Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

  Suasua Wɔn Gyidi

“Ɔbea Pa”

“Ɔbea Pa”

RUT buu nkotodwe wɔ atoko a wayɛ adwuma da mũ aboaboa ano no ho. Ná ɛrekɔ anwummere, enti na akuafo bebree fi afuw mu de wɔn ani akyerɛ Betlehem kurow a ɛda bepɔw so no. Yebetumi aka sɛ na Rut abrɛ efisɛ na wayɛ adwuma fi anɔpa abesi saa anwummere no. Nanso na onnyaee adwumayɛ, na okura abaa reboro atoko fi atoko nnua no ho. Ne nyinaa mu no, nneɛma kɔɔ yiye maa no saa da no a wanna annwen ho sɛ ɛbɛyɛ saa.

Ná nneɛma afi ase reyɛ yiye ama ababaa a ne kunu awu agya no yi anaa? Ná ɔde ne ho afam n’asebea Naomi aka ntam sɛ ɔne no bɛtena daa, na ɔde ne Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ ne Nyankopɔn. Mmea akunafo baanu yi fi Moab na ɛbaa Betlehem, na ankyɛ na Moabni Rut hui sɛ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ bi wɔ Yehowa Mmara mu a wɔde boa ahiafo a wɔwɔ Israel a ebi sõ ahɔho mpo so. * Afei de na wahu sɛ Yehowa nkurɔfo a ɔde Mmara no maa wɔn no bi de ayɛ adwuma akyerɛ sɛ wotie Onyankopɔn na wɔwɔ ayamye. Ne nyinaa kaa ne koma a awerɛhow ahyɛ no ma no.

Wɔn a wɔde saa mmara no yɛɛ adwuma no biako ne Boas, abasiriwa sikani bi a n’afuw mu na Rut kɔsesaw nnɔbae ase no. Ɔkɔɔ hɔ no, Boas faa no sɛ ne ba. Ɛbɛyɛ sɛ Rut reyɛ adwuma nyinaa na n’ani agye ne tirim efisɛ ɔkaee nsɛm a Boas ka kyerɛɛ no no; Boas kamfoo no efisɛ na ɔrehwɛ ɔbaapanyin Naomi na na wabɛhwehwɛ hintabea wɔ nokware Nyankopɔn Yehowa ntaban ase.—Rut 2:11-13.

Nanso asetena bɛkɔ dɛn oo, ɛbɛkɔ dɛn oo, ɛno de na Rut nnim. Ɔhɔho hianiwa a onni kunu nni ba saa de, na ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ne ho ahwɛ Naomi? Nnɔbae ase a ɔsesaw no ara bɛso wɔn anaa? Na ɔno ara nso ɛ, sɛ onyin a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ntease wom sɛ saa nsɛm yi nyinaa bɛba  n’adwenem. Ɛnnɛ wiase a sika ho ayɛ den yi mu no, adwennwen a ɛte saa da nnipa pii so. Sɛ yehu sɛnea Rut gyidi boaa no wɔ saa nsɛm no mu a, nneɛma pii wom a yebetumi asuasua.

Dɛn Ne Abusua?

Rut yeree ne ho hwɛɛ ne ho ne Naomi

Bere a Rut boroo nnɔbae no wie boaboaa ano no, ohui sɛ wanya atoko efa susude biako anaa lita 22. Ná ɛbɛyɛ olonka ason! Ebetumi aba sɛ ɔde guu ntama mu kyekyere soae wɔ ne ti so kɔɔ Betlehem bere a esum reba no.—Rut 2:17.

Bere a Naomi huu n’ase Rut no, n’ani gyee, na ebia atoko bebree a na ɛso no no yɛɛ no nwonwa. Aduan a Boas de maa adwumayɛfo no, Rut de bi baa fie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’asebea benya biribi kakra adi. Naomi bisae sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaw nnɔbae nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom wo no.” (Rut 2:19) Ná Naomi hwɛ nneɛma kɔ akyiri, enti ohui sɛ nneɛma bebree a Rut de bae no kyerɛ sɛ obi ada ayamye adi akyerɛ no.

Wɔn baanu no fii ase bɔɔ nkɔmmɔ, na Rut kaa Boas ayamye no nyinaa kyerɛɛ Naomi. Asɛm no kaa Naomi ma ɔkae sɛ: “Yehowa a ɔda adɔe adi kyerɛ ateasefo ne awufo no nhyira no.” (Rut 2:19, 20) Ohui sɛ Boas ayamye no fi Yehowa, efisɛ Yehowa na ɔde hyɛ n’asomfo komam ma wɔyɛ papa, na ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ obetua wɔn ayamye no so ka. *Mmebusɛm 19:17.

Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ ontie Boas na ɔntoa so nsesaw nnɔbae ase wɔ Boas afuw mu na ɔnyɛ adwuma wɔ ne mmabaa no nkyɛn na atwafo no ankɔhaw no. Rut de n’afotu no yɛɛ adwuma. Afei nso “ɔkɔɔ so ne n’ase no tenae.” (Rut 2:22, 23) Saa nsɛm no ma yehu suban pa foforo bi nso wɔ Rut ho; saa suban no ne adɔe. Yɛhwɛ nea ɔyɛe no a, ɛma yebisa yɛn ho sɛ yɛn nso yɛn abusuafo ho hia yɛn, na yeyi yɛn yam boa yɛn adɔfo anaa? Yehowa ani mpa adɔe a ɛte saa so da.

Rut ne Naomi hyehyɛɛ wɔn ho nkuran na obiara boaa ne yɔnko

Enti yebetumi afrɛ Rut ne Naomi sɛ abusua? Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛ wɔka abusua “paa” a, gye sɛ wonya obi ne ne yere, wɔn babarima, wɔn babea, wɔn nananom ne nea ɛkeka ho. Nanso sɛ abusua bi mufo nnɔɔso anaa ade ahia wɔn sɛ dɛn koraa a, Naomi ne Rut asɛm no kae yɛn sɛ Yehowa asomfo betumi abue wɔn komam aboa ama anigye, ɔdɔ ne ayamye atena saa abusua no mu. W’ani sɔ w’abusua? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Kristofo asafo no betumi ayɛ abusua ama wɔn a wonni abusua no mpo.—Marko 10:29, 30.

“Ɔyɛ Obusuani a Obetumi Agye Yɛn”

Rut sesaw nnɔbae ase wɔ Boas afuw mu fi atokotwa bere, efi bɛyɛ April kosi awitwa bere, bɛyɛ June. Nna kakra twaam no, Naomi dwen ho sɛ dɛn koraa na obetumi ayɛ ama n’ase. Bere a na wɔwɔ Moab no, na Naomi nim yiye paa sɛ ɔrentumi nyɛ hwee mfa mmoa Rut mma onnya kunu foforo. (Rut 1:11-13) Nanso seesei de, na n’adwene aba biribi so. Ɔkɔɔ Rut nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo, na asi wo yiye.” (Rut 3:1) Saa bere no, na ɛyɛ amammerɛ sɛ awofo hwehwɛ kunu ma wɔn mma, na na Naomi de Rut ayɛ ne ba koraa. Ná ɔpɛ sɛ onya “homebea” ma Rut, kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ onya ahotɔ ne bammɔ wɔ ne kunu fie. Enti dɛn na na Naomi bɛyɛ?

Bere a edi kan a Rut kaa Boas ho asɛm kyerɛɛ Naomi no, Naomi kae sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa. Ɔyɛ obusuani a obetumi agye yɛn.” (Rut 2:20) Ná ɛno kyerɛ dɛn?  Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no, na nhyehyɛe bi wom ma mmusua a ohia anaa wɔn biribi awu ama wɔakɔ ahokyere mu. Sɛ ɔbea anwo na ne kunu wu a, etumi teetee no paa, efisɛ ɛbɛma ne kunu din ayera koraa a wɔrenkae no bio da. Nanso Onyankopɔn Mmara no maa kwan sɛ ɔbarima no nuabarima betumi aware okunafo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo ama ne kunu a wawu no din atena hɔ na abɔ abusua no agyapade nso ho ban. *Deuteronomium 25:5-7.

Naomi de ho adwene bi bae. Fa w’ani bu sɛnea ɛbɛyɛ Rut nwonwa bere a n’ase no kaa ho asɛm kyerɛɛ no no. Ɛbɛyɛ sɛ na Mmara a ɛwɔ Israel no da so yɛ ade foforo ma Rut, na na amammerɛ no bebree nso yɛ no foforo. Sɛ saa na ɛte mpo a, na obu Naomi paa, enti ɔyɛɛ aso tiee biribiara a ɔka kyerɛɛ no. Nea Naomi kae sɛ Rut nyɛ no, na ne yɛ bɛyɛ den ama no na na ebetumi ayɛ fɛre anaa ebetumi mpo akɔfa animguase abrɛ no. Nanso Rut penee so. Ɔde ahobrɛase kae sɛ: “Nea woaka biara mɛyɛ.”—Rut 3:5.

Ɛtɔ mmere bi a etumi yɛ den ma mmabun sɛ wobetie mpanyimfo a wɔn adwenem abue afotu. Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛka sɛ ɔhaw a mmabun fa mu no, mpanyimfo nte ase. Ahobrɛase a Rut de tiei no ma yehu sɛ, sɛ yetie nyansasɛm a mpanyimfo a wɔdɔ yɛn na yɛn asɛm hia wɔn de ma yɛn no a, ɛbɛboa yɛn paa. Enti afotu bɛn na Naomi de maa Rut, na ɔno nso tiei no, ɛboaa no anaa?

 Rut Kɔɔ Awiporowbea Hɔ

Saa anwummere no, Rut kɔɔ awiporowbea hɔ. Ɛhɔ yɛ asase a ɛso da so a wɔaboro hɔ ama ɛhɔ ayɛ denneennen. Ɛhɔ na na akuafo pii de wɔn nnɔbae kɔ kɔporow na wohuw so. Ná ɛtaa yɛ bepɔw so baabi a mframa bɔ denneennen anwummere. Nea ɛbɛyɛ a ntɛtɛw no befi nnɔbae no ho no, na adwumayɛfo no de adinam ne apaawa saw nnɔbae no ne ntɛtɛw no nyinaa tow kɔ wim, na mframa huw ntɛtɛw no kɔ ma nnɔbae no begu fam.

Bere a adwuma no rekɔ awiei anwummere no, Rut de n’ani too fam hwɛɛ nneɛma. Boas kɔhwɛɛ wɔn a na wɔrehuw atoko so no, na eduu baabi no, na ayɛ bebree sum hɔ. Boas de anigye didi wiei no, ɔdaa atoko no akyi. Ɛbɛyɛ sɛ edu otwa bere a, na akuafo taa da wɔn nnɔbae ho sɛnea ɛbɛyɛ a akorɔmfo mmewia anaa afowfo mmɛfow. Bere a Rut hui sɛ Boas rekɔda no, ohui sɛ bere aso sɛ ɔde Naomi asɛm no yɛ adwuma.

Ná Rut koma atu de, nanso ɔyɛɛ kodɛɛ kɔɔ Boas nkyɛn. Ohui sɛ Boas ada hatee. Enti sɛnea Naomi kae no, Rut koyii ne nan ho ntama daa hɔ twɛnee. Rut kɔɔ so twɛnee. Ɔtwɛn twɛn twɛnee no, afei Boas fii ase dannan ne ho. Esiane sɛ na awɔ de no nti, ɔtwee ne mu sɛ ɔrekata ne nan ho bio. Nanso ohui sɛ obi da ne nan ase. Asɛm no kenkan sɛ: “Ɔbɛhwɛ a, ɔbea bi na ɔda n’anafo yi!”—Rut 3:8.

Obisaa no sɛ: “Hena ni?” Ebetumi aba sɛ bere a Rut rema mmuae no na ne nne repopow. Obuae sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut; trɛw wo ntama mu kata w’afenaa so, efisɛ woyɛ abusua mu ogyefo.” (Rut 3:9) Nnɛɛmmafo bi pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ Rut kasa ne ne nneyɛe no kyerɛ sɛ na okura adwemmɔne. Nanso ɛyɛ a na wɔn werɛ afi nneɛma abien bi. Nea edi kan no, na ɛyɛ ɛhɔfo amammerɛ, enti nea Rut yɛe no, na ɛnyɛ nwonwa. Nea ɛwom ara ne sɛ, ɛnnɛ de, saa amammerɛ no atwam. Enti ɛyɛ mfomso sɛ obi de bɛtoto nea ɛrekɔ so nnɛ no ho aka sɛ na Rut wɔ adwemmɔne. Nea ɛto so abien, nea Boas yɛe no ma yehu sɛ na Rut bu bra pa ma enti Boas kamfoo no paa.

Ɛnyɛ adwemmɔne na Rut de kɔhwehwɛɛ Boas

Boas kasae, na sɛnea ɔtɔɔ ne bo ase kasae no maa Rut nyaa awerɛkyekye. Boas kae sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Adɔe a woada no adi nnɛ yi sen kan de no koraa, efisɛ woankodi mmerante akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafo anaa asikafo.” (Rut 3:10) “Kan de no” yɛ adɔe a Rut yɛɛ Naomi sɛ odii n’akyi baa Israel na ɔrehwɛ no nso. “Nnɛ yi” de no nso yɛ nea na asi saa da no a Boas rekasa no. Boas hui sɛ ababaa a ɔte sɛ Rut de, anka aberante na ɔbɛware no, sɛ ebia ɔwɔ sika anaa onni bi. Mmom no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Naomi ne Naomi kunu a wawu no nyinaa adɔe na amma ɔbarima no din anyera wɔ n’abusua mu. Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ sɛnea ababaa no tuu ne ho mae no kaa Boas koma saa.

Boas toaa so sɛ: “Afei me ba, nsuro. Nea wobɛka biara mɛyɛ ama wo, efisɛ kurom hafo nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.” (Rut 3:11) Boas ani gyee ho sɛ ɔbɛware Rut. Ebetumi aba sɛ anyɛ Boas nwonwa pii sɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ogyefo mma wɔn. Nanso na Boas yɛ ɔtreneeni, enti wannwen ɔno ara ne ho anyɛ nea ɔpɛ kɛkɛ. Ɔka kyerɛɛ Rut sɛ ogyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn Naomi kunu a wawu no sen ɔno Boas. Enti, na Boas bedi kan akohu saa barima no ahwɛ sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔware Rut anaa.

Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnna hɔ ntwɛn nkosi sɛ anim bɛtetew kakra na afei wayɛ kodɛɛ akɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu sɛ waba hɔ. Ná ɔmpɛ sɛ ɔne Rut anim begu ase, efisɛ anhwɛ a ebinom bedwen sɛ ɔne no abu brabɔne. Rut daa ɔbarima no nan ase bio, na saa bere yi de ɛbɛyɛ sɛ na onsuro  bio efisɛ na papa no adom no atie n’abisade. Enti bere a anim nnya ntetewee no, Boas sesaw atoko bebree guu Rut ntama mu, na Rut san kɔɔ Betlehem.

Wutumi hu sɛ Rut bɛkaakae nsɛm a Boas ka kyerɛɛ no no ama n’ani agye efisɛ ɔkae sɛ obiara nim sɛ ɔyɛ “ɔbea pa”! Biribiara kyerɛ sɛ sɛnea na wayi ne komam pɛ sɛ ohu Yehowa na ɔsom no no nti na wɔkaa ne ho asɛmpa saa no. Afei nso na wayi ayamye akyerɛ Naomi ne ne nkurɔfo akyerɛ sɛ odwen wɔn ho, na wayɛ krado nso sɛ ɔbɛsesa n’akwan adi amammerɛ a onnim akyi. Sɛ yesuasua Rut gyidi a, yɛbɛbɔ mmɔden akyerɛ obu kɛse ama nkurɔfo ne akwan a wɔfa so yɛ nneɛma ne wɔn amammerɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso nkurɔfo bɛbɔ yɛn din pa sɛnea wɔfrɛɛ no “ɔbea pa” no.

Rut Nyaa Homebea

Bere a Rut koduu fie no, Naomi bisaa no sɛ: “Me ba, wuni?” Ɛbɛyɛ sɛ na esum wom nti na Naomi bisaa saa no. Ebetumi nso aba sɛ na Naomi pɛ sɛ ohu sɛ Rut da so ara yɛ ababaa kunafo a onim no no anaa wanya anidaso sɛ obi rebɛware no. Rut kaa nea esii ɔne Boas ntam nyinaa kyerɛɛ n’ase ntɛm pa ara. Afei nso ɔde atoko pii a Boas de maa no sɛ ɔmfa mma Naomi no nso maa no. *Rut 3:16, 17.

Naomi kaa nyansasɛm kyerɛɛ Rut sɛ ɔnnkɔsesaw nnɔbae ase na mmom ɔnyɛ dinn  ntena fie saa da no. Ɔmaa Rut nyaa awerɛhyem sɛ: “Ɔbarima no ho rentɔ no kosi sɛ obedi asɛm no ho dwuma awie nnɛ.”—Rut 3:18.

Nea Naomi ka faa Boas ho no, na ɛyɛ nokware. Boas kɔɔ kurow no pon ano baabi a kurow no mu mpanyimfo taa hyia no, na ɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ Naomi kunu busuani a ɔbɛn no paa no betwaam. Boas to maa no wɔ adansefo anim sɛ ɔnware Rut mfa nyɛ ogyefo mma wɔn. Nanso wampene, na ɔkae sɛ, sɛ ɔyɛ saa a ɛbɛsɛe ɔno ara n’agyapade. Afei Boas kae wɔ adansefo no anim wɔ kurow pon no ano sɛ ɔbɛyɛ ogyefo atɔ Naomi kunu Elimelek a wawu no agyapade na waware Rut a na ɔware Elimelek ba Malon no. Boas kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa “na ama owufo no din aba n’agyapade so.” (Rut 4:1-10) Ná Boas yɛ treneeni a odwen afoforo ho paa.

Boas waree Rut. Ɛno akyi no, Bible ka sɛ: “Yehowa ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.” Betlehem mmea no hyiraa Naomi na wɔkamfoo Rut sɛ ɔsom bo ma Naomi sen mmabarima baason. Yɛabehu sɛ Rut babarima no mu na Ɔhenkɛse Dawid fi bae. (Rut 4:11-22) Dawid nso mu na Yesu Kristo fi bae.—Mateo 1:1. *

Yehowa hyiraa Rut efisɛ ne mu na Mesia no fi bae

Naomi boaa Rut ma ɔtetee abofra no te sɛ ɔno ara ne ba, na Onyankopɔn hyiraa wɔn baanu nyinaa. Mmea baanu yi asetena mu nsɛm kae yɛn sɛ wɔn a wɔde ahobrɛase hwɛ wɔn ho nnipa na wɔne Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn bom som no no, n’ani mpa wɔn mu biara so. N’anokwafo a wɔwɔ din pa te sɛ Rut no, n’ani mpa wɔn so da, na ɔbɛma wɔn akatua nso.

^ nky. 4 Hwɛ asɛm a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi​—‘Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ.’” Ɛwɔ July 1, 2012 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ nky. 10 Sɛnea Naomi kae no, ɛnyɛ ateasefo nkutoo na wonya Yehowa ayamye so mfaso; ɛsõ awufo nyinaa so bi. Ná Naomi ahwere ne kunu ne ne mmabarima baanu. Ná Rut nso ahwere ne kunu. Wutumi hu sɛ na mmarima baasa no wu ama mmea baanu no ahwere ade paa. Enti sɛ obi yi ayamye kyerɛ Naomi ne Ruth a, ɛte sɛ nea ɔreyi ayamye akyerɛ saa mmarima no, efisɛ wɔte ase a, anka wɔbɛhwɛ mmea no.

^ nky. 15 Hokwan a wɔde ware okunafo a ɔte saa no, na wodi kan de ma nea wawu no nuabarimanom, na sɛ anyɛ yiye a ansa na wɔde ama n’abusuafo mmarima foforo a wɔbɛn no paa. Saa ara nso na na wɔyɛ n’agyapade.—Numeri 27:5-11.

^ nky. 28 Boas maa Rut atoko asusude asia a wɔankyerɛ ade pɔtee a ɔde susuwii. Ebetumi aba sɛ, sɛnea wɔde nna asia yɛɛ adwuma na wɔhomee da a ɛto so ason no, na ɔde reka biribi akyerɛ Rut sɛ brɛ a wabrɛ wɔ ne kunayɛ mu no, ɛrenkyɛ na wanya “home” wɔ ne kunu fie. Ebetumi nso aba sɛ apaawa asusude asia na Boas de maa no, na nea Rut betumi asoa ara ne no.

^ nky. 31 Mmea baanum pɛ na Bible bɔ wɔn din sɛ wɔn aseni ne Yesu, na Rut ka ho. Obiako nso ne Boas maame Rahab. (Mateo 1:3, 5, 6, 16) Ɔne Rut nyinaa, na wɔnyɛ Israelfo.