fam adwuma mu. Sɛ obi yɛ saa nneɛma no a, ebedu anwummere no na wabrɛ nanso na wanyɛ nea wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no. Onua Jackson de n’asɛm reba awiei no, ɔkae sɛ: “Munni akwankyerɛ so bere nyinaa!”

“Mma W’adwenem Nnyɛ Wo Naa”

Saa asɛmti yi na Anthony Morris a ɔka Akwankyerɛ Kuw ho no maa ho ɔkasa. Ɔkae sɛ: “Bible kyerɛ sɛ gyidi ne adwenem naayɛ nkɔ koraa. Gyidi pam adwenem naayɛ.” Satan tumi maa Hawa, ɔbea a na ɔyɛ pɛ no adwenem yɛ no naa. Onua Morris kae sɛ: “Hyɛ wo gyidi den, na adwenem naayɛ betu ayera.” Ɔtwee adwene sii Petro asɛm no so sɛ ‘ɔnantew nsu’ so nanso bere a “ohuu sɛnea mframa no rebɔ no,” ehu kaa no na ofii ase sɛ ɔremem. Yesu teɛɛ ne nsa soo ne mu, na obisaa no sɛ: “Dɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?” (Mateo 14:29-31) “Sɛnea mo a moyɛ asɛmpatrɛwfo yere mo ho wɔ bere nyinaa som adwuma mu no, nnipa bebree ani begye mo ho, na ɛbɛyɛ sɛ morenantew nsu so. Nanso sɛ mframa fi ase bɔ a, mommma mo adwenem nnyɛ mo naa.”

Onua Morris toaa so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛrefa tebea a ɛyɛ hu te sɛ ahum mu a, ɛyɛ den, nanso ɛwom ara a, ano bɛbrɛ ase. Ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ, sɛ nneɛma mu yɛ den a, wɔnkae nea Paulo ne Silas yɛe bere a na wɔda afiase wɔ Filipi no. Asomafo Nnwuma 16:25 ka sɛ: “Bɛyɛ ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ; na nneduafo no tee wɔn nka.” Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ mpae nko na wɔbɔe, na mmom wɔtoo dwom nso. Wɔtoo dwom no den maa nneduafo a aka no tee. Onua Morris kae sɛ ɛwom sɛ yɛn mu pii nne nyɛ dɛ de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno haw yɛn ma yegyae nnwonto. Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, saa bere no paa na yebetumi ato nnwom. Onua Morris kenkan Dwom a ɛto so 135 fii To Dwom Ma Yehowa dwom nhoma no mu de ne kasa no baa awiei; Dwom no asɛmti ne: “Gyina mu Kodu Awiei.”

Ɔkasa Afoforo a Ɛhyɛ Nkuran

“Wopɛ sɛ Wuhu Nna Pii Anaa?” Saa asɛmti yi na Robert Luccioni a ɔwɔ Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma no maa ho ɔkasa. Ná egyina Ɔhene Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 34:12 no so. Onua Luccioni kasa no kyerɛkyerɛɛ sɛnea adesuafo no betumi adi nsɛnnennen ho dwuma na wɔakɔ so ama wɔne Yehowa ntam ayɛ papa. Yebetumi asua pii afi asɛm a ɛwɔ 1 Samuel ti 30 mu. Bere a Dawid ne ne mmarima ne n’abusuafo reguan afi Ɔhene Saul anim no, wɔkɔtenaa Siklag. Amalekfo bɛkyeree wɔn abusuafo kɔe, na mmarima no kae sɛ ne nyinaa fi Dawid, enti na wɔpɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na Dawid yɛe? Wamma n’abam ammu, na mmom ‘ɔhyɛɛ ne ho den Yehowa, ne Nyankopɔn mu.’ (1 Samuel 30:6) Ogyee akwankyerɛ fii Yehowa hɔ, na odii akwankyerɛ no so kogyee ne nkurɔfo. Ɔkasafo no ka kyerɛɛ adesuafo no sɛ, sɛ wonya Yehowa mu ahotoso sɛnea Dawid nyae no na wotie n’akwankyerɛ a, wobehu nna pa pii. Hokwan kɛse a wɔanya no bɛma wɔn ani agye.

“Fa W’ani Di Anadwo Awɛmfo Dɔn no Anim.” Saa asɛmti yi na Michael Burnett a ɔyɛ Gilead Sukuu kyerɛkyerɛfo no kaa ho asɛm. Ná Israelfo kyɛ anadwo awɛmfo dɔn no mu abiɛsa ma awɛmfo wɛn nnɔnhwerew anan biara fi owiatɔe kosi owiapuei. Awɛmfo dɔn a etwa to no, na efi ase fi ahemadakye nnɔnabien kosi anɔpa nnɔnsia, na na ɛno ne bere a esum ne awɔw ba kɛse paa ma enti ɛyɛ den paa sɛ obi bɛwɛn. Ná odwontofo no dwinnwen Yehowa nsɛm ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɛmfo dɔn a etwa to no, nna remfa no. (Dwom 119:148) Onua Burnett ka kyerɛɛ adesuafo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ mowɛn. Mmere bi bɛba a mo abam bebu na ayɛ sɛ nea esum aduru mo, na mubedi awerɛhow te sɛ nea awɔw de mo. Ɛsɛ sɛ mofa ho adwene to hɔ.” Afei ɔkaee wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua ade denneennen na ama wɔatumi awɛn honhom mu. Onua Burnett yɛɛ saa asɛm no ho mfatoho sɛ: “Esiane sɛ wopɛ sɛ Yehowa yɛ w’adamfo nti, wobɔ mpae da biara kyerɛ no. Enti ma w’adamfo Yehowa mfa Bible no so ne wo nkasa da biara. Anadwo no kɔ n’anim, enti nea wopɛ sɛ woyɛ wɔ nna a aka no mu no, yɛ ho nhyehyɛe. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi de w’ani adi anadwo dɔn no anim.”

“Wɔatete Wo Ama Adwuma a Ɛda W’anim No.” Saa asɛmti yi na Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no kaa ho asɛm, na egyina 1 Petro 5:10 so. Obisaa adesuafo no sɛ: “Moyɛ Onyankopɔn asomfo a mowɔ suahu paa, enti adɛn na wɔma mobaa Ɔwɛn Aban Nteteebea ha?” Mmuae no ne sɛ: “Munim mo adwuma. Nnipa pii a wonim adwuma mpo taa kɔtoa wɔn adesua so kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobetu mpɔn wɔ wɔn adwumayɛ mu. Asram anum a abɛsen kɔ no, Yehowa nam n’Asɛm a moasua no yiye ne n’ahyehyɛde a moasua ho ade kɔ akyiri no so ama ‘mo ase atim’ na ‘moayɛ den’ sɛnea ɛbɛyɛ a, mubetumi ayɛ nnwuma akɛse a wɔde bɛhyehyɛ mo nsa no. Ntaboo a ɛyɛ den no, sɛ wɔde nneɛma a emu yɛ duru gu so a, ɛnkoa na emmu nso. Bere a mo ne mo nuanom bom yɛ adwuma no, saa bere no na ntetee a munyae no bɛda adi. Sɛ nsɛm hyɛ wo so a, so ɛbɛma wode nea woasua no ato nkyɛn, anaasɛ wubegyina mu akɔ so de nea woasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no ayɛ adwuma? Sɛ wode nneɛma gu biribi a emu yɛ duru so a, emmu. Taboo biara ahoɔden gyina dua ko a wɔde yɛe so. W’ahoɔden gyina sɛnea wote wɔ komam no so. Yehowa de wo aba ha abɛhyɛ wo den, na ama woayɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato wo so sɛnea wubetumi ayɛ adwuma a ɛda w’anim no. Onyankopɔn ayɛ ne fam de, enti yɛn mpaebɔ ne sɛ mo nso mobɛyɛ mo fam de ama mo ‘Kyerɛkyerɛfo Kunini’ no awie mo ntetee no.”

Osuahu Ahorow ne Nsɛm a Wobisabisaa Nkurɔfo

Gilead adesua awiei biara ase no, adesuafo no ankasa ka wɔn suahu ma anuanom ani gye, na saa bere yi nso, adesuafo no kaa wɔn suahu. Ebinom bɛyɛɛ asɛnka adwuma mu suahu a wonyae no bi ho ɔyɛkyerɛ. Emu biako ne Fransefo awarefo bi a wɔtwɛn nnɔnhwerew asia wɔ wimhyɛn gyinabea bere a na wɔrekɔ Gilead Sukuu no. Bere a wɔretwɛn no, wofii ase ne mmarima baanu bi a wɔn nso wɔretwɛn wimhyɛn bɔɔ nkɔmmɔ wɔ wimhyɛn gyinabea adidibea hɔ. Mmarima no biako kae sɛ ofi Malawi; ɛhɔ ara na wofii ase ne no kaa Chichewa. Ɛyɛɛ no nwonwa ma obisae sɛ ɛyɛɛ dɛn na wɔtee ne kurom kasa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Malawi. Obiako no nso kae sɛ ofi Cameroon; ɛnna wɔdan kɔɔ Franse kasa mu ma ɛyɛɛ ɔno nso nwonwa. Ná mmarima baanu no nyinaa wɔ obu ma Yehowa Adansefo, enti asɛmpatrɛwfo no dii wɔn adanse.

Nicholas Ahladis a ɔyɛ adwuma wɔ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea no bisabisaa awarefo bi nsɛm. Nnipa baanu a odii kan bisaa wɔn nsɛm no, na wɔyɛ awarefo a wotu fii Australia kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ East Timor a akodi ama hɔ asɛe no. Baanu a aka no nso, na wɔyɛ awarefo a wofi Korea atu kɔ Hong Kong. Ná awarefo no nyinaa de anigye rekɔtoa wɔn dwumadi so na wɔde nea wɔasua wɔ sukuu no mu no akɔyɛ adwuma.

Wɔkyekyɛɛ adesua ho adansedi krataa maa adesuafo no, na afei wɔn mu biako gyinaa wɔn ananmu kenkan krataa a wɔakyerɛw de rekyerɛ anisɔ ama nkyerɛkyerɛ a wɔanya no. Ɛno akyi no, Onua Lösch kaa anwensɛm kama bi de wiee ne dwumadi no sɛ: Nokware yɛ fɛ te sɛ nyankontɔn, ɛte sɛ anhweatam so asase frɔmfrɔm, na ɛte sɛ ahum mu sɛkyɛ. Ɔkae sɛ: “Hwɛ nhyira kɛse a ɛyɛ sɛ yɛabehu nokware no. Fa akokoduru di nokware no ho adanse, na boa afoforo ma wɔn nso wɔnyɛ saa.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Asase mfonini wɔ kratafa 31]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

12 Aman dodow a wofi so yɛ

36 Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm yɛ

20 Mfe dodow a wɔadi fi bere a wɔbɔɔ asu nkyekyɛm yɛ

15 Mfe dodow a wɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm yɛ

[Asase mfonini]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Aman a wɔde wɔn rekɔ so na ɛwɔ ase hɔ no:

AMAN A WƆDE SUKUUFO NO REKƆ SO

BELIZE

BENIN

CAMBODIA

CAMEROON

CAPE VERDE

CÔTE D’IVOIRE

DOMINICAN REPUBLIC

EAST TIMOR

ECUADOR

GABON

GEORGIA

GUINEA

HONG KONG

LIBERIA

MADAGASCAR

MALAWI

PERU

SAMOA

SÃO TOMÉ AND PRÍNCIPE

UNITED STATES OF AMERICA

ZIMBABWE

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 132 a Wɔawie Wɔn Adesua

Din a wɔakyerɛw wɔ ase hɔ no, wɔahyehyɛ no akuw fi anim kɔ akyi, na edin a ɛwɔ kuw biara mu no fi benkum kɔ nifa.

(1) Iap, R.; Iap, J.; Ng, T.; Ng, P.; Laurino, F.; Laurino, B.; Won, S.; Won, S.

(2) Morales, N.; Morales, M.; Zanutto, J.; Zanutto, M.; Rumph, I.; Rumph, J.; Germain, D.; Germain, N.

(3) Atchadé, Y.; Atchadé, Y.; Thomas, C.; Thomas, E.; Estigène, C.; Estigène, P.

(4) Ehrman, D.; Ehrman, A.; Bray, J.; Bray, A.; Amorim, M.; Amorim, D.; Seo, Y.; Seo, Y.

(5) Simon, J.; Simon, C.; Seale, C.; Seale, D.; Erickson, J.; Erickson, R.

(6) McCluskey, D.; McCluskey, T.; Brown, A.; Brown, V.; Mariano, D.; Mariano, C.; Loyola, Y.; Loyola, C.

(7) Rutgers, P.; Rutgers, N.; Foucault, P.; Foucault, C.; Wunjah, J.; Wunjah, E.