Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI ASUA BIBLE ATE ASE

Bible Yɛ Nwoma a Wobɛtumi Asua Ate Ase

Bible Yɛ Nwoma a Wobɛtumi Asua Ate Ase

Bible yɛ nwoma a akyɛ paa. Adi mfe sɛn? Bɛyɛ mfe 3,500 nie na wɔfirii ase kyerɛwee Bible no, na wɔfirii ase wɔ Middle East. Saa bere no ara nso, na Shang adehye abusua a ɛwɔ China no redi ade, na ɛdii bɛyɛ mfe 1,000 ansa na Buddhasom nso refiri ase wɔ India.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Bible Ho Nsɛm Bi.”

Bible de asetena mu nsɛm a ɛho hia paa ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom ma

Sɛ nkurɔfo bɛtumi anya nwoma bi so mfaso ma aboa wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔtumi kenkan te ase. Saa pɛpɛɛpɛ na Bible te; wobɛtumi akenkan ate ase. Ɛde asetena mu nsɛm a ɛho hia paa ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom ma.

Woabisa asɛm bi te sei pɛn: ‘Adɛn nti na yɛwɔ asase so ha?’ Saa asɛm no ahaw nnipa adwene mfe bebree. Nanso, sɛ wokenkan Bible no wɔ Genesis ti baako ne ti mmienu a, wobɛnya ho mmuaeɛ. Wohwɛ hɔ a, wobɛhu sɛ Bible ka “mfitiaseɛ” ho asɛm. Saa “mfitiaseɛ” no kyerɛ mfe ɔpepepem pii a abɛsen kɔ, na saa bere no na wɔbɔɔ nsoromma akuo ahorow, asase, ne nsoromma. (Genesis 1:1) Afei nso ɛkyerɛ ɔkwan a wɔfaa so siesiee asase no nkakrankakra ne sɛnea wɔbɔɔ nnipa ne abɔde afoforo a nkwa wom. Ɛsan kyerɛ nea enti a wɔbɔɔ weinom nyinaa.

WƆAKYERƐW BIBLE NO SƐ YƐNSUA NTE ASE

Yɛhyia ɔhaw wɔ asetenam a, Bible mu afotuo tumi boa yɛn. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛte afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no ase. Yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi a ɛboa ma yɛte Bible mu afotusɛm ase.

Nea ɛdi kan no, Bible no nka nsɛm a wonhu ne ti ne ne nkɔn, na mmom nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, emu da hɔ, asete nyɛ den na ntease nso wom. Sɛ ɛrekyerɛkyerɛ biribi a ɛyɛ den mu a, ɛde nsɛmfua a obiara bɛtumi ate ase na ɛyɛ adwuma.

Sɛ wohwɛ Yesu nkyerɛkyerɛ sei a, ɔde nneɛma a nnipa nim na ɛyɛɛ mfatoho, na ɛkaa wɔn koma. Mfatoho a ɛte sei nyɛ na wɔ Yesu Bepɔ so Asɛnka a ɛwɔ Mateo ti 5 kɔsi 7 no mu. Bible nkyerɛkyerɛmufo bi kaa sɛ, ɛyɛ “asɛm a yɛbɛtumi de abɔ bra na ɛnyɛ sɛ ɛbɛma yɛanya nimdeɛ kɛkɛ.” Woka sɛ worekenkan Yesu asɛm no a, wobɛtumi de simma 15 kɔsi 20 akenkan awie, na wobɛhu sɛ nsɛm no nyɛ kyenkyenenn nanso tumi wom paa.

Nea ɛtɔ so mmienu, nneɛma a Bible ka ho asɛm no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte ase. Bible nyɛ anansesɛm nwoma. Nwoma bi mpo ka sɛ Bible ka “nnipa akɛse ne mpapahwekwaa nyinaa ho asɛm.” Ɛka wɔn “akosɛm anaa wɔn abrabɔ mu nsɛm, wɔn nkogudi, wɔn nkonimdi ne wɔn anidaso” ho nsɛm. (The World Book Encyclopedia) Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no, sɛ wokenkan wɔn ho asɛm a, wobɛhu sɛ wɔte sɛ yɛn ara na yɛbɛtumi asua nneɛma pii afiri wɔn hɔ.—Romafoɔ 15:4.

OBIARA NSA BƐTUMI AKA BI

Sɛ wokan nwoma bi wɔ wo ara wo kasa mu a, ɛyɛ a wotumi te ase paa. Ɛnnɛ, baabi a obi fi biara ɔbɛtumi anya Bible no bi wɔ ɔno ara ne kasa mu. Wo deɛ ma yɛnhwɛ nneɛma bi a atumi aboa ama yɛanya Bible wɔ kasa ahorow mu.

Bible Asekyerɛ. Kasa ahorow a wɔdii kan de kyerɛwee Bible no ne Hebri, Aram ne Hela. Enti wɔn a wɔtumi kenkan saa kasa ahorow yi nko ara na na wɔbɛtumi akenkan Bible no. Nnipa bi a wɔwɔ koma pa yeree wɔn ho paa kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa afoforo mu. Wɔn mmɔdenbɔ anyɛ kwa; ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa ahorow 2,700 mu. Wei kyerɛ sɛ sɛ yɛyi nnipa 10 biara a, emu nkron bɛtumi anya Bible no nyinaa anaa ne fã bi akenkan wɔ kasa a wɔde twaa wɔn funuma mu.

Bible no a Wɔtintim. Wɔdii kan kyerɛwee Bible no wɔ biribi te sɛ mmoa nwoma ne mmɛw krataa so. Saa nneɛma yi, ɛreyɛ ara ni na asɛe. Nea ɛbɛyɛ na wɔakora so ama nkyirimma no, nkurɔfo too wɔn bo ase hwɛɛ nea ɛdi kan no so de wɔn nsa kyerɛwee bi. Ná ne boɔ yɛ den, enti nnipa kakraa bi na na wɔtumi tɔ bi. Nanso bɛboro mfe 550 a atwam no, Gutenberg yɛɛ afidie a wɔde tintim nwoma. Wei maa wɔtumi tintim Bible no pii, na nnipa pii nsa kaa bi. Akontaabuo bi kyerɛ sɛ Bible a wɔakyekyɛ no bɛboro ɔpepepem nnum.

Yɛhwɛ sɛnea wɔakyerɛ Bible ase na wɔatintim no pii no a, yɛrentumi mfa nyamesom nwoma biara ntoto ho. Biribiara kyerɛ sɛ wɔakyerɛw Bible no sɛ yɛnkenkan nte ase. Yɛreka yi, ɛnyɛ bere nyinaa na ne ntease da fam, nanso mmoa wɔ hɔ. Ɛhe na wobɛtumi anya saa mmoa yi? Wobɛyɛ dɛn anya so mfaso? Asɛm a ɛdi hɔ no bɛma woanya ho mmuaeɛ.