Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASETENAM NSƐM

“Mihui, Nanso Mante Ase”

“Mihui, Nanso Mante Ase”

Afe 1975 mu na me maame hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ biribi haw me; saa bere no, na madi mfe abien. Ná meda me maame nsa so na n’adamfo bi gyaa biribi a emu yɛ duru hwee fam. Me maame hui sɛ mankeka me ho koraa. Midii mfe abiɛsa no, na mintumi nkasae. Afei dɔkota bi kaa awerɛhosɛm bi kyerɛɛ m’abusuafo ma wɔyɛɛ basaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ meyɛ mum!

Ná meyɛ akwadaa ketekete na m’awofo gyaee aware, enti me maame nko ara na ɔhwɛɛ me ne me nuanom a aka no, mmarima baanu ne ɔbea biako. Ɛnnɛ, sɛnea wɔkyerɛ mmofra a wɔyɛ mum ade wɔ France no, kan no na ɛnte saa; sɛnea na wɔkyerɛ wɔn ade saa bere no maa mmofra no brɛe dodo. Ne nyinaa mu no, efi me mmofraase no, minyaa hokwan bi a emumfo bebree annya. Ma menkyerɛkyerɛ mu.

Bere a na madi bɛyɛ mfe anum

Bere bi, na akyerɛkyerɛfo pii gye di sɛ nea ɛbɛboa mmofra a wɔyɛ mum ne sɛ wɔbɛhwɛ nkurɔfo a wɔrekasa ano na ama wɔahu nea wɔreka. France na metena nyinii, na ɛhɔ mpo de, na wɔmma kwan koraa sɛ wɔbɛkyerɛ mum kasa wɔ sukuu. Sɛ wɔrekyerɛ ade wɔ sukuu a, na wɔkyekyere emumfo nkwadaa no bi nsa bɔ wɔn akyi.

Meyɛ abofra no, na mede mmere pii kɔ kasa ho nimdefo bi nkyɛn ma ɔkyerɛ me sɛnea yɛkasa. Ná oso m’apantan anaa me ti, na ɔhyɛ me ma meka biribi, nanso na mente nea meka no. Meka a, na wama maka bio mpɛn pii. Ná mintumi ne mmofra foforo nni nkitaho. Saa bere no, mihuu amane paa.

Midii mfe asia no, wɔde me kɔtoo sukuu bi mu. Ɛno ne bere a edi kan a me ne mmofra foforo a wɔyɛ mum hyiae. Ɛhɔ nso, na wɔabara mum kasa. Sɛ yɛde yɛn nsa kasa a, na wotumi kyekyere yɛn nsa anaa wɔtwe yɛn tiri nhwi de twe yɛn aso. Nanso, na yɛn ara yɛwɔ kwan bi a yɛfa so de yɛn nsa kasa a obiara nhu. Afei de, na me ne mmofra foforo tumi bɔ nkɔmmɔ. Mfe anan a edi hɔ no de, na ɛyɛ anigye bere ma me.

Nanso, midii mfe du no, woyii me kɔɔ sukuu foforo bi mu a ɛhɔ de na mmofra no nyɛ mum. Ɛyɛɛ me sɛ mmofra a wɔyɛ mum nyinaa awuwu ama aka me nko ara wɔ wiase, enti ebubuu me pasaa! Na adɔkotafo no suro sɛ anhwɛ a megyae mmɔden a merebɔ sɛ mesua kasa no, enti wotuu m’abusuafo fo sɛ obiara nnsua mum kasa na wɔmmma me ne mmofra foforo a wɔyɛ mum nso mmmɔ. Da bi yɛkɔɔ emumfo dɔkota bi nkyɛn, na mihui sɛ nhoma bi a wɔde sua mum kasa da ne pon so. Bere a mihuu mfonini a ɛwɔ nhoma no akyi no, mede me nsa kyerɛɛ so sɛ, “Mepɛ!” Ɛhɔ ara na dɔkota no faa nhoma no siei. *

 ME BIBLE SUA AHYƐASE

Me maame bɔɔ mmɔden de Bible tetee yɛn. Ná ɔde yɛn kɔ Kristofo nhyiam a Yehowa Adansefo yɛ no bi; ná wɔyɛ wɔ Mérignac a ɛbɛn Bordeaux. Meyɛ abofra no, sɛ mekɔ nhyiam no a, na mente nneɛma ase papa. Nanso, na asafo no mufo taa bɛtena me nkyɛn mmiako mmiako kyerɛw nea ɛrekɔ so no ma me. Sɛnea na wɔdɔ me na wodwen me ho no kaa me koma paa. Ná me maame ne me sua Bible wɔ fie, nanso na menhyɛ da nte nneɛma ase papa. Metee nka sɛ odiyifo Daniel; bere a ɔbɔfo bi de nkɔmhyɛ bi maa no no, ɔkae sɛ: “Metee, nanso mante ase.” (Daniel 12:8) Me fam de, “Mihui, nanso mante ase.”

Ne nyinaa akyi no, Bible mu nokware wuraa me mu nkakrankakra. Nea metee ase no de, mede siei, na meyeree me ho de bɔɔ me bra. Mehwɛɛ nkurɔfo suban nso suasuaa wɔn. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yenya abotare. (Yakobo 5:7, 8) Ná mente saa asɛm no ase. Nanso, bere a mehwɛɛ sɛnea me nuanom Kristofo wɔ abotare no, ɛma metee ase. Anokwa, Kristofo asafo no aboa me paa.

AWERƐHOW DANEE ANIGYE

Stéphane boaa me ma metee Bible ase

Bere a merenyin no, da koro mihuu mmabun bi a wɔyɛ mum a wɔde mum kasa rebɔ nkɔmmɔ. Me ne saa mmabun no bɔe, na mifii ase suaa Franse mum kasa no, nanso mamma obiara ahu sɛ me ne wɔn bɔ. Metoaa so kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow no, na Ɔdansefo aberante bi a wɔfrɛ no Stéphane kaa me bataa ne ho. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ, na ɛma mepɛɛ n’asɛm paa. Nanso, na awerɛhosɛm bi nam kwan so reba. Stéphane ankɔ sraadi, enti wɔde no kɔtoo afiase. Asɛm no bubuu me pasaa! Stéphane kɔe no, m’abam bui araa ma afei migyaee Kristofo nhyiam koraa ne sa.

Abosome 11 akyi no, woyii Stéphane ma ɔsan baa fie. Bere a Stéphane baa fie no, ofii ase de mum kasa ne me bɔɔ nkɔmmɔ; bɛhwɛ anigye! Ɛyɛɛ me nwonwa paa! Ɛyɛɛ dɛn na Stéphane tee kasa no? Osuaa Franse mum kasa no wɔ afiase hɔ. Bere a merehwɛ sɛnea Stéphane reyɛ ne nsa ne n’anim no, m’ani gyei, efisɛ mihui sɛ menya so mfaso pii.

AFEI DE MEBƐTEE BIBLE ASE

Stéphane fii ase ne me suaa Bible. Saa bere no na mifii ase tee Bible mu nneɛma a na masua no ase yiye. Bere a meyɛ abofra no, na metaa hwɛ mfonini a ɛwɔ yɛn Bible ho nhoma ahorow no mu. Sɛ mehwɛ nnipa a wɔwɔ mfonini no mu a, na midwen ho yiye ma ɛka m’adwene mu. Na minim Abraham, “n’aseni” no ne “nnipakuw kɛse” no ho nsɛm, nanso bere a wɔde mum kasa kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me no, saa bere no na metee ase paa. (Genesis 22:15-18; Adiyisɛm 7:9) Ɛdaa adi pefee sɛ manya kasa a mepɛ, kasa a ɛka me koma.

Afei a mekɔ Kristofo nhyiam a na mete ase no, ɛkaa me koma, na ɛma mepɛe sɛ minya nimdeɛ bebree. Stéphane boaa me ma metee Bible ase kɛse, na afe 1992 mu no, mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn. Nanso, esiane sɛ me mmofraberem mantumi ne nkurɔfo ammɔ nkɔmmɔ nti, nkɔso a minyae nyinaa akyi no, na mintumi nka me ho nkɔ nnipa ho papa.

NÁ MEFƐRE ADE

Eduu baabi no, wɔde emumfo kakra a na yɛwɔ hɔ no kɔkaa asafo bi a ɛwɔ Pessac a ɛbɛn Bordeaux no ho. Ɛno boaa me paa, na ɛma minyaa nkɔso ntɛmntɛm. Ɛwom, na ɛyɛ den sɛ me ne afoforo bedi nkitaho, nanso me namfonom a wotumi kasa no hwɛ hui sɛ wɔbɛma mate biribiara a ɛrekɔ so ase. Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Gilles ne Elodie bɔɔ mmɔden sɛ wɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ. Na wɔtaa frɛ me ma me ne wɔn kodidi anaa yɛkɔnom kɔfe bere a yɛapɔn Kristofo nhyiam, enti  yɛbɛyɛɛ nnamfo paa. Ɛyɛ me anigye paa sɛ me ne nnipa a wosuasua Onyankopɔn dɔ rebɔ!

Me yere Vanessa aboa me paa

Saa asafo no mu na mihyiaa ɔbea hoɔfɛfo Vanessa. Sɛnea odwen nnipa ho na ɔnsa nnipa mu no ma mepɛɛ n’asɛm. Wamma mum a meyɛ no anhaw no; ɔfaa no sɛ hokwan a ɔde besua sɛnea ɔne emumfo bɛbɔ nkɔmmɔ. Mepɛɛ n’asɛm na yɛwaree afe 2005. Ná menyɛ ade wɔ nkɔmmɔbɔ mu, nanso Vanessa aboa me ama mayɛ ho adwuma ma enti seesei fɛre no so atew ma mitumi bɔ nkɔmmɔ kakra. M’ani sɔ mmoa a ɔde boa me ma meyɛ m’asɛde no.

YEHOWA MAA ME AKYƐDE FOFORO

Afe a yɛwaree no, saa bere no ara na wɔfrɛɛ me sɛ mimmedi bosome biako wɔ France Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Louviers no na wɔnkyerɛ me sɛnea wɔkyerɛ nsɛm ase. Mfe kakra a atwam no, na Yehowa Adansefo adwumayɛbea no ani abere denneennen sɛ wɔbɛyɛ video pii wɔ Franse mum kasa mu. Nanso esiane sɛ na ɛbɛyɛ adwuma kɛse nti, na kasa asekyerɛfo no hia mmoa.

Mede Franse mum kasa rekyerɛkyerɛ Bible mu

Me ne Vanessa nyinaa tee nka sɛ ɛyɛ nhyira kɛse ne akyɛde kɛse a efi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ adwumayɛbea hɔ, nanso nsɛm pii baa me tirim. Sɛ yɛkɔ a, emumfo a yɛanya wɔn no bɛyɛ dɛn? Yɛn fie no nso yɛbɛyɛ no dɛn? Sɛ yɛkɔ hɔ nso a, Vanessa benya adwuma wɔ hɔ ni? Yehowa dii yɛn haw no nyinaa ho dwuma maa yɛn kama. Metee nka sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔdɔ emumfo nyinaa nso.

ANUANOM BOAA ME

Kasa asekyerɛ adwuma a mekɔyɛe no nti, biribiara a yɛyɛ de boa emumfo wɔ Onyankopɔn som mu no, mete ase paa. Afei nso, m’ani gye paa sɛ anuanom a me ne wɔn yɛ adwuma no bɔ mmɔden biara sɛ wɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ. Mum kasa kakra a wosua ne sɛnea wɔyere wɔn ho ne me bɔ nkɔmmɔ no, ɛka me koma. Ɛmma mente nka koraa sɛ matom. Wɔyɛ saa nneɛma no de kyerɛ sɛ wɔdɔ me, na ɛma mihu sɛ biakoyɛ soronko bi wɔ Yehowa nkurɔfo mu.—Dwom 133:1.

Mereyɛ adwuma wɔ baabi a wɔkyerɛ kasa ase wɔ adwumayɛbea hɔ

Meda Yehowa ase sɛ daa ɔma minya obi a ɔboa me wɔ Kristofo asafo no mu. Meda Yehowa ase nso sɛ wama matumi ayɛ biribi kakra aboa me nuanom emumfo ama wɔasua Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ dɔ no ho ade na wɔatumi abɛn no. Mehwɛ kwan sɛ da bi bɛba a obiara betumi ne ne yɔnko abɔ nkɔmmɔ a biribiara nsiw yɛn kwan, na yɛn nyinaa ayɛ abusua biako aka “kasa kronn,” kyerɛ sɛ, Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokwasɛm.—Sefania 3:9.

^ nky. 9 Afe 1991 na France aban no maa kwan sɛ wɔmfa mum kasa nkyerɛ mmofra a wɔyɛ mum ade wɔ sukuu.