Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Ɔsom nyinaa sɔ Onyankopɔn ani anaa?

Sɛ wutie kaseɛbɔ a, ebia wote sɛ ebinom di nsɛmmɔne wɔ nyamesom din mu. Ɛnyɛ ɔsom nyinaa na nokware Nyankopɔn pene so. (Mateo 7:15) Nokwasɛm ne sɛ, wɔadaadaa adesamma fã kɛse no ara.Kenkan 1 Yohane 5:19.

Nanso, nnipa a wɔpɛ nokware na wɔbɔ bra pa no, Onyankopɔn nim wɔn. (Yohane 4:23) Onyankopɔn pɛ sɛ saafo no nyinaa sua nokware a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no.Kenkan 1 Timoteo 2:3-5.

Wobɛyɛ dɛn ahu nokware som?

Yehowa Nyankopɔn rekyerɛkyerɛ nnipa pii ama wɔahu nokware no na wɔadodɔ wɔn ho. Saa nnipa yi, bere bi na wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu. Seesei Yehowa nkyerɛkyerɛ reka wɔn bom. (Mika 4:2, 3) Enti nea ɛma yehu ɔsom a ɛyɛ nokware ne sɛ emufo dodɔ wɔn ho.Kenkan Yohane 13:35.

Nnipa a bere bi na wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu no, seesei Yehowa Nyankopɔn nam nokware som so reka wɔn bom.Dwom 133:1

Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu no, Bible na wɔde bɔ wɔn bra, na ɛno ara mu na wonya wɔn nkyerɛkyerɛ fi. (2 Timoteo 3:16) Nokware asomfo ma nkurɔfo hu Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Wɔbɔ dawuru ma nkurɔfo hu sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebeyi adesamma haw afi hɔ. (Daniel 2:44) Wɔma wɔn ‘kanea hyerɛn’ na wɔyɛ nneɛma pa ma nkurɔfo de suasua Yesu. (Mateo 5:16) Enti ade a ɛma nkurɔfo hu nokware Kristofo ne sɛ wɔkɔ afie mu kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.Kenkan Mateo 24:14; Asomafo Nnwuma 5:42; 20:20.