Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Aboɔden abo a na ɛwɔ Israel sɔfopanyin nkatabo mu no, wonya fii he?

Bere a Israelfo fi Egypt kɔɔ sare so no, ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn mmara sɛ wɔnyɛ nkatabo no. (Exodus 28:15-21) Ná aboɔden abo pii wɔ nkatabo no mu te sɛ, aboɔdenbo kɔkɔɔ, akraatebo, ahabammonobo, nsrammabo, hoabo, ahwehwɛbo, lesembo, mfrafraebo, beredumbo, sikaberebo, sohambo, yasepebo. * Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no tumi nyaa saa nneɛma no bi?

Israelfo bere so no, na wobu aboɔden abo sɛ biribi a ɛsom bo paa, na na wodi ho gua. Sɛ yɛfa tete Egypt sɛ nhwɛso a, na wɔkɔ mmeae bi a ɛnnɛ abɛyɛ Iran, Afghanistan, ne India nohoa kɔtɔ aboɔden abo. Ná wotu aboɔden abo ahorow wɔ Egypt mmeae pii. Aboɔden abo a na wotu wɔ nkurow a ɛhyɛ Egypt ase no, Egypt ahempɔn no na na wɔhwɛ so. Tete agya Hiob ma yehu sɛnea ne bere sofo tutuu fam hwehwɛɛ aboɔden abo wɔ asase mu. Hiob kae sɛ hoabo ne akraatebo ka nneɛma a na wotu no ho.—Hiob 28:1-11, 19.

Bible ka wɔ Exodus nhoma no mu sɛ bere a Israelfo no refi Egypt no “wɔwerɛw Egyptfo ho.” (Exodus 12:35, 36) Enti ebetumi aba sɛ aboɔden abo a na ɛwɔ Israel sɔfopanyin nkatabo mu no, wonyaa fii Egypt.

Adɛn nti na wɔde nsã yɛɛ aduru wɔ tete mmere mu?

Yesu mfatoho bi mu no, ɔkaa ɔbarima bi a adwowtwafo bobɔɔ no ho asɛm. Yesu kae sɛ Samariani bi na ɔboaa ɔbarima no, ɔkyekyeree n’akuru “hwiee ngo ne nsa guu so.” (Luka 10:30-34) Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw n’adamfo Timoteo no, otuu no fo sɛ: “Nnom nsu bio, na mmom wo yafunu ne yare a wotaa yare nti, nom bobesa kakra.” (1 Timoteo 5:23) Asɛm a Yesu kae, ne afotu a Paulo de mae no, so na ɛne aduyɛ hyia?

Nhoma bi ka sɛ wotumi de nsã “dwudwo yaw ano, wotumi de hohoro kuru anim, na ayɛ ne ho ayaresa aduru.” (Ancient Wine) Tete mmere mu no, na nsã di akoten paa wɔ Egypt, Mesopotamia ne Siria nnuruyɛ mu. Nhoma bi nso ka nsã ho asɛm sɛ, “ɛyɛ aduru a akyɛ wɔ adesamma abakɔsɛm mu paa.” (The Oxford Companion to Wine) Nhoma foforo nso ka Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no ho asɛm sɛ: “Nhwehwɛmu ada no adi sɛ nsã tumi kunkum typhoid ɔyare mmoawa ne ɔyare mmoawa foforo ntɛmtɛm.” (The Origins and Ancient History of Wine) Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnɛ afoa so sɛ nnuru bɛboro 500 wɔ nsã mu a etumi di dwuma a yɛaka ho asɛm yi ne dwuma foforo wɔ aduyɛ mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ɛnyɛ aboɔden abo yi nyinaa na yenim sɛnea wɔfrɛ no nnɛ.

[Kratafa 26 mfonini]

Akuafo a wɔretiatia bobe so, ɔboda a ɛwɔ Nakht, Thebes, Egypt

[Asɛm Fibea]

Gianni Dagli Orti/​The Art Archive at Art Resource, NY