Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

Yehowa Kyi Nsisi

Yehowa Kyi Nsisi

“ONIPA di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wɔkyerɛw saa nsɛm yi bɛyɛ mfe 3,000 ni, na ɛma yehu tebea a ɛwɔ wiase yi mu nnɛ. Baabiara a wobɛfa biara, ebinom de wɔn tumi sisi afoforo. Wɔtaa sisi nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ ne nnipa a wonni aboafo. Yehowa te nka dɛn wɔ saa nsisi no ho? Yebehu mmuae no wɔ Hesekiel 22:6, 7, 31.—Kenkan.

Mmara a Yehowa de maa Israelfo no maa emu daa hɔ fann sɛ, wɔn a wodi tumi no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo. Yehowa ma wɔtee ase sɛ, sɛ obehyira ɔman no a, gye sɛ wɔn a wodi tumi no nya ayamye ma ahiafo na wɔkyerɛ wɔn sɛ wodwen wɔn ho. (Deuteronomium 27:19; 28:15, 45) Hesekiel bere so de, na Yerusalem ne Yuda abirɛmpɔn no de wɔn tumi resisi nkurɔfo ma ɛboro so. Dɛn na ɛkɔɔ so?

Ná abirɛmpɔn no de wɔn ‘basa hwie mogya gu.’ (Nkyekyɛm 6) Asɛm “basa” no gyina hɔ ma tumidi. Ɛno nti, Bible nkyerɛase foforo bi ka sɛ: “Israel ahempɔn . . . de wɔn tumi rehwie mogya gu.” Sɛ atumfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma ɔmanfo di mmara so no de wɔn tumi sisi nnipa kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na atɛntrenee akɔ so?

Hesekiel kaa asɛm yi wiei no, ɔde kwaadu bi bɔɔ atumfoɔ no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa wɔn a wodii atumfoɔ no akyi yɛɛ asoɔden tiaa Yehowa no nso ho. Hesekiel kae sɛ: “Wobu agya ne ɛna animtiaa.” (Nkyekyɛm 7) Esiane sɛ na ɔman no mfa obu a ɛfata mma awofo nti, ɛmaa mmusua gyigyae; na abusua no nso na na ɔman no ahoɔden gyina so.—Exodus 20:12.

Nnipa asisifo de wɔn ani sii wɔn a wonni aboafo so sisii wɔn. Mmara a Onyankopɔn de maa Israel no, ne nnyinaso ne ɔdɔ, enti sɛ nkurɔfo no bu mmara so a, ɛkyerɛ sɛ wɔabu wɔn ani agu saa nnyinaso a ɛne ɔdɔ no so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo wɔ Mmara no mu sɛ wonnya atenka mma ahɔho a wɔtete wɔn mu no. (Exodus 22:21; 23:9; Leviticus 19:33, 34) Nanso nkurɔfo no ‘sisii’ ahɔho a na wɔtete wɔn mu no.—Nkyekyɛm 7.

Israelfo no teetee nea onni ɔboafo nso—“agyanka ne okunafo.” (Nkyekyɛm 7) Sɛ obi maame anaa ne papa wu anaasɛ ne hokafo wu a, n’asɛm yɛ Yehowa mmɔbɔ paa. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔno ankasa bebu wɔn a wɔteetee nnyanka ne akunafo no atɛn.—Exodus 22:22-24.

Israelfo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no nam saa kwan yi ne akwan foforo so buu Onyankopɔn Mmara so, na wobuu Mmara no nnyinaso a ɛne ɔdɔ no nso animtiaa. Dɛn na Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ wɔ asɛm no ho? Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Mehwie m’abufuw agu wɔn so.” (Nkyekyɛm 31) Ampa ara, afe 607 A.Y.B. no, ɔmaa Babilonfo bɛsɛee Yerusalem faa emu nnipa kɔɔ nkoasom mu.

Asɛm a Hesekiel ka faa nsisi ho no ma yesua nneɛma abien fi Yehowa hɔ. Nea edi kan, Yehowa kyi nsisi. Nea ɛto so abien, sɛ ohu sɛ ebinom resisi nkurɔfo a wɔnyɛɛ bɔne biara a, ɛyɛ no mmɔbɔ. Onyankopɔn nsakrae. (Malaki 3:6) Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ obeyi nsisi ne wɔn a wosisi nkurɔfo no nyinaa afi hɔ. (Mmebusɛm 2:21, 22) Yɛahu sɛ Onyankopɔn “dɔ atɛntrenee.” Ɛnde, adɛn nti na wunsua ne ho ade pii na ama woahu ɔkwan a wobɛfa so abɛn no?—Dwom 37:28.

August Bible akenkan:

Hesekiel 21-38

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Yehowa maa emu daa hɔ fann sɛ, wɔn a wodi tumi no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo