Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ​—Nnipa Pa Nyinaa Bɛkɔ Soro Anaa?

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ​—Nnipa Pa Nyinaa Bɛkɔ Soro Anaa?

Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ​—Nnipa Pa Nyinaa Bɛkɔ Soro Anaa?

YEHOWA ADANSEFO ani gye ho sɛ wɔne nkurɔfo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wubehyia Ɔdansefo bi no, mma ɛnnhaw wo sɛ wubebisa no. N’ani begye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.

Nkɔmmɔ a edi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Michael akɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Robert fie.

Wɔn a Wɔbɛkɔ Soro no, Dɛn na Wɔrekɔyɛ?

Michael: Sɛ wohwɛ a, nneɛma bɛyɛ yiye daakye, ɛbɛsɛe anaa ɛbɛyɛ sɛnea ɛte yi ara?

Robert: Ɛyɛ me sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye. M’ani da so sɛ mɛkɔ akɔka Awurade ho wɔ soro.

Michael: Ɛyɛ anidaso pa. Bible ka nsɛm pii ma yehu sɛnea ɔsoro te, na ɛka sɛ nnipa bɛkɔ hɔ. Woabisa wo ho pɛn sɛ wɔn a wɔbɛkɔ soro no, dɛn na wɔrekɔyɛ?

Robert: Yɛne Onyankopɔn bɛtena na yɛayi no ayɛ daa.

Michael: Ɛyɛ anigyesɛm paa. Asɛm no ne sɛ, ɛnyɛ hokwan a wɔn a wɔbɛkɔ soro no benya nko ara na Bible ka ho asɛm, na mmom ɛka sɛ wɔde adwuma bi a ɛho hia nso bɛma wɔn.

Robert: Adwuma bɛn saa?

Michael: Ɛyɛ adwuma a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 5:10 no. Ɛka Yesu ho asɛm sɛ: “Woyɛɛ wɔn ahemman ne asɔfo maa yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” Enti Robert, wuhuu adwuma a wose wɔn a wɔbɛkɔ soro no bɛyɛ no?

Robert: Nea wokenkanee no kyerɛ sɛ wobedi asase so hene.

Michael: Wunhu sɛ ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedwen ho kɔ akyiri?

Henanom So na Wobedi Hene No?

Michael: Wunnye nni sɛ, sɛ wɔn a wɔrekɔ soro no rekodi hene a, ɛnde ɛsɛ sɛ wonya nnipa a wobedi wɔn so? Wohwɛ a, ɔhene bɛn na onni ɔmanfo a odi wɔn so?

Robert: Mahu nea worekyerɛ no.

Michael: Enti asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa ara ne sɛ, Henanom so na wobedi hene no?

Robert: Migye di sɛ yebedi nnipa a wɔwɔ asase so a wonnya nwu nkɔɔ soro no so.

Michael: Sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro de a, anka ntease wɔ nea woaka no mu. Nanso ade foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudwen ho. Wugye di sɛ ebetumi aba sɛ nnipa bi a wɔn nso wɔyɛ nnipa pa renkɔ soro?

Robert: Mentee bi da sɛ Kristoni bi wɔ saa gyidi no.

Michael: Asɛm bi a ɛwɔ Dwom 37:29 nti na mibisaa saa asɛm no. Mepa wo kyɛw, kan hɔ ma yentie.

Robert: Yoo. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”

Michael: Meda wo ase. Wuhuu baabi a ose nnipa pa bebree bɛtena no?

Robert: Nea yɛkenkanee no kyerɛ sɛ wɔbɛtena asase so.

Michael: Ɛno ara ne no; na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtena ha bere tiaa bi. Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ: ‘Wɔbɛtena so daapem.’

Robert: Ebia nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nnipa pa bɛwɔ asase so daa. Sɛ yewu na yɛkɔ soro a, wɔbɛwo nnipa pa foforo ama wɔabesi yɛn anan.

Michael: Ebia saa na ebinom bɛkyerɛ kyerɛwsɛm no ase. Nanso wunhu sɛ ebetumi akyerɛ biribi foforo koraa? Wunnye nni sɛ ebetumi akyerɛ sɛ apapafo no bɛtena asase so daa?

Robert: Minnye nni sɛ mete nea woreka no ase.

Paradise Bi a Ɛbɛba Asase so Daakye

Michael: Wo de, hwɛ nea Bible mu asɛm foforo bi nso ka sɛ ɛbɛba asase so daakye. Ma yɛnkenkan Adiyisɛm 21:4. Ɛka nnipa a wɔbɛtena ase saa bere no ho asɛm sɛ: “Ɔbɛpopa [kyerɛ sɛ, Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” Ɛno nyɛ anidaso a ɛma akomatɔyam anaa?

Robert: Ɛte saa de, nanso ɛyɛ me sɛ ɛreka sɛnea asetena bɛyɛ wɔ ɔsoro.

Michael: Ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wɔbɛkɔ soro no nso benya nhyira a ɛte saa. Nanso san hwɛ kyerɛwsɛm no bio. Ɛka sɛ owu bɛyɛ dɛn?

Robert: Ese “owu nni hɔ bio.”

Michael: Saa na ɛte. Minim sɛ wubegye atom sɛ, sɛ wɔka sɛ biribi nni hɔ bio a, ɛkyerɛ sɛ bere bi na ɛwɔ hɔ.

Robert: Ampa.

Michael: Nanso owu mmaa ɔsoro da, anaa meboa? Asase yi so ha na nnipa wu.

Robert: Hmm. Eyi de, ɛyɛ me naa kakra.

Michael: Robert wunim, Bible kyerɛkyerɛ sɛ apapafo binom bɛkɔ soro, nanso nnipa bebree bɛtena asase so daa. Migye di sɛ wo nso woate saa asɛm yi pɛn: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.”—Mateo 5:5, Akuapem Twi Bible.

Robert: Yiw, yɛtaa kenkan saa asɛm no wɔ asɔre.

Michael: Sɛ wɔn a wodwo benya asase so adi de a, na ɛkyerɛ sɛ nnipa bɛtena asase so, anaa meboa? Wɔn a wɔbɛtena asase so no, wɔn na wobenya nhyira a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. Saa bere no, wiase yi bɛsesa koraa efisɛ Onyankopɔn beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ; owu mpo befi hɔ.

Robert: Mahu nea worekyerɛ no, nanso minnye nni sɛ Bible mu asɛm biako anaa abien pɛ yi ara kyerɛ sɛ nea woreka no yɛ nokware.

Michael: Ɛyɛ ampa. Nanso nea ɛwom ne sɛ, Bible mu nsɛm pii na ɛkyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ wɔ asase so daakye. Sɛ wubenya bere kakra a, anka metumi ne wo akenkan kyerɛwsɛm biako bi a m’ani gye ho paa.

Robert: O yɛnkɔ so.

“Ɔdebɔneyɛfo Nni Hɔ Bio”

Michael: Yɛakenkan Dwom 37 nkyekyɛm 29 dedaw. Ma yɛnsan nkɔ Dwom 37 hɔ, na yɛnkenkan nkyekyɛm 10 ne 11. Mesrɛ wo, wonkenkan hɔ mma yɛn?

Robert: Yoo. “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

Michael: Meda wo ase. Sɛ yɛhwɛ nkyekyɛm 11 no a, ɛhe na wɔkyerɛ sɛ “ahobrɛasefo” anaa nnipa pa bɛtena?

Robert: Ese ‘wobenya asase no adi.’ Nanso me de, m’adwene kyerɛ me sɛ saa asɛm no reyɛ adwuma nnɛ, efisɛ ɛnnɛ yɛhwɛ a, nnipa pa te asase so.

Michael: Ɛyɛ ampa. Nanso hwɛ o, kyerɛwsɛm no kae sɛ nnipa pa begye wɔn ani “asomdwoe bebree mu.” Wohwɛ a, asomdwoe wɔ wiase nnɛ?

Robert: Dabi.

Michael: Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na saa nkɔmhyɛ no aba mu? Ma memfa biribi nyɛ ntotoho kakra: Fa no sɛ woasi fie bi de ama nkurɔfo atena mu. Nnipa a wɔte hɔ no bi yɛ nnipa pa a wɔhwɛ dan no so yiye na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne obiara bɛtena kama. Migye di sɛ ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ wode dan no maa wɔn. Nanso fa no sɛ nnipa bi nso te fie hɔ a wɔn suban nye; wɔresɛe fie no na wɔteetee nnipa a wɔte bɛn wɔn no. Sɛ wɔantie kasakyerɛ ansesa wɔn suban a, dɛn na anka wobɛyɛ?

Robert: Anka metu wɔn.

Michael: Saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn bɛyɛ nnipabɔnefo a wɔwɔ wiase nnɛ no. San hwɛ nkyekyɛm 10. Ɛka sɛ: “Ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio.” Ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn ‘betu’ wɔn a wɔteetee wɔn yɔnko nnipa no afi asase so. Ɛba saa a, nnipa pa betumi anya asomdwoe wɔ asase so. Mehwɛ a, nnipa pa a Bible se wɔbɛtena asase so daa no, ɛne nea wɔakyerɛkyerɛ wo no nhyia.

Robert: Yiw, mentee saa asɛm no wɔ asɔre da.

Michael: Sɛnea wokae no nso, yɛrentumi mfa yɛn asɛm no nnyina kyerɛwsɛm biako anaa abien pɛ so. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu hu nea Bible mũ no nyinaa ka sɛ ɛda hɔ ma nnipa pa daakye. Nanso sɛ wohwɛ kyerɛwsɛm a yɛakenkan nnɛ no a, wugye di sɛ ebetumi aba sɛ apapafo bi bɛkɔ soro na apapafo bebree nso atena asase so ha?

Robert: Mintumi nhu. Nanso sɛ yɛhwɛ kyerɛwsɛm a yɛakenkan no de a, anhwɛ a wobɛka sɛ ɛte saa. Eyi de, ɛsɛ sɛ mesan hwehwɛ mu bio.

Michael: Sɛ woresan asusuw asɛm no ho a, ebia nsɛmmisa bi bɛba w’adwenem. Ebi ne sɛ, nnipa pa a wɔawuwu dedaw no nso ɛ? Wɔn nyinaa kɔ soro anaa? Sɛ ɛnte saa a, ɛhe na wɔwɔ?

Robert: Ɛyɛ nsɛmmisa a ɛho hia paa.

Michael: Sɛ wopɛ a, metumi ayɛ nneɛma abien ama wo. Nea edi kan no, ma menkyerɛw kyerɛw nsɛm kakra a ɛfa asɛm no ho mma wo. * Nea ɛto so abien no, mepɛ sɛ wudi kan kenkan saa kyerɛw nsɛm no dwinnwen ho, na masan aba ama yɛabɛbɔ ho nkɔmmɔ. Ɛbɛyɛ yiye saa?

Robert: Eye paa. Meda wo ase.

[Ase hɔ asɛm]