Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Asɛm Mu Tumi Sakraa Hindufo Abusua Bi

Onyankopɔn Asɛm Mu Tumi Sakraa Hindufo Abusua Bi

DWODA, August 22, 2005 yɛ da a me werɛ remfi da. Saa da no anɔpa, yɛn abusua no boom didii. Ná migyina owu ne nkwa nkwanta, efisɛ na biribi ahon me tirim. Me kunu Krishna bɔɔ mpae na afei me ne abusua no kasae.

Mekae sɛ: “Wɔrekɔyɛ me oprehyɛn kɛse bi wɔ ayaresabea, enti obiara nsiesie n’adwene efisɛ minnim nea ɛbɛba. Sɛ ɛba sɛ miwu a, mayɛ m’ayi ho nhyehyɛe nyinaa ato hɔ. Mo a moyɛ Yehowa asomfo no, mommma mo abam mmmu. Mo a moaka no nso, mesrɛ mo mompene so mma wɔne mo nyɛ Bible adesua na monkɔ yɛn Kristofo nhyiam no bi. Ɛno na sɛ moyɛ a, ɛbɛma mo nso moanya gyidi a mewɔ no bi sɛ daakye, Onyankopɔn asomfo a wodi nokware nyinaa bɛtena asase so paradise daa wɔ apɔwmuden mu.”

Ansa na mɛka nea oprehyɛn no kowiei no, momma menka me ho asɛm kakra ne nea ɛyɛe a mihuu nokware Nyankopɔn no.

Wɔwoo Me Too Hindusom Mu

Mebɔ Maame bo

Ofie a na yɛte mu no, na wɔde nnua ne nnade na asi, na na ɛwɔ koko bi so wɔ South Africa kurow a ɛda mpoano a wɔfrɛ no Durban. Esiane sɛ yɛn fie no wɔ koko so nti, sɛ yefi kwan ho rekɔ fie a na yɛforo ntrapoe 125 ansa na yɛadu ofie no abɔnten pon ano. Sɛ yɛforo ntrapoe no a, yekosi wuram kwan bi so, na yɛfa so kodu dade pon bi ano. Dade pon no nkyɛn na na me nanabea Hindu asɔredan si, na na Hindu anyame mfonini ayɛ mu ma. Me nana ka kyerɛɛ me sɛ wokogyee me fii anyame a na yɛsom wɔn no hɔ. (Hindi kasa mu no, wɔka no mandir kī baccā) Ntrapoe bi a wɔaka so kɔkɔɔ a ɛkɔ yɛn fie kwan ano no, na ɛne asɔredan no di nhwɛanim. Ná ɛyɛ ofie kɛse a ɛwɔ abrannaa tenteenten ne gyaade kɛse bi a kropɔt si hɔ. Ná mpia ason na ɛwɔ fie hɔ, na yɛasi dan ketewa biako asi nkyɛn. Nnipa 27 na na yɛte fie hɔ; ná me nananom, me papa ne ne nuabarimanom nkumaa baasa ne ne nuabea ketewa ne wɔn mmusua nyinaa te fie hɔ bi.

Yɛn abusuafie

Abusua no kɛse nti, na ɛyɛ den sɛ obiara benya nea ɔpɛ. Nanso tena a abusua no nyinaa tena boom no amma yɛn mu ampaapae, na yɛboom yɛɛ nneɛma pii maa yɛn ani gyei. Me maame Gargee Devi ne akorafo baasa a wɔaka no na wɔkyɛɛ fie hɔ nnwuma yɛe. Ná obiara wɔ da a ɔde siesie fie hɔ ne da a ɔde noa aduan. Me nanabarima na na ɔyɛ abusua ti; ɔno ara na ɔtɔɔ abusua no aduan nyinaa. Wukuda biara na me nananom kɔ guaso kɔtotɔ nam, nnuaba ne atosode a yebedi saa nnawɔtwe no. Sɛ wɔkɔ guaso a, yɛtaa kɔtenatena dua bi ase twɛn sɛ wobefi guaso aba, na sɛ yɛte dua no ase a, yehu nea ɛrekɔ so wɔ ase hɔ nyinaa. Sɛ yehu sɛ wɔasi afi kar mu kurakura nkɛntɛn akɛse no pɛ a, yɛde mmirika sian ntrapoe 125 no kɔboa wɔn ma wɔde nneɛma a wɔkɔtotɔe no ba fie.

Ntrapoe 125 no nkyɛn

Ná yɛwɔ mfikyifuw bi a bɛten bi si hɔ, na na nnomaa bi a wɔfrɛ wɔn mynah ayeyɛ wɔn berebuw wɔ so. Ná yehu sɛ nnomaa no tu di akɔneaba, na yɛte wɔn su. Ná me nanabea taa tena ntrapoe no so wɔ abɔnten pon no ano to anansesɛm kyerɛ yɛn; ná ɔyɛ no sɛnea  ɔrekyerɛ nnomaa no su ase. Mekae nneɛma bebree a na yɛyɛ wɔ fie hɔ no ma m’ani gye. Ná yɛserew bom, su bom, di agoru bom, nwenwene bom; yɛyɛɛ biribiara boom, na yɛboom tenae sɛ abusua kɛse biako. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ɛha na yefii ase suaa Ɔbɔadeɛ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ho ade.

Ansa na yɛrebesua Yehowa ho ade no, na yɛyɛ ɔsom mu amanne pii wɔ Hindusom no mu da biara. Ná yɛtaa nso hyɛ fã akɛse to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔbɛkotow anyame ne anyamewa ahorow ahorow. Saa afahyɛ no bi ase no, na ade tumi tɔ me nanabea so ma ɔne ahonhom kasa, na edu anadwo dasum a na wokum mmoa bɔ afɔre de pata ahonhom no. Ná me nanabarima taa de ne sika boa ma wosisi sukuu adan ne Hindu asɔredan, na ɔde bi nso boaa sukuu no ne asɔredan ahorow no nkɔso.

Nea Ɛyɛe a Yehuu Yehowa Ho Nokwasɛm

Afe 1972 mu no, me nanabarima yare wui. Asram kakra akyi no, me papa nua kumaa yere a yɛfrɛ no Indervathey a yɛsan frɛ no Jane no gyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! fii Yehowa Adansefo baanu bi hɔ. Akyiri yi, ɛyɛɛ ne yaw paa sɛ wamma wɔn amma fie ne no ammɛbɔ nkɔmmɔ. Saa bere no sɛ Adansefo no ba yɛn fie a, na yɛmma wɔn kwan mma wɔne yɛn nkasa. Nanso bere foforo a wɔbae no, me papa nua yere no ma wɔbaa fie, na ɔkaa aware mu nsɛmnsɛm a me papa nua no asanom akɔfa aba no kyerɛɛ wɔn. Ná afipamfo ne abusuafo atu ɔbea no fo sɛ onnyae aware. Adansefo no kyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn bu aware mu kyerɛɛ no. (Mateo 19:6) Me papa nua yere no ani gyee Bible afotu no ho, na ɛyɛɛ no dɛ nso sɛ ohui sɛ yebetumi anya asetena papa wɔ asase so ha daakye. * Adwene a onyae sɛ obegyae ne kunu no, oyi fii ne tirim, na ɔne Adansefo no suaa Bible ntoatoaso. Bere a ɔresua ade wɔ asa so no, na akorafo a aka no nso hyehyɛ wɔn dan mu retie.

Ewiee ase no, na akorafo no nyinaa abɛka Bible adesua no ho. Ná Ante Jane taa ka nea wasua no bi kyerɛ yɛn, na na ɔka Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No * nhoma no mu nsɛm kyerɛ yɛn. Bere a me papa nuanom hui sɛ wɔn yerenom resua Bible no, wofii ase tan yɛn ani. Obiako sesaw yɛn nhoma nyinaa ne yɛn Bible mpo hyew no. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ba a, na wodidi yɛn atɛm boro yɛn gu so. Me papa nko ara na wanyɛ saa; wanka da sɛ ɔremma yensua Yehowa ho ade. Akorafo baanan no nyinaa toaa so kɔɔ asafo nhyiam no, na ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no yɛɛ kɛse.

Afe 1974 mu no, Ante Jane bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo, na ankyɛ na me maame ne akorafo a aka no nso bɔɔ asu. Eduu baabi no, me nanabea gyaee Hindusom no. Mfe pii no, midii wɔn akyi kɔɔ Kristofo nhyiam no bi. Afei bere bi a yɛkɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi ase no, Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Shameela Rampersad bisaa me sɛ, “Dabɛn na  wobɛbɔ asu?” Mibuae sɛ, “Obiara ne me nsuaa Bible da, enti merentumi mmɔ asu.” Ɔyɛe sɛ ɔne me besua ade. Nhyiam a edi hɔ a wɔyɛɛ no December 16, 1977 no, mebɔɔ asu. Eduu baabi no, nnipa 27 a bere bi na yɛn nyinaa te fie hɔ no, na yɛn mu 18 abɔ asu. Nanso bere a merekɔyɛ oprehyɛn no, na me papa Sonny Deva da so yɛ Hinduni.

“Munnnwinnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho”

Asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no aboa me paa, titiriw bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ ade kɛse bi ahon me tirim no. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” Ɛyɛ den sɛ wobɛka sɛ ‘worennwen biribiara nhaw wo ho,’ ɛnkanka bere a wɔaka akyerɛ wo sɛ wugyina owu ne nkwa nkwanta no. Mfiase no misui saa ara, na afei mebɔɔ Yehowa mpae. Efi saa bere no, minyaa “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no.”

Sɛnea mɛka no no, Yehowa Nyankopɔn soo me nsa nifa, na metee nka paa sɛ wannyae me mu da. (Yesaia 41:13) Ɔboaa me ma mede akokoduru kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn a wɔrebɛyɛ me oprehyɛn no sɛ masi m’adwene pi sɛ medi Bible mmara so atwe me ho afi mogya ho. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29) Ɛno nti dɔkota a ɔrebɛyɛ me oprehyɛn ne nea ɔbɛhwɛ sɛ mente yaw no ne me yɛɛ adwene sɛ wɔremma me mogya wɔ oprehyɛn no mu. Wowiei no, dɔkota no ka kyerɛɛ me sɛ wɔatumi ayi nea ahon me tirim no nyinaa, na biribiara kɔɔ pɛpɛɛpɛ. Ɔsan kae sɛ onhuu obiara a wɔayɛ no oprehyɛn kɛse saa wɔ ne tirim a ne ho ayɛ no den ntɛm saa da.

Nnawɔtwe abiɛsa akyi no, bere a me ho reto me a meda mpa so wɔ fie no, mitumi ne obi yɛɛ Bible adesua. Asram abien annu na mesan fii ase kaa kar, na mifii adi kɔɔ asɛnka ne Yehowa Adansefo nhyiam ahorow bio. M’ani sɔɔ sɛnea me nuanom Kristofo mmarima ne mmea boaa me na wɔne me yɛɛ asɛnka adwuma no. Wɔamma anka me nkutoo da, na bere nyinaa na wɔhwɛ hu sɛ madu fie dwoodwoo. Migye di sɛ Bible mu nsɛm a wɔakyere agu afiri so a mebɔ tiei ne me som adwuma a mamfa anni agoru no nso boa maa me ho tɔɔ me ntɛm.

M’ani gyei nso sɛ wɔyɛɛ me oprehyɛn no wiei no, me papa penee so sɛ Adansefo no ne no nyɛ Bible adesua. Ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfe 73, na seesei ɔresom Yehowa denneennen. Ɛnnɛ m’abusuafo bɛboro 40 na wɔabɛka yɛn ho ne yɛn resom Yehowa. Seesei m’aniwa nifa asɛe, na nnade nso na ekurakura me tikora mu, nanso mehwɛ kwan sɛ asase so Paradise a ɛbɛba daakye no, Yehowa bɛyɛ “nneɛma nyinaa foforo.”—Adiyisɛm 21:3-5.

Me ne me kunu (benkum so), me babea, ne m’awofo

Yehowa adaworoma, manya okunu a ɔdɔ me; ɔyɛ asafo mu panyin nso. Mewɔ babea hoɔfɛfo a wɔfrɛ no Clerista, na ɔboa me ma meyɛ bere nyinaa som adwuma no. Yehowa Nyankopɔn ahyira me som adwuma no paa. Ebesi nnɛ no, matumi aboa nnipa pii a me ne wɔn sua Bible ama Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ tumi no asesa wɔn asetena. Wɔn mu bɛyɛ 30 ahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn abɔ su.

Mewɔ anidaso paa wɔ me komam sɛ bere bi bɛba a Yehowa Nyankopɔn begye yɛn afi wiase abɛbrɛsɛ mu de yɛn akɔ asase so paradise.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 13 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei wɔagyae yɛ.