Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atoyerɛnkyɛm—Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Tirim Yɛ Den Anaa?

Atoyerɛnkyɛm—Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Tirim Yɛ Den Anaa?

NEA NKURƆFO TAA KA: “Onyankopɔn na odi wiase yi so, na ɔno ara na ɔma atoyerɛnkyɛm sisi, enti ɛbɛyɛ sɛ ne tirim yɛ den.”

NEA BIBLE NO KA: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Hena ne saa “ɔbɔnefo no”? Bible ma yehu sɛ ɔno ne Satan. (Mateo 13:19; Marko 4:15) Ɛnyɛ nwonwa! Efisɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa yɛ pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ, na wonnwen daakye asɛm a, yetumi hu ampa sɛ Satan na ɔredi wiase yi so tumi na ɔredaadaa nkurɔfo ma wosuasua no. Wunnye nni sɛ ɛno nti na nnipa asɛe asase so nneɛma pii saa no? Animdefo pii kyerɛ sɛ, yɛanhwɛ yiye a asase so nneɛma a yɛresɛe no nti, atoyerɛnkyɛm pii betumi asisi anaasɛ nea esisi no, emu bɛyɛ den na ebetumi asɛe nneɛma bebree.

Ɛnde, adɛn nti na Onyankopɔn agyae nneɛma mu ama Satan saa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya asɛm yi ho mmuae no, ma yɛnkɔhwɛ bere a yɛn awofo a wodi kan no yɛɛ asoɔden tiaa wɔn Nyankopɔn a odi wɔn so no. Efi saa bere no besi nnɛ, nnipa dodow no ara nso atew atua atia Onyankopɔn. Onyankopɔn tumidi a nnipa apo no ama seesei wiase no akodi Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan nsam. Enti Yesu frɛɛ no “wiase sodifo.” (Yohane 14:30) Satan bedi tumi daa? Dabi!

Satan de amanehunu ba nnipa so, nanso Yehowa * de, odwen yɛn ho, na sɛ yehu amane a, ɛyɛ no yaw paa. Wo de, hwɛ Israel man no. Wɔkɔɔ ahokyere mu, na Bible ka sɛnea Onyankopɔn tee nka no ho asɛm sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” (Yesaia 63:9) Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu, enti wabɔ ne tirim sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe otirimɔdenfo Satan a ɔredi wiase so no. Wayi ne Ba Yesu Kristo sɛ ommedi yɛn so daa, na Yesu bɛyɛ Ɔhempa a obu atɛntrenee.

ASƐM NO FA WO HO: Satan nniso de, ɛmmɔɔ nnipa ho ban mfii atoyerɛnkyɛm ho, nanso sɛ Yesu bedi hene a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi atoyerɛnkyɛm ho. Bere bi a ahum kɛse bi retu no, Yesu yɛɛ biribi de bɔɔ n’asuafo no ho ban. Bible ka sɛ: “Ɔteɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no sɛ: ‘Gyina! Yɛ dinn!’ Na mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.” Asuafo no kae sɛ: “Hena koraa ni na mframa ne po mpo tie no yi?” (Marko 4:37-41) Asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ Yesu bɛyɛ asase so hene a, nnipa a wotie n’asɛm nyinaa, ɔbɛbɔ wɔn ho ban.—Daniel 7:13, 14.

^ nky. 5 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.