Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho—Video Ahorow

Sua sɛnea wobɛkenkan ade na woakyerɛkyerɛ wɔ baguam.

ADESUA 1

Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Sɛ wopɛ sɛ w’atiefo yɛ aso tie wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

ADESUA 2

Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Sɛ worekasa akyerɛ w’atiefo a, wobɛyɛ dɛn ama wɔn koma atɔ wɔn yam?

ADESUA 3

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Sɛn na wode nsɛmmisa bɛboa w’atiefo ama wɔasusuw asɛm bi ho, wɔde anigye atie nea woreka, na woasi nsɛntitiriw so dua?

ADESUA 4

Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye

Ansa na wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi no, dɛn na wobɛyɛ de asiesie w’atiefo no adwene na ama wɔanya so mfaso?

ADESUA 5

Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

Sɛ yɛrekenkan ade ama apue yɛn ano a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakenkan nea wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ?

ADESUA 6

Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ

Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, wobɛyɛ dɛn aboa w’atiefo ma wɔahu nea enti a wokenkanee?

ADESUA 7

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ worenkyinkyim nokwasɛm a ɛwɔ nea woreka no mu. Wobɛyɛ no sɛn?

ADESUA 8

Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Sɛnea Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no yɛe no, wobɛyɛ dɛn de mfatoho akyerɛkyerɛ yiye?

ADESUA 9

Fa Mfoni Di Dwuma Ɔkwampa So

Wobɛyɛ dɛn de mfoni ahorow akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu ama emu ada hɔ na atiefo ate ase?

ADESUA 10

Sakra Wo Nne

Sɛ worekasa akyerɛ w’atiefo a, wobɛyɛ dɛn asakra wo nne na ama wo nsɛm mu ada hɔ na akanyan atiefo no nkate?

ADESUA 11

Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew

Wobɛyɛ dɛn ama wo kasa mu ayɛ hyew ma akanyan w’atiefo na apusuw wɔn?

ADESUA 12

Dwen W’atiefo Ho Na Da Tema Adi

Wobɛyɛ dɛn ama w’atiefo ahu sɛ wudwen wɔn ho, na wowɔ tema ma wɔn?

ADESUA 13

Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ asɛm bi mu ama w’atiefo ahu asuade a ɛwom no na akanyan wɔn ama wɔayɛ w’asɛm no ho biribi?

ADESUA 14

Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm a woreka no mu da adi a, ɛbɛma w’atiefo ayɛ aso atie nea woreka no, wɔbɛte ase, na wɔbɛkae.

ADESUA 15

Fa Ahotoso Kasa

Sɛ worema ɔkasa anaa wowɔ asɛnka mu a, wobɛyɛ dɛn de ahotoso akasa?

ADESUA 16

Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Sɛ yɛrekasa a, nneɛma mmiɛnsa bɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛn nsɛm ahyɛ yɛn atiefo den, na aboa wɔn ama wɔatumi agyina wɔn haw ahorow ano?

ADESUA 18

Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

Ɛsɛ sɛ wokanyan w’atiefo ma wodwen asɛm a woreka no ho, na wokyerɛ wɔn biribi a ɛso bɛba wɔn mfaso. Wobɛyɛ no sɛn?

ADESUA 19

Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Wobɛyɛ dɛn akanyan w’atiefo ama wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ nneɛma pa?

ADESUA 20

Ma Nsɛm a Wode Bewie No Ntu Mpɔn

Sɛ worekyerɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam ase oo, asɛnka mu oo, nsɛm a wode bewie no, sɛn na ɛsɛ sɛ woka no?

Ebia W'Ani Begye Wei Nso Ho

NHOMA NE NHOMAWA

Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho

Wɔayɛ nhoma yi sɛ ɛmmoa wo na tu mpɔn wɔ baguam akenkan, ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu.