Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyaatwom! Enti Da Bɛn na Ɛbɛfiri Hɔ?

Nyaatwom! Enti Da Bɛn na Ɛbɛfiri Hɔ?

PANAYIOTA nyinii wɔ supɔ bi a ɛwɔ Mediterranea Po so. Bere a ɔyɛ ababaa no, na n’ani gye amanyɔsɛm ho paa. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛwfo maa amanyɔkuo bi a na ɛwɔ ne kurom hɔ, na ɔkɔɔ nkurɔfo afie mpo kɔpɛɛ sika maa amanyɔkuo no. Ɛduu baabi no, ɔbɛhui sɛ animhwɛ, anibere, wantwiwantwi, ne ahoɔyaa ahyɛ amanyɔkuo no mu ma. Ná weinom nyinaa rekɔ so nanso na wɔka sɛ wɔyɛ abusua baako. Wei maa Panayiota abam bui.

Wɔwoo Daniel wɔ Ireland; abusua a wɔwoo no too mu no, na wɔmfa wɔn asɔrekɔ nni agorɔ koraa. Nanso sɛ ɔkae sɛnea na asɔre no mu asɔfo yɛ nyaatwom no a, ɛma ne werɛ ho paa. Ná asɔfo no ka kyerɛ no sɛ ɔyɛ bɔne a ɔbɛkɔ Ɔbonsam gya mu, nanso wɔn deɛ na wɔwe nsa, to kyakya, na na wɔwiawia asɔre no kɔlɛhyen.

Jeffery sii so no, ɔne adwumayɛkuo bi a ɛwɔ Amerika ne Britain na ɛyɛɛ adwuma. Ná n’adwuma ne sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama ahyɛn wuranom anya dwa. Ɔkaa sɛ, sɛ ahyɛn wuranom ne aban no reyɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma aban ne wɔn ayɛ adwuma a, mpɛn pii no ɛyɛ a wɔbu aban no fa so. Nea na ɛsi wɔn ani so ara ne sɛ aban no de adwuma no bɛma wɔn, enti wobɛhwɛ no na wɔreyɛ katasomuamuaso.

Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa nyɛ ade foforo, ɛtaa si paa. Ɛkame ayɛ sɛ nyaatwom abu so wɔ baabiara. Wobɛtumi ahu wɔ amanyɔsɛm mu, nyamesom mu, ne adwadie mu. Wei ma yɛhu sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nyaatwom” no fata. Hela kasa mu no, ɛkyerɛ obi a ɔtaa de biribi kata n’anim kasa kyerɛ nkurɔfo anaa ɔyi aseresɛm wɔ agohwɛbea. Akyiri yi, wɔde asɛmfua no gyinaa hɔ maa obi a ɔhyɛ da yɛ biribi de bu nkurɔfo fa so.

Sɛ obi yɛ nyaatwom a, ne su ne ne nneyɛe tumi ma nkurɔfo fa ne ho abufuo, na wɔnya ne ho menasepɔ. Sɛ nyaatwomni ma obi di amia a, onii no tumi de ahometew bisa sɛ: ‘Enti da bɛn na nyaatwom bɛfiri hɔ?’ Wo deɛ, ka wo koma to yam; Onyankopɔn Asɛm ma yɛhu sɛ nyaatwom bɛfiri hɔ.

ONYANKOPƆN NE YESU BU NYAATWOM SƐN?

Bible ma yɛhu sɛ nyaatwom fii ase akyɛ; ɛnyɛ nnipa na wɔhyɛɛ ase, na mmom ɔbɔfo bi. Nnipa asetena ahyɛase pɛɛ na Satan Ɔbonsam yɛɛ ne ho onipa pa faa ɔwɔ so daadaa Hawa, ɔbaa a ɔdi kan no. (Genesis 3:1-5) Ɛfiri saa bere no, nnipa pii nso ayɛ wɔn ho duaburoni adaadaa wɔn yɔnko nnipa abu wɔn afa so.

Bere a tete Israelfo de wɔn ho hyɛɛ atorosom mu na wɔyɛɛ wɔn ho sɛ wɔresom Onyankopɔn no, Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii. Yehowa Nyankopɔn nam odiyifo Yesaia so kaa sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛhyɛ me animuonyam, na wɔn akoma atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.” (Yesaia 29:13) Bere a Israelfo no bubuu nnua guu wɔn asom no, Onyankopɔn maa Babilonfo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie no wɔ afe 607 A.Y.B mu. Roma asraafo nso san bɛsɛee kuro no afe 70 mu. Wei ma yɛhu sɛ Onyankopɔn renhwɛ mma nyaatwom ntena hɔ daa.

Afei nso obiara a ɔtwe ne ho fi nnaadaasɛm ho na ɔnyɛ nyaatwom no, Onyankopɔn ne ne Ba Yesu nsi no fam koraa. Yɛtumi hu wei wɔ Yesu som adwuma ahyɛase pɛɛ. Bere a Yesu huu sɛ Natanael reba no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Israelni amapa a nnaadaa nni ne mu nie.” (Yohane 1:47) Natanael a wɔsan frɛ no Bartolomeo no bɛyɛɛ Yesu asuafo 12 no mu baako.—Luka 6:13-16.

Yesu nyaa bere maa n’akyidifo no, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea Onyankopɔn bu nyaatwom. Wei ma wɔhuu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nyaatwom. Yesu ani beree nyamesom akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so, na ɔkasa tiaa wɔn nyaatwom no. Yɛnhwɛ nneɛma a na wɔyɛ no bi.

Ná wɔyɛ wɔn “tenenee” wɔ nnipa anim. Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee wɔ nnipa anim sɛdeɛ wɔbɛhu mo; . . . sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no.” Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn adɔe nyɛ “kokoam deɛ,” kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma obiara hu. Sɛ wɔrebɔ mpae nso a, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no sɛnea nnipa bɛhu wɔn. Yesu kaa sɛ sɛ wɔyɛ saa a, wɔn som bɛyɛ papa na n’Agya ani bɛgye ho.—Mateo 6:1-6.

Ná wɔde wɔn ani si nkurɔfo mfomso so dodo. Yesu kaa sɛ: “Nyaatwomni! Di kan yi wo ara w’ani so mpuna no, na wobɛhunu sɛdeɛ wobɛyi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.” (Mateo 7:5) Obi wɔ hɔ a, ne mfomso kyɛn, nanso wobɛhwɛ no na watwe n’ano asi nkurɔfo deɛ ho. Ɛba saa a na wayɛ ne ho duaburoni; sɛnea nkurɔfo hu no no, ɛnyɛ saa na ɔte. Nea ɛwom ne sɛ, ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yɛnnuru Onyankopɔn animuonyam ho.’—Romafoɔ 3:23.

Ná adwemmɔne ahyɛ wɔn ma. Bere bi Farisifo asuafo ne Herode akyitaafo kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no toɔ ho asɛm. Wɔdɛfɛdɛfɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu.” Afei wɔbisaa Yesu asɛm de sum no afidie; wɔbisaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?” Yesu buaa wɔn sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ?” Adɛn nti na Yesu frɛɛ wɔn nyaatwomfo? Ɔfrɛɛ wɔn saa efisɛ na ɛnyɛ mmuaeɛ papa biara na wɔrepɛ, na mmom na wɔpɛ sɛ wɔfa Yesu ‘nsɛm a ɔka so nya no.’—Mateo 22:15-22.

Nokware Kristofo wɔ “ɔdɔ a ɛfiri akoma a emu teɛ, ahonim pa ne gyidie a nyaatwom nnim.”—1 TIMOTEO 1:5

Bere a Kristofo asafo no fii ase wɔ Pentekoste afe 33 no, Kristofo asafo no bɛyɛɛ baabi a nokware mpa hɔ da. Ná ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bɔ mmɔden yi nyaatwom biara fi wɔn mu. Afotuo bi a Petro, asomafo 12 no mu baako de maa Kristofo no ma yɛhu saa. Ɔkaa sɛ: ‘Wɔnyɛ aso mma nokorɛ no mfa onuadɔ a nyaatwom nnim nnodɔ wɔn ho.’ (1 Petro 1:22) Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ ne mfɛfo adwumayɛfo sɛ wɔnnya “ɔdɔ a ɛfiri akoma a emu teɛ, ahonim pa ne gyidie a nyaatwom nnim.”—1 Timoteo 1:5.

ONYANKOPƆN ASƐM WƆ TUMI

Sɛ yɛkenkan Yesu ne asomafo no nsɛm a ɛwɔ Bible mu no a, yɛhu sɛ tumi a na ɛwɔ mu saa bere no, ɛnnɛ nso, ɛnsesae. Wei maa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛtumi hwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na ɛtumi hunu akomam adwene ne nsusuiɛ.” (Hebrifoɔ 4:12) Nnipa pii a wɔasua Bible na wɔde emu nsɛm abɔ wɔn bra no atumi ayi nyaatwom akwa, na seesei wɔka nokware. Yɛnsan nhwɛ nnipa mmiɛnsa bi a yɛkaa wɔn ho asɛm ahyɛase no.

“Mehuu sɛ nkurɔfo no wɔ ɔdɔ mapa na wɔdwene nnipa ho.”—PANAYIOTA

Bere bi Panayiota penee so sɛ ɔbɛkɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ wɔn Ahenni Asa so, na nea ɔkɔhuu wɔ hɔ no boaa no ma ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asetenam. Ɔkɔe no, wanhu sɛ obiara ayɛ ne ho kuntann sɛnea ɛbɛma afoforo ahu no. Ɔka sɛ: “Mehuu sɛ nkurɔfo no wɔ ɔdɔ mapa na wɔdwene nnipa ho. Ná mayɛ amanyɔsɛm mfe pii, nanso na menhuu biribi a ɛte saa da.”

Panayiota fii ase suaa Bible no, na wannyae kɔsii sɛ ɔbɔɔ asu. Wei sii no, mfe 30 ni, na seesei ɔka sɛ: “Kan no na mekɔ afie afie kɔyɛ amanyɔsɛm, nanso saa bere no na menni anigye biara. Bere a mehyɛɛ ase kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no, saa bere no na mehuu sɛ mewɔ anigye. Ahenni no nko ara na ɛbɛtumi atoto nneɛma yie wɔ wiase.”

“Mehwɛ sɛnea me nuanom Kristofo bu me nipa pa nanso saa bɔne no hyɛ me ho no a, na ɛyɛ me yaw paa.”—DANIEL

Daniel nso nyaa nkɔso wɔ Kristofo asafo no mu, na wɔde nnwuma bi hyehyɛɛ ne nsa. Nanso ɛduu baabi no, ɔdii mfomso bi maa ne tiboa fii ase ne no koe. Ɔkaa sɛ: “Mekaee nyaatwom a na ɛkɔ so wɔ baabi a na mekɔ asɔre no. Enti nea na mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mede adwuma a na ɛhyɛ me nsa wɔ Kristofo asafo no mu no bɛto hɔ. Mehwɛ sɛnea me nuanom Kristofo bu me nipa pa nanso saa bɔne no hyɛ me ho no a, na ɛyɛ me yaw paa.”

Anigyesɛm ne sɛ, bere bi akyi no Daniel tee nka sɛ ne tirim ayɛ no fann enti ɔbɛtumi asan ayɛ adwuma a na ɛhyɛ ne nsa wɔ Kristofo asafo no mu bio. Wɔsan de maa no no, ɔsɔɔ mu yɛe. Nea Daniel yɛe no Onyankopɔn asomfo nko ara na wɔbɛtumi ayɛ saa, efisɛ wɔnyɛ nyaatwom. Wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyi mpuna no’ afiri wɔn ani so ansa na ‘wɔayi ntɛtɛ’ a ɛda wɔn nua ani so ama no.

“Mebɛhuu sɛ sɛnea na m’ano yɛ dɛ, na metumi de m’ano fa nkurɔfo ho nya adwuma ma ahyɛn wuranom no, na ɛsɛ sɛ megyae. Bible mu asɛm . . . kaa me paa.—JEFFERY

Yɛahu sɛ Jeffery sii so no, ɔne adwumakuo bi yɛɛ adwuma mfe pii. Ɔka sɛ: “Bere a meredɔ Bible mu asukɔ no, mebɛhuu sɛ sɛnea m’ano yɛ dɛ, na metumi de m’ano fa nkurɔfo ho nya adwuma ma ahyɛn wuranom no, na ɛsɛ sɛ megyae. Bible mu asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 11:1 no kaa me paa. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Nsisie nsania yɛ Yehowa akyiwadeɛ.’” Enti sɛ Jeffery ne ne nuanom Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo reyɛ ade a, ɔnsuasua wɔn a wɔkɔbisaa Yesu toɔ ho asɛm no. Saa nkurɔfo no deɛ, na adwemmɔne ahyɛ wɔn ma.

Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu asɛm bɛbɔ wɔn bra. Wɔyere wɔn ho paa sɛ ‘wɔbɛhyɛ nipasu foforɔ a wɔbɔɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ wɔ nokorɛ tenenee ne nokorɛdie pintinn mu no.’ (Efesofoɔ 4:24) Ɛbɛyɛ yie a, bɔ mmɔden bɛn Yehowa Adansefo na hu nnipa ko a wɔyɛ, ne nea wɔgye di. Afei ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wobɛtumi asua wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho ade. Saa wiase foforo no mu no, ‘adetenenee’ nko ara na ɛbɛkɔ so, na nyaatwom deɛ ɛbɛfiri hɔ.—2 Petro 3:13.