Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

Enti Yehowa Dwen Wo Ho Ampa?

Enti Yehowa Dwen Wo Ho Ampa?

Ɔbea bi a na ɛyɛ den ma no sɛ obegye adi sɛ ne ho hia Yehowa kaa asɛm bi. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Ade a ɛhaw me a merebɔ ho mpae paa ne sɛ, mete nka sɛ me so nni mfaso.” Wo nso ɛyɛ a wote nka saa? Sɛ wote nka saa a, ɛnde ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Enti Yehowa dwen ne somfo biara ho?’ Yiw, odwen ne somfo biara ho! Sɛ yɛkenkan asɛm bi a Yesu kae a, ɛma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho saa.—Kenkan Yohane 6:44.

Yesu a onim Yehowa yiye na onim n’apɛde sen obiara no, dɛn na ɔkae? (Luka 10:22) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” Enti sɛ Yehowa ankasa antwe yɛn a, yɛrentumi mmɛyɛ Kristo akyidifo nsom yɛn soro Agya Yehowa. (2 Tesalonikafo 2:13) Sɛ yɛte Yesu asɛm no ase a, yebehu sɛ nea ɔkae no kyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho paa.

Yɛka sɛ Yehowa twe yɛn a, ɛkyerɛ dɛn? Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “twe” no, ɛno ara nso na wɔde kyerɛ asau a wɔtwe fi po mu ba asase so. (Yohane 21:6, 11) Enti Yehowa twe yɛn bere a enni yɛn mu sɛ yɛbɛsom no anaa? Dabi. Yehowa de obiara pɛ ama no, enti ɔnhyɛ obiara sɛ ɔmfa ne koma mma no. (Deuteronomium 30:19, 20) Nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi komam asɛm de, gye sɛ ɔno ara.” Yehowa hwehwɛ wiase mu nnipa mpempem pii komam de hu wɔn a wɔdɔ no. (1 Beresosɛm 28:9) Sɛ onya obi a ɔte saa a, ɔyɛ ho biribi. Dɛn na ɔyɛ wɔ ho?

Yehowa to ne bo ase twetwe onipa a ‘ɔpɛ’ no koma nkakrankakra. (Asomafo Nnwuma 13:48) Yehowa fa akwan abien so na ɛyɛ saa. Biako ne asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no; ɛno na ɔma nkurɔfo de ba yɛn nkyɛn. Nea ɛto so abien ne ne honhom kronkron no. Sɛ Yehowa hu obi a ne koma pɛ Bible mu nokware a, ɔde ne honhom boa saa onipa no ma ɔte nokware no ase de bɔ ne bra. (1 Korintofo 2:11, 12) Sɛ Onyankopɔn ammoa yɛn a, yɛrentumi mmɛyɛ Yesu akyidifo ne Yehowa asomfo papa.

“Obi komam asɛm de, gye sɛ ɔno ara”

Nanso dɛn na Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no kyerɛ yɛn wɔ Yehowa Nyankopɔn ho? Yehowa twe nkurɔfo efisɛ ohu ade pa bi wɔ wɔn komam na odwen wɔn mu biara ho. Ɔbea a yɛkaa n’asɛm fii ase no, saa nokwasɛm yi a ɔtee ase no, akyekye ne werɛ. Ɔka sɛ: “Akwannya kɛse biara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ obi bɛsom Yehowa. Enti sɛ Yehowa ayi me sɛ ne somfo a, ɛnde na me ho hia no paa.” Wo nso ɛ? Seesei a woahu sɛ Yehowa dwen ne somfo biara ho yi, ɛnka wo sɛ wubebue wo komam ama no anaa?

May Bible akenkan

Luka 22-24Yohane 1-16