Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Henanom na wɔbɛkɔ soro, na dɛn ntia?

Nnipa mpempem pii pɛ sɛ wɔkɔ soro. Yesu kae sɛ n’asomafo anokwafo no bɛkɔ soro. Ansa na ɔrewu no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔrekɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro akosiesie baabi ama wɔn.Kenkan Yohane 14:2.

Adɛn nti na wobenyan nnipa afi asase yi so de wɔn akɔ soro? Dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ hɔ? Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wobedi asase so ahene.Kenkan Luka 22:28-30; Adiyisɛm 5:10.

Apapafo nyinaa bɛkɔ soro anaa?

Wokɔ aman pii so a, nnipa kakraa bi na wodi ade. Esiane sɛ wɔn a Yesu benyan wɔn afi asase so akɔ soro no bedi asase so ahene nti, yebetumi aka sɛ nnipa a wɔbɛpaw wɔn no bɛyɛ kakraa bi. (Luka 12:32) Bible ma yehu nnipa dodow pɔtee a wɔne Yesu bedi ade.Kenkan Adiyisɛm 14:1.

Yesu asiesie baabi wɔ soro ama n’akyidifo no bi. Sɛ wɔkɔ soro hɔ a, wunim adwuma a wɔbɛyɛ wɔ hɔ?

Ɛnyɛ nnipa a wɔbɛkɔ soro no nko ara na wobenya akatua. Yesu Ahenni no bɛsan de paradise aba asase so, na nnipa anokwafo bɛtena hɔ agye wɔn ani. (Yohane 3:16) Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi a, ebinom benya nkwa akɔ Paradise; ebinom nso de, wobenyan wɔn afi awufo mu na akɔ hɔ.Kenkan Dwom 37:29; Yohane 5:28, 29.