Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Wohwɛ a, yɛbɛtumi ahu Onyankopɔn ho nokwasɛm?

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhu ne ho nokwasɛm? Kenkan Yohane 17:3

Onyankopɔn aka ne ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Ɔnam ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no so de ne nsɛm hyɛɛ Bible akyerɛwfo no adwenem. (2 Petro 1:20, 21) Sɛ yɛkenkan Bible a, yɛbɛtumi ahu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho.—Kenkan Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16.

Wokenkan Bible a, wobɛhu sɛ Onyankopɔn aka ne ho nsɛm pii akyerɛ yɛn. Waka nea enti a ɔbɔɔ nnipa, nea ɔbɛyɛ ama adasamma, ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra nyinaa akyerɛ yɛn. (Asomafoɔ Nnwuma 17:24-27) Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛhu ne ho nokwasɛm.—Kenkan 1 Timoteo 2:3, 4.

Sɛ obi pɛ nokware a, adɛn nti na Onyankopɔn ani gye ne ho?

Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn, na ɔsomaa ne Ba Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛkyerɛ nnipa nokware no. Enti obiara a n’ani gye nokware no ho no tumi ka kɔ Yesu ho. (Yohane 18:37) Saafo no na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔsom no.—Kenkan Yohane 4:23, 24.

Satan Ɔbonsam ama Onyankopɔn ho atosɛm adɔɔso, wei nti nnipa pii ntumi nsua Onyankopɔn ho nokwasɛm. (2 Korintofoɔ 4:3, 4) Nnipa a wɔmpɛ adepa no, wɔn deɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ wɔn dɛ. (Romafoɔ 1:25) Nanso nnipa mpempem pii a wɔpɛ adepa resua Bible na ama wɔahu Onyankopɔn ho nokwasɛm.—Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 17:11.