Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | HWANNOM NE YEHOWA ADANSEFO?

Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Tua Yɛn Adwuma no Ho Ka?

Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Tua Yɛn Adwuma no Ho Ka?

Afe biara yɛtintim Bible ne Bible ho nwoma ɔpepem pii kyekyɛ ma ɔmanfo. Yɛn adwumayɛbea ti no wɔ nkorabata wɔ wiase nyinaa; yɛsisi adan ne baabi a wɔtintim nwoma wɔ saa mmeae no. Asafo mpempem pii hyia wɔ yɛn adan a ɛyɛ korokorowa na ɛyɛ fɛ mu som. Yɛfrɛ adan no Ahenni Asa. Hwan na etua weinom nyinaa ho ka?

Obiara firi ne pɛ mu yi sika de boa yɛn adwuma no. (2 Korintofoɔ 9:7) Ɔwɛn-Aban a ɛtɔ so mmienu a wɔtintimii wɔ afe 1879 mu no kaa asɛm a ɛdi so yi: “Yɛgye di sɛ YEHOWA na ɔtaa ‘Zion’s Watch Tower’ [saa na na wɔfrɛ Ɔwɛn-Aban] no akyi, ne saa nti, yɛremmisa na yɛrensrɛ nnipa sɛ wɔmmoa yɛn da.” Yɛadi saa asɛm yi so abɛsi nnɛ.

Ebinom yi sika kɔma yɛn adwumayɛbea ti no nkorabata a ɛwɔ wɔn man mu no tẽẽ anaa wɔde to ntoboa adaka a ɛwɔ Ahenni Asa biara so no mu. Nanso, yɛnnyigye ntotoso dudu anaa kɔlɛhyen, na yɛn som adwuma no anaa nwoma ahorow no nso yɛnnye ho sika. Sɛ yɛkɔka asɛmpa no, yɛkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu, anaa yɛboa ma wɔsisi mmeae a yɛhyiam som a, wɔntua yɛn ka. Yesu kaa sɛ: “Monyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea no ti anaa ne nkorabata no, wɔntua wɔn ka. Saa ara nso na wɔn a wɔbom yɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuo no mufo nso, wɔntua wɔn ka.

“Wɔ Yehowa Adansefo dwumadi nyinaa mu no, wɔn ara na wɔfiri wɔn pɛ mu yi sika de boa wɔn som. Obiara si ne gyinae wɔ ‘ntoboa’ a ɔbɛyi ne mpɛn dodow a ɔbɛyi de aboa ne som no ho.”—Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So, 2011

Yɛde ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi no bi boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Tete Kristofo no ani gyee sɛ wɔnyaa hokwan boaa wɔn nuanom a na wɔakɔ ahokyere mu no. (Romafoɔ 15:26) Yɛn nso, yɛboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no; yɛsan sisi wɔn afie ne mmeae a wɔhyiam som no ma wɔn, yɛma wɔn nnuane ne ntade, na yɛhwɛ wɔn a wɔyare no nso.