Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Akenkanfo Bisa . . .

Sɛ Menom Sigaret a, Ɛhaw Onyankopɔn Anaa?

Sɛ Menom Sigaret a, Ɛhaw Onyankopɔn Anaa?

▪ Obi a ɔwɔ koma pa betumi abisa saa asɛm yi, efisɛ mmara biara nni Bible mu a ɛbɔ sigaret din. Enti eyi kyerɛ sɛ yentumi nhu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho anaa? Dabida.

Bible ka sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Nsɛm pii wɔ Bible mu a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden yiye. Momma yenni kan nhwɛ nea nhwehwɛmufo akyerɛ sɛ sigaret betumi de aba yɛn apɔwmuden so. Afei yɛbɛhwɛ nea Bible ka fa saa nsɛm no ho.

Sigaretnom sɛe apɔwmuden na ɛka nneɛma a ekum nnipa sen biribiara no ho. Wohwɛ United States a, nnipa baanum biara a wobewu no, sigaret na ekum emu biako. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Nnubɔne Ho Nsɛm bɔ amanneɛ sɛ, “nnipa a wɔn ankasa kunkum wɔn ho ne awudi, ne afei nnipa a nsa, nnubɔne, kar akwanhyia, ne AIDS kunkum wɔn” no nnu wɔn a sigaret kunkum wɔn afe biara wɔ United States no.

Wɔn a wɔnom sigaret no de pira nkurɔfo. Sigaret dodow biara a ɛbɛkɔ obi mu no, ebetumi apira no. Nkurɔfo a wɔnam wɔn baabi a ebinom nom sigaret gu wɔn so no, ebetumi ama wɔanya ahurututu mu kokoram ntɛm paa. Nnansa yi nnuruyɛfo ahu biribi foforo a ɛyɛ hu wɔ sigaretnom ho; wɔfrɛ no “wusiw ase.” Eyi yɛ sigaret wusiw a egyina ntade mu, kapɛt mu, ne nneɛma foforo mu kyɛ. Wɔn a saa awuduru yi betumi apira wɔn paa ne mmofra, na ɛremma wɔn adwene nkyere nneɛma ntɛmtɛm.

Sigaretnom ka nnipa hɔ. Sɛ obi nom sigaret a, ne nom ka ne hɔ, na ɛde no yɛ akoa. Nhwehwɛmufo mpo gye di sɛ, ade a ɛwɔ sigaret mu a wɔfrɛ no nicotine no ka obi hɔ a, ɛyɛ den paa sɛ obegyae.

Dɛn na Bible ka fa saa nsɛm yi ho? Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi:

Onyankopɔn pɛ sɛ nkwa ho hia yɛn. Onyankopɔn kae wɔ Mmara a ɔde maa Israelfo no mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɔpɛ no ma nkwa ho hia wɔn. (Deuteronomium 5:17) Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no gye wɔn fie ho ban. Adɛn ntia? Ná wɔn adan no so yɛ tratra, enti na wotumi tena hɔ gye wɔn ahome. Sɛ wogye ho ban a, ɛremma obiara mfi hɔ nhwe fam mpira anaa onwu. (Deuteronomium 22:8) Bio nso, na ɛsɛ sɛ Israelfo no hwɛ wɔn mmoa yiye na wɔampira obiara. (Exodus 21:28, 29) Sɛ obi nom sigaret a, ɛkyerɛ sɛ wabu n’ani agu ntease a enti wɔhyehyɛɛ saa mmara no so. Ɛkyerɛ sɛ wahyɛ da resɛe n’apɔwmuden, na ɔresɛe nnipa a wɔatwa ne ho ahyia no nso de.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdɔ no na yɛdɔ yɛn yɔnko. Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wonni mmara nsɛm akɛse abien yi so. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn koma nyinaa, ne wɔn kra nyinaa ne wɔn adwene nyinaa ne wɔn ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn na wɔdɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho. (Marko 12:28-31) Esiane sɛ nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn nti, sɛ obi nom sigaret a, ɛkyerɛ sɛ saa akyɛde no ho nhia no koraa, na ɔnnɔ Onyankopɔn nso. (Asomafo Nnwuma 17:26-28) Sigaret a onipa no nom no betumi apira afoforo, enti ɔrentumi nka sɛ ɔdɔ ne yɔnko.

Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛkwati suban a ɛho ntew. Bible ka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnhohoro wɔn ho mfi “ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” (2 Korintofo 7:1) Sɛ obi nom sigaret a, ɔsɛe ne nipadua ɔkwan biara so. Sɛ obi pɛ sɛ ogyae sigaretnom na ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛnna fam koraa. Nanso Onyankopɔn betumi aboa no ama wagyae suban a egu nnipa ho fi no.