Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Ɛyɛ ampa sɛ Yesu nyanee awufo?

Yesu nyanee n’adamfo Lasaro a na wawu nnanan

Bible si no pi sɛ Yesu nyanee awufo. Saa nsɛm no nyɛ anansesɛm, efisɛ Bible kaa baabi pɔtee a Yesu nyanee awufo no ne bere a ɔnyanee wɔn. Baako ne asɛm a ɛsii afe 31 Y.B. ahohuru bere mu. Yesu ne nnipadɔm bi fii Kapernaum kɔɔ Nain. Wɔduu hɔ no, wɔhyiaa nnipa bebree, na Yesu nyanee obi a wawu. Yɛbɛtumi agye saa asɛm no adi efisɛ ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. Afei nso nnipa pii de wɔn ani hui.Kenkan Luka 7:11-15.

Bere bi nso, Yesu nyanee n’adamfo Lasaro a na wawu nnanan. Yɛbɛtumi agye saa asɛm no adi, efisɛ ɛno nso sii no, na nnipa pii wɔ hɔ.Kenkan Yohane 11:39-45.

Dɛn nti na Yesu nyanee awufo?

Nea enti a Yesu nyanee awufo ne sɛ na nnipa asɛm yɛ no mmɔbɔ. Afei nso ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ sɛ n’Agya a ɔyɛ Nkwamafo no ama no owu so tumi.Kenkan Yohane 5:21, 28, 29.

Awufo a Yesu nyanee wɔn no ma yɛn awerɛhyem sɛ nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ daakye no nyinaa bɛba mu. Ɔbɛnyane nnipa mpempem pii. Wɔn a ɔbɛnyane wɔn no bi yɛ wɔn a wɔnteɛ. Saafo no yɛ nnipa a na wɔnnim nokware Nyankopɔn no ansa na wɔrewu. Enti sɛ wɔnyane a, wɔbɛnya kwan asua Onyankopɔn ho ade na wɔadɔ no.Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15.