ƆWƐN-ABAN October 2013 | Asɛm Bɛn Paa na Ɛwɔ Bible Mu?

Bible ma yehu nea ɛde yɛn bepuee ha ne sɛnea Onyankopɔn nam Mesia bi so begye adesamma.

ASƐM A ƐDA SO

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?

Ɛnyɛ sɛ Bible ka Onyankopɔn ho asɛm kɛkɛ, na mmom ɛka sɛ ɛyɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ. Dɛn na wubetumi asua afi mu?

ASƐM A ƐDA SO

Dɛn na Ɛde Yɛn Bepuee Ha?

Bible nhoma Genesis ma yehu nea ɛyɛe a wiase yi bae. Dɛn bio na yebetumi asua afi Genesis nhoma no mu?

ASƐM A ƐDA SO

Onyankopɔn Yɛɛ Nhyehyɛe a Ɔde Begye Adesamma

Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no fa Mesia no ho sɛn? Kenkan na hu sɛnea Onyankopɔn beyi ɔyare, amanehunu, ne owu afi adesamma so.

ASƐM A ƐDA SO

“Yɛahu Mesia No”!

Nnipa pii gye di sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Ebinom nso nnye nni. Kenkan na hu nea Bible ka wɔ asɛm no ho.

ASƐM A ƐDA SO

Asɛmpa Wɔ Hɔ Ma Adesamma Nyinaa

Bible kyerɛ asɛm a Onyankopɔn wɔ ma nnipa; ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa wo nnɛ ne daakye?

Mma Awaregyae Mmmɔ Wo Asesa

Wɔn a wogyae aware no, wɔn mu dodow no ara hu sɛ awaregyae akyi no, nneɛma nkɔ sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Bible mu afotu pa betumi aboa wo ama woatumi agyina ano.

BƐN ONYANKOPƆN

‘Yehowa De Afiri Mo Korakora’

Onyankopɔn yi ne yam de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn. Enti sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Adɛn nti na bɔne fafiri ho hia saa?

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Ná Nnipa Bebree Tan Me”

Kenkan na hu sɛnea ntɔkwapɛfo bi suaa Bible bɛyɛɛ asomdwoe nipa.

Sɛ Wuhu Kɔla Biara a, Wote Nka Sɛn?

Kɔla tumi ka sɛnea yɛte nka. Kenkan kɔla abiɛsa ho asɛm na hwɛ sɛnea ebetumi aka wo.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? Wɔbɛsan aba nkwa mu anaa?

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Kɔ Nkurɔfo Afie Mu?

Kenkan na hu adwuma a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo a wodi kan no sɛ wɔnyɛ.