Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eyi Kɔ Ma Akenkanfo

Eyi Kɔ Ma Akenkanfo

Nhoma a worekenkan yi, July afe 1879 na yefii ase tintimii. Efi saa mmere no, nneɛma asesa, enti nhoma yi nso asesa. (Ɛho mfonini na ɛwɔ soro hɔ no.) Efi Ɔwɛn-Aban a ekura wo yi so no, wubehu sɛ yɛayɛ nsakrae pii aka ho. Dɛn na asesa?

Ɛnnɛ, aman pii mu no, nnipa bebree ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ nsɛm wɔ Intanɛt so. Nsɛm bi wɔ hɔ a, Intanɛt nkutoo so na ɛwɔ, na sɛ obi rehwehwɛ nsɛm wɔ Intanɛt so a, ɛnyɛ den koraa. Seesei nkurɔfo tumi kenkan nhoma ne atesɛm nkrataa wɔ Intanɛt so.

Sɛnea nneɛma rekɔ no nti, nnansa yi yɛayɛ yɛn Intanɛt so dwumadibea a wɔfrɛ no www.pr418.com no foforo; yɛama ɛhɔ ayɛ fɛ na ɛhɔ kɔ ayɛ anika. Sɛ obi kɔ hɔ a, obetumi akenkan yɛn nhoma ahorow no wɔ kasa bɛboro 430 mu. Nanso efi bosome yi rekɔ no, nsɛm a ɛtaa ba Ɔwɛn-Aban mu no bi wɔ hɔ a Intanɛt so nkutoo na ɛbɛba, enti wɔn a wɔkɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ no betumi akenkan saa nsɛm no nso wɔ hɔ. *

Esiane sɛ nsɛm pii wɔ hɔ a, Intanɛt so nkutoo na ɛbɛba nti, yɛbɛtew Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no so afi nkratafa 32 aba nkratafa 16, na bosome yi de na yɛde refi ase. Seesei yetintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa ahorow 204 mu. Afei a yɛretew emu nsɛm so yi, yebetumi akyerɛ ase akɔ kasa bebree mu aka ho.

Yegye di sɛ saa nsakrae yi bɛma yɛatumi aka nkwagye asɛm a ɛwɔ Bible mu no akyerɛ nnipa pii. Akenkanfo pii ani gye Bible no ho, na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛkyerɛkyerɛ ankasa. Enti yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so atintim nsɛm a ntease wom na ɛyɛ anigye, na yɛde bi aba Intanɛt so ama wɔn.

Wɔn a Wɔyɛe

^ nky. 5 Nneɛma a ɛbɛba Intanɛt so no bi ne “For Young People” ne “My Bible Lessons.” “For Young People” no kyerɛ nneɛma a mmofra betumi de ayɛ Bible adesua, na “My Bible Lessons” nso, wɔayɛ sɛ awofo mfa mmoa wɔn mma a wonnii mfe abiɛsa.