Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BƐN ONYANKOPƆN

“Woayi No Adi Akyerɛ Nkokoaa”

“Woayi No Adi Akyerɛ Nkokoaa”

Wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn ho nokwasɛm bi te sɛ onipa kõ a ɔyɛ, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ anaa? Yehowa Nyankopɔn ada ne ho nokwasɛm nyinaa adi wɔ n’Asɛm Bible mu. Nanso ɛnyɛ obiara na obetumi akan Bible ate saa nokwasɛm no ase yiye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ nhyira sɛ obi bɛte Onyankopɔn ho nsɛm a ɛte saa ase; ɛnyɛ obiara na onya saa nhyira no. Ma yɛnhwɛ nea Yesu ka faa saa asɛm no ho.—Kenkan Mateo 11:25.

Saa nkyekyɛm no fi ase wɔ Akuapem Twi Bible Dedaw no mu sɛ: “Ɛbere no ara mu na Yesu buae sɛ.” Enti ɛbɛyɛ sɛ nea na Yesu rebɛka ho asɛm no, na ɔde rema asɛm bi a asi ho mmuae. Ná ɛnkyɛe na ɔkaa Galileafo nkurow abiɛsa mufo anim, efisɛ anwonwade a ɔyɛe nyinaa akyi no, wɔannye no anni. (Mateo 11:20-24) Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na obi ahu Yesu anwonwade ahorow no a ɔrennye ne nsɛm nni?’ Nkurɔfo no komaden nti na wɔanyɛ asɛm no ho hwee.—Mateo 13:10-15.

Ná Yesu nim sɛ, sɛ obi behu Onyankopɔn ho nokware a ɛwɔ Bible mu no a, ohia nneɛma abien bi. Ohia Onyankopɔn mmoa ne koma pa. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” Afei woahu nea enti a yebetumi aka sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛwɔ Bible mu no, ɛnyɛ obiara na obetumi anya bi? Yehowa, “ɔsoro ne asase Wura” no, ɔno na ɔkyerɛ wɔn a ɔpɛ sɛ oyi nokware no adi kyerɛ wɔn. Nanso Onyankopɔn nyɛ nyiyim wɔ asɛm yi mu. Ɛnde dɛn na ɔhwɛ ho yi nokware no adi kyerɛ ebinom bere a ɔde kame afoforo?

Ahobrɛasefo na Yehowa dom wɔn, na ɛnyɛ ahantanfo. (Yakobo 4:6) Ɔde nokware no sie “anyansafo ne animdefo,” kyerɛ sɛ, wiase anyansafo ne animdefo a wɔyɛ ahantan na wogye wɔn ho di ma enti wɔte nka sɛ wonhia Onyankopɔn mmoa. (1 Korintofo 1:19-21) Nanso ɔda nokware no adi kyerɛ “nkokoaa,” kyerɛ sɛ, nnipa a wɔde koma pa ba ne nkyɛn na wɔbrɛ wɔn ho ase sɛ mmofra. (Mateo 18:1-4; 1 Korintofo 1:26-28) Onyankopɔn Ba, Yesu ankasa de n’ani huu ahobrɛasefo ne ahantanfo. Nyamesom mpanyimfo animdefo a wɔyɛ ahantan no pii ante Yesu asɛm no ase, nanso mpataayifo ahobrɛasefo tee ase. (Mateo 4:18-22; 23:1-5; Asomafo Nnwuma 4:13) Adefo animdefo bi de, wonyaa ahobrɛase bɛyɛɛ Yesu akyidifo.—Luka 19:1, 2, 8; Asomafo Nnwuma 22:1-3.

Afei ma yɛnsan mmra asɛm a yɛabisa dedaw yi so sɛ: Wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn ho nokwasɛm anaa? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn nnom wɔn a wobu wɔn ho anyansafo wɔ wiase no. Wɔn a wiase anyansafo bu wɔn animtiaa no, wɔn mmom na ɔdom wɔn. Sɛ wode adwempa ne komapa sua Onyankopɔn Asɛm a, wo nso wubetumi anya Yehowa akyɛde soronko no bi; saa akyɛde no ne Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. Sɛ wunya saa nimdeɛ no a, ɛbɛma w’ani agye nnɛ, na ebetumi ama woanya “nkwa ankasa” no, kyerɛ sɛ, wubenya daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee bɛtena mu a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛba no. *1 Timoteo 6:12, 19; 2 Petro 3:13.

January Bible akenkan

Mateo 1-21

^ nky. 7 Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ama woanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ na woahu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Wɔde nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no boa nkurɔfo ma wosua Bible; wonnye sika.